Marko 1 - Apam FoforɔSuboni Yohane Asɛnka 1 Yesu Kristo, Nyankopɔn Ba he asɛmpa mfitiaseɛ. 2 Sɛnea diyifoɔ Yesaia atwerɛ he, “Hwɛ, meesoma me bɔfoɔ adi w’anim, asiesie wo kwane. 3 Nea ɔɔteam serɛ so he dɛ, ‘Siesie Awurade kwane, ma N’akwane ntene.’ ” 4 Suboni Yohane baa serɛ he so a, na ɔpaee mu kaa adwensakra ho asubɔ a ɔde kɔ bɔne fakyɛ mu. 5 Na Yuda asaase sofoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa kɔɔ ne nkyɛne, na bɛkaa bɛ bɔne ma ɔbɔɔ bɛ asu asubɔntene Yordan mu. 6 Na Yohane hyɛ ataadeɛ a bɛde yoma ho nwii ayɔ, na ɔde aboomu a bɛde aboa nwoma ayɔ abɔ n’asene, na n’aduane a odi ne mmɛbɛ ne wuram woɔ. 7 Ɔpaem kaa sɛ, “Nea ɔwɔ tumi kyɛne me di m’akyi a ɔɔba. Memfata sɛ mɛkoto asane ne mpaboa ahoma mpo. 8 Me deɛ mede nsuo ne abɔ ho asu; na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron ne bɛbɔ ho asu.” Yohane Bɔɔ Yesu Asu 9 Saa nna he mu he, Yesu firi Nasaret a ɔya Galilea baeɛ, na Yohane bɔɔ no asu Yordan mu. 10 Na oofiri nsuo he mu apie heaa, ohuu soro sɛ abie a na Honhom he oosiane sɛ abuburo ɔɔba ne so. 11 Na nne bi firi soro kaa sɛ, “Wone me dɔba he; wo ne wosɔ m’ani!” Bronsam Sɔɔ Yesu Hwɛeɛ 12 Na amonom hɔaa, Honhom he hwimm no kɔɔ serɛ he so. 13 Odii adaduannan serɛ he so, Satan sɔɔ no hwɛeɛ; ɔne wuram mmoa tenaeɛ; na abɔfoɔ som no. Dwumadie a Yesu dii no Galilea he Mfitiaseɛ ( Mateo 4:12-17 ; Luka 4:14-15 ) 14 Afei berɛ a bɛkyee Yohane akyi he, Yesu baa Galilea, na ɔpaem kaa asɛmpa a ofiri Nyankopɔn he 15 sɛ, “Berɛ he awie duru, na Nyankopɔn ahennie he abɛne; honsakra ho adwene na honye asɛmpa he nni.” Yesu Frɛɛ N’asuafoɔ a Bedi kane he 16 Na Yesu nam Galilea po ho he, ohuu Simon ne Andreo a ɔyɛ Simon nua sɛ beegu asau po he mu efiri sɛ na bɛyɛ apofofoɔ. 17 Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honni m’akyi na mɛma hoayɛ nnipayifoɔ.” 18 Na amonom hɔaa begyaa bɛ asau hɔ dii n’akyi. 19 Na ɔkɔɔ animu kakra he, ohuu Sebedeo ba Yakubu ne ne nua Yohane, na bɛ te bɛ kodoɔ mu a bɛɛkora bɛ asau. 20 Amonom hɔaa, ɔfrɛɛ bɛ, na begyaa bɛ papa Sebedeo ne apaafoɔ he ne kodoɔ he hɔ bedii n’akyi. Beema bi a na Honhommɔne ya ne mu ( Luka 4:31-37 ) 21 Na bekoduru Kapernaum kurom. Na homeda duruiɛ he, ntɛmaa Yesu kɔɔ hyiadane he mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. 22 Ne nkyerɛkyerɛ he yɛɛ bɛ nwanwa, esiane sɛ ɔde tumi paa ne kasaeɛ, na wankasa sɛ atwerɛfoɔ he. 23 Saa berɛ heaa na beema bi a ɔwɔ honhom fi ya hyiadane he mu, 24 na ɔteaam sɛ, “Ɛɛne ne yɛne wo wɔ yɔ, Nasareni Yesu? Wobaa sɛ woobɛsɛe yɛ anaa? Menim wo, Nyankopɔn Kronkronni.” 25 Na Yesu teateaa no kaa sɛ, “Ka wo ano tom, na firi ne mu kɔ!” 26 Na honhom fi he maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaam, na ofirii ne mu kɔeɛ. 27 Na yei yɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ma bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ: “Abɛ di? Nkyerɛkyerɛ foforɔ a tumi yam! Ɔhyɛ ahonhom fi mpo na betie no.” 28 Na ne ho asɛm firii hɔ trɛɛ ntɛm kɔɔ nsaase a atwa Galilea ho ahyia nyinaa so. Yesu saa nnipa bebree yadeɛ Simon fie ( Mateo 8:14-17 ; Luka 4:38-41 ) 29 Na befirii hyiadane he muaa pɛ, bɛ ne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andreo fie. 30 Na Simon asebaa yare abunu da hɔ. Na ntɛmaa bɛkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31 Na ɔba bɛsɔɔ ne nsa maa no so, na abunu he gyaeɛ, na ɔhyɛɛ aseɛ yɔɔ bɛ ahohoyɛ. 32 Na saa da he anwummerɛ berɛ a awia kɔtɔeɛ he, bɛde bɛ a bɛyare anaa bɛwɔ ahonhommɔne nyinaa braa no. 33 Na kuro mũ he nyinaa behyiaa pono he ano. 34 Na ɔsaa nnipa bebree a bɛyare nyarewa ahodoɔ yadeɛ, na otutuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne he kwane amma bɛnkasa, efiri sɛ na benim no. Yesu asɛnka dwumadie a odii no Galilea ( Luka 4:42-44 ) 35 Anɔpa a animu nteteeɛ he, Yesu sɔre kɔhyɛɛ kokoam baabi, na ɔbɔɔ mpaeɛ hɔ. 36 Na Simon ne ne nnamfonom tii no. 37 Behuu no he, bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Biaa ɔɔhwehwɛ wo.” 38 Obuaa sɛ, “Homma yɛnkɔ nkuro a ɔbembɛne yi mu na menkɔka asɛmpa he hɔ nso; na ɔno ne adwuma a mebaa sɛ meebɛyɔ.” 39 Na ɔkɔɔ Galilea nyinaa kɔkaa asɛmpa he ya bɛ hyiadane ahodoɔ mu, na otutuu ahonhommɔne. Yesu saa Kwatani bi Yadeɛ ( Mateo 8:2-4 ; Luka 5:12-16 ) 40 Kwatani bi baa ne nkyɛne bebuu nkotodwe srɛɛ no sɛ, “Sɛ wopɛ a, wobetumi ama me ho afiri.” 41 Na Yesu nyaa tema maa no, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mepɛ, wo ho mfiri.” 42 Amonom hɔaa, kwata he kɔeɛ, na ne ho firiiɛ. 43 Na ogyaa no kwane ntɛm so braa no keteee 44 ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka hwee ankyerɛ biaa, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na tua w’ahofire aboadeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adanseɛ mma bɛ.” 45 Nso ofirii adi, na ɔhyɛɛ aseɛ kekaa ho asɛm, ma ɔtrɛɛ maa afei deɛ Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biaa mu bio, na ɔtenaa nkuro agya, na nnipa firii mmeammea baa ne nkyɛne. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana