Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 6 - Apam Foforɔ


Homeda sɛeɛ
( Mateo 12:1-8 ; Marko 2:23-28 )

1 Na homeda bi duruiɛ he ɔkɔfaa aburofuo bi mu, na n’asuafoɔ he pempanee aburo mmɛtem he bi, posaa no bɛ nsam weeɛ.

2 Na Farisifoɔ he bi kaa sɛ, “Mmɛ nti ne hooyɔ nea mmara mma kwane sɛ bɛyɔ no homeda yi?”

3 Nso Yesu buaa bɛ sɛ, “Honkenkanee nea Dawid yɔeɛ berɛ a kɔm dee ɔne mmeema a bɛka ne ho he?

4 Sɛnea ɔkɔɔ Nyankopɔn fie kɔgyee Kyerɛɛ Paanoo a mmara mma kwane sɛ biaa di, gye asɔfoɔ nkoaa, na odiiɛ de bi maa mmeema a bɛka ne ho he?”

5 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nipa Ba he ne homeda he so tumfoɔ.”


Beema bi a ne nsa adwodwo he
( Mateo 12:9-14 ; Marko 3:1-6 )

6 Homeda foforɔ duruiɛ he Yesu kɔɔ hyiadane mu, na ofirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Na beema bi ya hɔ a na ne nsa nifa adwodwo.

7 Nti na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he ɔɔhwɛ no komm sɛ ebia ɔbɛsa yadeɛ homeda na bɛanya kwane bi afa so abɔ no soboɔ.

8 Ewom sɛ na onim bɛ adwene deɛ, nso ɔka kyerɛɛ beema a ne nsa adwodwo he sɛ, “Sɔre gyina mfimfini ha.” Na ɔsɔre gyinaa hɔ.

9 Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meebisa ho, nti mmɛ ne nipa wɔ ho kwane sɛ ɔyɔ no homeda, adepa anaa adebɔne, sɛ ɔbɛgye bi kra nkwa anaa ɔbɛma na asɛe?”

10 Na ɔhwɛɛ bɛ nyinaa hyiaeɛ he, ɔka kyerɛɛ beema he sɛ, “Tene wo nsa.” Beema he yɔɔ saa, na ahoɔdene baa ne nsa he mu.

11 Na yei maa bɛ ani beree dendenndene, na betuu Yesu ho agyina hwɛɛ nea bɛde bɛyɔ no.


Asuafoɔ dummienu he yie
( Marko 3:13-19 )

12 Saa nna he mu he Yesu kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ, na ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mũ he nyinaa.

13 Na adeɛ kyeeɛ he, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne, na ɔpaa bɛ mu dummienu frɛɛ bɛ asomafoɔ;

14 Bɛne Simon, a ɔsane frɛɛ no Petro, ne ne nua Andreo, ne Yakobo ne Yohane, ne Filipo ne Bartolomeo,

15 ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Simon a bɛfrɛ no Selote,

16 Yakobo ba Yuda, ne Yuda Iskariot a ɔbɛyɛɛ bi a oyii Yesu maeɛ he.


Yesu kyerɛkyerɛeɛ, na ɔsaa nyarewa
( Mateo 4:23—5:1 ; Marko 3:7-12 )

17 Na ɔne bɛ sane begyinaa baabi a hɔ da so, na n’asuafoɔ pii, ne nnipadɔm a befiri Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa baa sɛ beebetie no na wasa bɛ yadeɛ.

18 Ɔsaa bɛ a honhom fĩ ha bɛ yadeɛ.

19 Na nnipadɔm he nyinaa hwehwɛɛ sɛ bɛde bɛ nsa bɛka no, efiri sɛ na tumi firi ne mu ba, na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.


Serɛ so asɛnka
( Mateo 5:3-4 ; 5:6 ; 5:11-12 )

20 Na Yesu maa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ he firii aseɛ kaa sɛ. “Nhyira ne ho ahiafoɔ, efiri sɛ ho ne Nyankopɔn ahennie he yɛ ho dea.

21 “Nhyira ne ho a saa berɛ yi kɔm de ho, efiri sɛ bɛbɛma hoamee. “Nhyira ne ho a saa berɛ yi hoosu, efiri sɛ hobɛsere.

22 “Nhyira ne ho sɛ nnipa tane ho, na beyi ho firi nnipa mu, na bɛbɔ ho ahohora, na Nipa Ba he nti, bɛmmɔ ho dini nka asɛm te sɛnea ho dini yɛ akyiwadeɛ.

23 Homma ho ani nnye na honni ahurusie saa da he, na hwɛ! Howɔ akatua ya soro, efiri sɛ saa adekoro yiaa ne bɛ agyanom de yɔɔ adiyifoɔ he.

24 “Nso ho adefoɔ honnue, efiri sɛ hoanya ho awerɛkyekyerɛ nyinaa dada.

25 “Honnue, ho a sesieaa hoamee, efiri sɛ kɔm bɛde ho.” “Honnue, ho a sesieaa hoosere, efiri sɛ ho werɛ bɛho na hoasu.

26 “Sɛ nnipa nyinaa ka ho ho asɛmpa a, honnue, efiri sɛ saa ne bɛ agyanom kaa nsɛmpa faa atorɔ adiyifoɔ he ho.


Honnɔ ho atamfoɔ!
( Mateo 5:39-48 )

27 “Nso meeka akyerɛ ho a hootie yi sɛ, honkɔ so nnɔ ho atamfoɔ, na honyɔ bɛ a bɛtane ho he papa,

28 na honhyira bɛ a bɛdome ho, na hommɔ mpaeɛ mma bɛ a bɛha ho!

29 Nea ɔbɔ w’aso fa mu he, dane fã a aaka he nso ma no; na nea ɔfa w’ataadeɛ ngugusoɔ he, mfa ataadeɛ nhyɛaseɛ he nso nkame no.

30 Na biaa a obisa wo bibi he, ma no, na nea ɔfa wo nnoɔma he, mmisa no ho asɛm.

31 “Afei nso, sɛnea hopɛ sɛ nnipa yɛ ma ho he, honyɔ saa mma afoforɔ nso.

32 “Na sɛ hodɔ bɛ a bɛdɔ ho a, abɛ mfasoɔ ne ɔya so ma ho? Abɔnefoɔ mpo dɔ bɛ a bɛdɔ bɛ.

33 Na sɛ hoyɔ papa ma bɛ a bɛyɔ ho papa a, mmɛ mfasoɔ koraa ne ya so ma ho? Abɔnefoɔ mpo yɔ saa.

34 Afei nso, sɛ homa bɛ a howɔ anidasoɔ sɛ hobenya bibi afiri bɛ nkyɛne he bosea a, mmɛ mfasoɔ ne ɔya so ma ho? Abɔnefoɔ mpo ma bɛ nuanom abɔnefoɔ bosea na ama bɛanya pii afiri bɛ hɔ.

35 Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.

36 Nti honhu biaa mmɔbɔ sɛnea ho Agya hu biaa mmɔbɔ he.


Atenyie bɔne
( Mateo 7:1-5 )

37 “Bio nso, hommu atɛne na bɛammu ho atɛne; na hommu fɔ na bɛammu ho fɔ. Homfa nkyɛ na bɛde akyɛ ho.

38 Homma na bɛama ho. Susukuruwa pa a bɛamia so, awoso no ama abu so ne bɛde begu ho ntoma mu. Na susukuruwa a hode susu ma nkurofoɔ he, ɔnoaa ne bɛde besusu ama ho.”

39 Afei nso ɔmaa bɛ mfantoho bi sɛ. “Nti nifirani betumi akyerɛ nifirani kwane? Sɛ ɔba saa a bɛ mmienu nyinaa bɛnkɔtɔ amena mu anaa?

40 Suani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, nso biaa a wasua bibi ahu he bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ.

41 Sɛ ɔte saa a, mmɛ nti ne wohwɛ mfrɛ a ɔda wo nua ani so, na wunhu mpuna a ɔda w’ankasa w’ani so mmom?

42 Ɔbɛyɛ dɛ na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Me nua, ma menyi mfrɛ a ɔda w’ani so yi mma wo,’ berɛ a wonhu mpuna a ɔda w’ankasa w’ani so he mpo? Nyaatwomni! Di kane yi w’ankasa w’ani so mpuna he, na wobehu sɛnea wobeyi mfrɛ a ɔda wo nua ani so he.

43 “Na dua pa biaa nso aba bɔne; saa ara nso ne dua bɔne biaa nso aba pa.

44 Na dua biaa aba ne bɛde hu dua pɔtee a ɔyɛ. Bɛntete borɔdoma mfiri nkasɛe so, na bentwa bobe mfiri nwerɛ so.

45 Nipa pa firi adepa a wakora no n’akoma mu ne oyi adepa adi, nso bɔnefoɔ firi nnebɔne a wakora no n’akoma mu ne oyi adebɔne adi; efiri sɛ nea ayɛ akoma mã aboro so he ne ano ka.


Fapem ahodoɔ mmienu he

46 “Mmɛ nti ne hofrɛ me ‘Awurade, Awurade,’ nso honyɔ nea meka yi?

47 Biaa a ɔba me nkyɛne na ɔte me nsɛm na ɔyɔ he, mɛkyerɛ ho sɛnea ɔteɛ.

48 Ɔte sɛ beema bi a oosi dane, a otutuu fam kɔɔ akyire na ɔtoo fapem botane so. Nti, berɛ a nsuo hyiriiɛ he, ɔbɛbɔɔ dane he, nso antumi anwoso no, efiri sɛ besii no yie.

49 Nso, nea ɔte me nsɛm na ɔnyɔ he, ɔte sɛ beema bi a osii ne dane sii asaase so a wanto fapem. Na nsuo hyiri bɛbɔɔ no, na dane he bubuu ntɛmaa, na ɔsɛe koraa.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan