Luka 3 - Apam FoforɔSuboni Yohane asɛnka ( Mateo 3:1-12 ; Marko 1:1-8 ; Yohane 1:19-28 ) 1 Tiberio Kaesare ahennie afe a ɔtɔ so dunnum mu, berɛ a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado he, na Herode nso di Galilea mantam so, na ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so, saa ara nso ne na Lisaneia di Abilene, mantam so. 2 Asɔfoɔ mpanyimfoɔ Anas ne Kaiafa nna he mu he, Nyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛne ya serɛ he so. 3 Nti ɔkɔɔ nkuro a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu pae mu kaa adwensakra ho asubɔ a ɔde kɔ bɔne fakyɛ mu he ho asɛm, 4 sɛnea bɛatwerɛ no diyifoɔ Yesaia nwoma mu sɛ, “Bi ɔɔteam serɛ so sɛ: ‘Honsiesie Awurade kwane, homma n’akwane ntene. 5 Homma bonhwa nyinaa nyɛ mã, na honnwiri mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ngu fam, na nea akyea he, homma ɔntene na mmonkyimmɔnka nnane akwane tromtrom, 6 na nnipa nyinaa behu Nyankopɔn nkwagyeɛ he.’ ” 7 Na Yohane ka kyerɛɛ nnipadɔm a bɛbaa sɛ ɔmmɔ bɛ asu he sɛ, “Nankatia mma, hwane ne ka kyerɛɛ ho sɛ honwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho? 8 Honso aba a ɔkyerɛ adwensakra. Na honnka no ho mu sɛ, ‘Yɛ agya ne Abraham.’ Na meeka akyerɛ ho sɛ Nyankopɔn betumi ama Abraham anya mma afiri aboɔ yi mu. 9 Nɔkorɛ, bɛde akuma he ato nnua he nhini ho dada; nti dua biaa a ɔnso aba pa he bebetwa de agu gya mu. 10 Na nnipadɔm he bisaa no sɛ, “Saa dea, mmɛ ne yɛnyɔ?” 11 Na obuaa bɛ sɛ. “Nea ɔwɔ ntaadeɛ mmienu he mma nea onni bi he baako, na nea ɔwɔ bibi di nso mma deɛ onni bi he bi.” 12 Na atogyefoɔ nso baa sɛ ɔmmɔ bɛ asu, na bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, abɛ ne yɛnyɔ?” 13 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnye mmmoro toɔ a bɛatwa ato hɔ he.” 14 Asraafoɔ nso bisaa no sɛ, “Ɛɛne ne yɛ nso yɛnyɔ?” Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnwodwoo biaa, na hommfa asɛm nto biaa so, na homma ho ani nsɔ ho akatua.” Kristo ba ne n’adwuma ho nkɔmhyɛ 15 Berɛ a na nnipa he ɔɔhwɛ kwane, na bɛ nyinaa susuu no bɛ akoma mu sɛ, gyama Yohane ne Kristo he, 16 Yohane buaa bɛ sɛ, “Me deɛ, mede nsuo ne bɔ ho asu, na nea ɔwɔ tumi sene me ɔɔba a ne mpaboa ahoma mpo memfata sɛ mesane. Ɔno ankasa ne de Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu. 17 Okita ne nhuhusoɔ apampaa ne nsam a ɔde bɛpra n’ayuporobea fitafita, na waboaboa ayuo he ano agu ne pata so, na ntɛ he deɛ, ɔde gya a onnum da bɛhye.” Yohane afiaseda 18 Nti Yohane nam afotuo bebree so pae mu kaa asɛmpa kyerɛɛ nkurofoɔ he. 19 Nso esiane sɛ Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he ntene, na Yohane aka n’anim ne nua yerɛ Herodia ho ne nnoɔma bɔne a Herode ayɔ nyinaa ho nti, 20 nea ɔyɔ kaa yeinom nyinaa ho ne sɛ, ɔde Yohane too afiase. Yesu asubɔ ( Mateo 3:13-17 ; Marko 1:9-11 ; Yohane 1:32 ) 21 Berɛ a ɔbɔɔ nnipa he nyinaa asu he, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔɔbɔ mpaeɛ he, soro bieeɛ, 22 na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ abuburo baa ne so, na nne bi fi soro kaa sɛ. “Wone me dɔba, wo ne wo sɔ m’ani.” Yesu awoɔ ntoatoasoɔ ( Mateo 1:1-17 ) 23 Afei berɛ a Yesu hyɛɛ n’adwuma ase he, na waadi bɛyɛ mfie aduasa, na behuu no sɛ Yosef ba, Eli ba, 24 Mattat ba, Lewi ba, Melki ba, Yanai ba, Yosef ba, 25 Matatia ba, Amos ba, Nahum ba, Hesli ba, Nagai ba, 26 Mahat ba, Matatia ba, Semein ba, Yosek ba, Yoda ba, 27 Yohanan ba, Resa ba, Serubabel ba, Sealtiel ba, Neri ba, 28 Melki ba, Adi ba, Kosam ba, Elmadam ba, Er ba, 29 Yosua ba, Eliesa ba, Yorim ba, Matat ba, Lewi ba, 30 Simeon ba, Yuda ba, Yosef ba, Yonam ba, Eliakim ba, 31 Melea ba, Mena ba, Matata ba, Natan ba, Dawid ba, 32 Yisai ba, Obed ba, Boas ba, Sala ba, Nahson ba, 33 Aminadab ba, Admin ba, Arni ba, Hesron ba, Peres ba, Yuda ba, 34 Yakob ba, Isak ba, Abraham ba, Tera ba, Nahor ba, 35 Serug ba, Reu ba, Peleg ba, Eber ba, Sela ba, 36 Kainan ba, Arfaksad ba, Sem ba, Noa ba, Lamek ba, 37 Metusela ba, Henok ba, Yared ba, Mahalaleel ba, Kainan ba, 38 Enos ba, Set ba, Adam ba, Nyankopɔn ba. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana