Luka 9 - Apam FoforɔYesu somaa asuafoɔ dummienu he ( Mateo 10:1-15 ; Marko 6:7-13 ) 1 Afei Yesu frɛɛ dummienu he nyinaa maa bɛ ahoɔdene ne tumi a bɛde betutu ahonhommɔne nyinaa na bɛde bɛsa yadeɛ nso. 2 Na ɔsomaa bɛ sɛ bɛnkɔ pae mu nka Nyankopɔn ahennie he ho asɛm na bɛnsa yadeɛ, 3 na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommfa hwee ntu kwane he, hommfa poma anaa bɔtɔ, paanoo anaa sika; hommfa ntaadeɛ nhyɛaseɛ mmienu nso. 4 Na fie biaa a hobɛhyɛne mu he, hontena hɔ kosi sɛ hobefiri hɔ akɔ. 5 Na baabiaa a nnipa annye ho he, sɛ hoofiri kuro he mu akɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ ma ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ hoapo bɛ.” 6 Yei akyi he, besiim kɔɔ nkuraa ase, kaa asɛmpa he na bɛsaa nyarewa baabiaa. Herode pɛɛ sɛ ohu Yesu ( Mateo 14:1-2 ; Marko 6:14-16 ) 7 Na Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he tee nnoɔma a ɔɔkɔ so he nyinaa, na ne tim yɛɛ no kesenenee, efiri sɛ na binom ɔɔkeka sɛ bɛanyane Yohane afiri awufoɔ mu, 8 na binom nso dɛ Elia aba, na afoforɔ nso dɛ tete adiyifoɔ he mu bi asɔre. 9 Herode kaa sɛ. “Maatwa Yohane ti. Afei hwane ne meetete ne ho asɛm sei yi?” Nti ɔhwehwɛɛ sɛ obehu no. Yesu maa nnipa mpemnum aduane ( Mateo 14:13-21 ; Marko 6:30-44 ; Yohane 6:1-13 ) 10 Na berɛ a asomafoɔ he sane baeɛ he, bɛkaa nnoɔma a bɛayɔ he kyerɛɛ Yesu. Nti ɔne bɛ twee bɛ ho kɔhyɛɛ kokoam baabi, kuro bi a bɛfrɛ no Betsaida mu. 11 Nso berɛ a nnipadɔm he huiɛ he, bedii n’akyi. Na ɔgyee bɛ fɛ so firii aseɛ kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm kyerɛɛ bɛ, na ɔsaa bɛ a bɛyare he yadeɛ. 12 Afei na adeɛ ɔɔsa. Na dummienu he ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gya nnipadɔm yi kwane na ama bɛatumi akɔ nkuraa-nkuraa a atwa ahyia he ase akɔpɛ daberɛ ne nnoɔma a behia, efiri sɛ baabi a yɛya yi mmɛne fie.” 13 Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma bɛ bibi nni.” Bɛkaa sɛ, “Yenni hwee sɛ paanoo num ne nkyenam mmienu, gye sɛ ebia yɛ ankasa yɛkɔtɔ aduane bra nnipa yi nyinaa.” 14 Na bɛbɛyɛ mmeema mpemnum. Nso ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Homma bɛtenatena ase akuoakuo bɛyɛ aduonum aduonum.” 15 Na bɛyɔɔ saa maa bɛ nyinaa bɛtenatenaa ase. 16 Afei Yesu faa paanoo num ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro hyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ he sɛ bɛmfa nsisi nnipa akuoakuo he anim. 17 Nti bɛ nyinaa bedidi meeɛ, na berɛ a bɛsesaa aseɛ mproprowa he, benyaa nkɛntɛne dummienu ma ma. Petro paee mu kaa sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn Ba ( Mateo 16:13-28 ; Marko 8:27—9:1 ) 18 Afei berɛ a na Yesu nkoaa hyɛ baabi ɔɔbɔ mpaeɛ he, asuafoɔ he baa ne nkyɛne, na obisaa bɛ sɛ, “Nnipakuo he, bɛdɛ me ne hwane?” 19 Bebuaa sɛ, “Binom dɛ woyɛ Yohane Suboni; na binom dɛ woyɛ Elia, na binom nso dɛ woyɛ tete adiyifoɔ he mu baako a wasɔre.” 20 Afei obisaa bɛ sɛ, “Na ho nso hodɛ me ne hwane?” Petro buaa sɛ, “Wone Kristo a ofiri Nyankopɔn nkyɛne he.” Yesu hyɛɛ ne wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔm 21 Na Yesu braa bɛ ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa, 22 na ɔkaa sɛ, “Otwa sɛ Nipa Ba he hu amaneɛ pii na mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no, na beku no, na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.” Ahopakyie 23 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ nyinaa sɛ, “Sɛ bi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, ɔmfa n’asennua na onni m’akyi daa. 24 Na biaa a ɔpɛ sɛ ne nsa ka ne kra he, ne kra bɛhwere no; nso biaa a me nti ɔbɛhwere ne kra he, bɛbɛgye no nkwa. 25 Sɛ nipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa a abɛ mfasoɔ koraa ne ya so? 26 Na biaa a ɔbɛma n’ani awu me ne m’asɛm ho he, ɔno nso ho bɛyɛ nipa Ba he aniwuo berɛ a mede m’Agya animuonyam bɛba, a abɔfoɔ kronkron ka me ho he. 27 Nɔkwasɛm, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛ a begyina ha yi mu bi ya hɔ a bɛnka wuo nhwɛ da kosi sɛ bebehu Nyankopɔn ahennie he.” Yesu animuonyam hyerɛn ( Mateo 17:1-9 ; Marko 9:2-9 ) 28 Na afei, nsɛm yi akyi bɛyɛ nnanwɔtwe he, Yesu faa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho foro kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ. 29 Na ogu so ɔɔbɔ mpaeɛ he, n’anim tebea sakraeɛ na n’ataadeɛ yɛɛ fitaa hyerɛnhyerɛn. 30 Na afei hwɛ, mmeema mmienu ne no bɛkasaeɛ. Saa mmeemaa mmienu yi ne Mose ne Elia. 31 Yeinom yii bɛ ho adi animuonyam mu, na bɛkaa ne wuo a otwa sɛ owu Yerusalem he ho asɛm. 32 Na aaka Petro ne bɛ a bɛka ne ho he; na berɛ a bɛ ani so tetee bɛ he, behuu n’animuonyam he ne mmeema mmienu a bɛ ne no gyina hɔ he. 33 Na berɛ a yeinom oogya ne hɔ akɔ he, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ɔyɛ sɛ yɛya ha, nti ma yensi apata mmeɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako,” na ɔno deɛ na onnim nea ɔɔka. 34 Na berɛ a ɔɔkasa he, mununkum bi ba bɛkataa bɛ so. Berɛ a bɛhyɛ mununkum he mu he, besuroeɛ. 35 Na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ. “Yei ne me Ba, nea m’ayi no he, hontie no.” 36 Na nne he baeɛ akyi he, behuu Yesu nkoaa. Nso bɛyɛɛ komm a bɛanka nea behuiɛ yi mu biaa ho asɛm ankyerɛ biaa saa nna he mu. Abɔfra twafoɔ bi ayaresa ( Mateo 17:14-23 ; Marko 9:14-32 ) 37 Na ɔbaa sɛ adeɛ kyeeɛ he, berɛ a befiri bepɔ he so sianeeɛ he, nnipadɔm bi behyiaa no. 38 Na hwɛ, beema bi firi nnipadɔm he mu teaam sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo hwɛ me ba yi, efiri sɛ ɔyɛ me ba koro pɛ, 39 na hwɛ, honhom bi ba ne so, na ɔteaam prɛko pɛ, na otwa no hwe fam sensene no ma n’ano pu ahuro, na obu fa so, na ɔha no kyɛre paa ansa na wafiri ne so. 40 Na mesrɛɛ w’asuafoɔ he sɛ bentu honhom he mfiri ne so, nso bɛantumi.” 41 Yesu buaa sɛ, “Ho saa awoɔ ntoatoasoɔ kontonkyi a honni gyidie, me ne ho ntena na mennya ho ho aboterɛ nkosi da bɛne? Fa wo ba he bra ha.” 42 Na abeemaa he ɔɔbɛne Yesu he, honhommɔne he ma otwa hwee fam na ɔsensenee dendenndene. Nso Yesu kaa honhom fĩ he anim, na ɔsaa abeemaa he yadeɛ de no maa ne papa. Yesu hyɛɛ ne yima ne ne wuo ho nkɔm 43 Afei bɛ nyinaa bɛho dwirii bɛ Nyankopɔn tumi kɛseɛ he ho. Na berɛ a nnoɔma a ɔyɔeɛ he nyinaa yɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri he, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ: 44 “Honwɛne ho aso ntie saa nsɛm yi, na otwa sɛ beyi Nipa Ba he hyɛ adasamma nsa.” 45 Nso bɛante saa asɛm yi ase, efiri sɛ na bɛde ahinta bɛ na bɛanhu mu, nso na besuro sɛ bebebisa no asɛm yi ho nkyerɛmu. Ahobrɛaseɛ ne nuadɔ ( Mateo 18:1-5 ; Marko 9:33-40 ) 46 Afei akyinyegyeɛ bi sɔree asuafoɔ he mu a na ɔfa deɛ ɔbɛyɛ bɛ mu kɛseɛ ho. 47 Berɛ a Yesu huu bɛ akoma mu nsusuiɛ he, ɔfaa abɔfra kumaa bi de no gyinaa ne nkyɛne; 48 na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Biaa a ɔbɛgye abɔfra yi me dini mu he, na waagye me nso, na biaa a ɔbɛgye me he, na waagye nea ɔsomaa me he nso. Na nea ɔyɛ ne ho kumaa ya ho nyinaa mu he, ɔno ne bɛyɛ kɛseɛ paa.” 49 Yohane buaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yehuu bi a na ɔde wo dini ootu ahonhommɔne na yɛbɔɔ mmɔdene sɛ yebesi no kwane, efiri sɛ ɔnyɛ wo kyidifoɔ.” 50 Nso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Honnsi no kwane, efiri sɛ nea ɔnsɔre ntia ho he ya ho afã.” Samariafoɔ atimuɔdenfoɔ 51 Berɛ a nna he ɔɔbɛne ama bɛafa Yesu akɔ soro he, ɔde sii n’ani so dendenndene sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Nti otuu abɔfoɔ dii n’anim. Na besii kwane so kɔɔ Samariafoɔ akuraa bi ase sɛ beekosiesie hɔ ama no; 53 nso bɛannye no, efiri sɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem. 54 Berɛ a Yakobo ne Yohane a bɛ nso bɛyɛ Yesu asuafoɔ he huu yei he bebisaa sɛ, “Awurade, wopɛ sɛ yɛhyɛ ma gya firi soro bɛtɔre bɛ ase?” 55 Nso ɔdane n’ani kaa bɛ anim. 56 Afei bɛkɔɔ akuraa foforɔ ase. Bɛ a bɛɛpɛ bibi ayɔ ansa na bɛadi Kristo akyi ( Mateo 8:19-22 ) 57 Berɛ a bɛnam kwane so he, bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Medi w’akyi akɔ baabiaa a wobɛkɔ biaa.” 58 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na wiem nnomaa wɔ pirebuo, nso Nipa Ba he nni baabi a ɔde ne ti bɛto.” 59 Afei ɔka kyerɛɛ foforɔ sɛ, “Di m’akyi.” Beema he kaa sɛ, “Ma me kwane ma menkosie me papa ansa.” 60 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma awufoɔ nsie bɛ awufoɔ, na wo deɛ, kɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛm.” 61 Na foforɔ nso kaa sɛ, “Awurade, medi w’akyi; nso ma me kwane ma menkɔkra me fiefoɔ ansa.” 62 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Biaa nni hɔ a ɔde ne nsa akɔsɔ funtumdadeɛ mu na ɔhwɛ nnoɔma a ɔya n’akyi a ɔfata Nyankopɔn ahennie he.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana