Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 23 - Apam Foforɔ


Bɛde Yesu begyinaa Pilato anim
( Mateo 27:2 ; 27:11-31 ; Marko 15:1-20 ; Yohane 18:28—19:16 )

1 Nti nnipadɔm he nyinaa sɔreeɛ, na bɛde Yesu kɔmaa Pilato.

2 Afei befirii aseɛ bɔɔ no soboɔ sɛ, “Yɛakye beema yi sɛ ɔɔsɛe yɛ mane, na ɔbra sɛ bentua toɔ mma Kaesare na ɔka sɛ ɔno ne hene Kristo he.”

3 Afei Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ hene he ampa?” Na obuaa no sɛ, “W’ankasa ne wooka.”

4 Afei Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipakuo he sɛ, “Menhu bɔne biaa beema yi ho.”

5 Nso bɛkaa no dendenndene sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛ Yudea nyinaa de hwanyane mane he mu, ofirii aseɛ mpo firii Galilea ne ɔde abeduru ha yi.”

6 Berɛ a Pilato teeɛ he, obisaa sɛ beema he yɛ Galileani anaa?


Bɛde Yesu kɔmaa Herode

7 Na ohuu sɛ Yesu hyɛ Herode tumi ase he, ɔma bɛde no kɔmaa Herode a nna he mu na n’ankasa ya Yerusalem he.

8 Berɛ a Herode huu Yesu he n’ani gyee yie, efiri sɛ na ofiri mmerɛ tentene apɛ sɛ ohu no esiane ne ho asɛm a waate nti, na na ɔpɛ sɛ ɔyɔ nsɛnkyerɛnne bi ma ohu.

9 Afei ofirii aseɛ bisaa no nsɛm bebree; nso Yesu ammua no.

10 Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he kɔɔ so sɔre gyinaeɛ de abufuɔ bɔɔ no soboɔ aniberɛ so.

11 Afei Herode ne n’asraafoɔ he bɔɔ no adapaa, goroo ne ho, na bɛhyɛɛ no ahentaadeɛ bi de no kɔmaa Pilato bio.

12 Afei Herode ne Pilato bɛyɛɛ nnamfoɔ saa da heaa; kane he, na nka bɛyɛ atamfoɔ.


Pilato di maa Yesu

13 Afei Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he, mane sodifoɔ he ne ne manfoɔ he hyiaa mu

14 na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hode nipa yi braa me sɛ bi a ɔma nkurofoɔ te atua, na hwɛ, mehwehwɛɛ n’asɛm mu ho anim ha yiaa, nso manhu nnyinasoɔ biaa a hode bɔɔ no soboɔ.

15 Nɔkwasɛm ne sɛ, Herode nso anhu bi, na ɔsane de no braa yɛ; na hwɛ, ɔnyɔɔ bibiaa a ɔsɛ sɛ beku no.

16 Nti mɛtwe n’aso na magyaa no.”

17 [Nso ɔsɛ Pilato sɛ daa, afahyɛ he mu, ogyaa deduani baako ma bɛ.]

18 Na nnipadɔm he nyinaa teaam kaa sɛ, “Fa yei kɔ, na gyaa Baraba ma yɛ!”

19 (Saa nipa yi, ɔnam sakasaka bi a ɔkɔyɔɔ no kuro mu hɔ ne awudie bi a odiiɛ nti ne bɛde no kɔtoo afiase.)


Pilato buaa Yesu kumfɔ

20 Pilato maa ne nne so ne nnipadɔm he kasaa bio, efiri sɛ na ɔpɛ sɛ ogyaa Yesu.

21 Na befirii aseɛ teateam sɛ. “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”

22 Ɔka kyerɛɛ bɛ ne mprɛnsa so sɛ. “Abɛ bɔne ne nipa yi ayɔ? Menhu bibiaa a ɔya ne ho a ɔsɛ sɛ owu. Nti mɛtwe n’aso na magyaa no.”

23 Afei bɛde nne kɛseɛ kaa no dendenndene sɛ ɔmmɔ no asennua mu; na bɛ nne bunkamm ne deɛ so.

24 Nti Pilato buu atɛne sɛnea bɛɛhwehwɛ he.

25 Na ogyaa deɛ sakasaka ne awudie nti bɛde no kɔtoo afiase maa bɛ sɛnea bɛsrɛɛ no sɛ ɔnyɔ he; nso oyii Yesu maeɛ sɛdeɛ na bɛɛpɛ he.


Yerusalem mmaa

26 Na bɛde no ɔɔkɔ he, bɛsɔɔ Simon, Kireneni bi a na ofiri akuraa bi ase ɔɔba kurom, na bɛde asennua he soaa no dii Yesu akyi.

27 Na dɔm kɛseɛ bi a befiri mane he mu ne mmaa a beedi abooboo na beesu dii n’akyi.

28 Yesu danee ne ho kyerɛɛ mmaa he kaa sɛ, “Yerusalem mmaa, honnsu mmma me; na mmom honsu mma ho ho ne ho mma!

29 Na hwɛ, nna bi ɔɔba a nkurofoɔ bɛka sɛ, ‘Nhyira ne bonyini ne yafunu a ɔnwoo da ne nofoɔ a bɛnnom ano da!’

30 Afei bebefiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ, ‘Hommegu yɛ so,’ ne nkokoɔ sɛ, ‘honkata yɛ so!’

31 Na sɛ bɛde yei ɔɔyɔ dua mono a, mmɛ ne bɛde bɛyɔ dua wuiɛ?”

32 Na bɛde nnebɔnyɛfoɔ mmienu bi nso aka ne ho a beekoku bɛ.


Golgota
( Mateo 27:33-56 ; Marko 15:22-41 ; Yohane 19:17-30 )

33 Berɛ a beduruu baabi a bɛfrɛ hɔ Golgota he, bɛbɔɔ Yesu ne nnebɔnyɛfoɔ he asennua mu, baako ya ne nifa, ne baako nso ya ne benkum.

34 Na Yesu kaa sɛ, “Agya fa kyɛ bɛ efiri sɛ bennim nea bɛɛyɔ.” Bio nso, bɛtwee ntonto kyɛɛ ne ntaadeɛ faeɛ.

35 Na nkurofoɔ he gyina hɔ ɔɔhwɛ. Na atumfoɔ he dii ne ho agorɔ kaa sɛ, “Ɔgyee binom; sɛ yei ne Kristo a Nyankopɔn ayi no he a, ma onnye ne ho ɛ!”


Yesu ho agodie

36 Asraafoɔ he mpo dii ne ho agorɔ, na bɛbaa ne nkyɛne de nsa kekakeka maa no

37 kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ hene he a, gye wo ho!”

38 Bɛde ntwerɛeɛ bi nso bɔɔ n’atifi sɛ, “Yei ne Yudafoɔ hene he.”


Wudini a ɔsakraa n’adwene he

39 Na nnebɔnyɛfoɔ a bɛasɛne bɛ he mu baako firii aseɛ kasa tiaa Yesu sɛ, “Wone Kristo he, anaa ɔnyɛ wo a? Gye wo ho, na gye yɛ nso.”

40 Na nea ɔka ho he buaa no kaa n’anim sɛ, “Nti wonsuro Nyankopɔn koraa berɛ a woya afobuo korɔ yiaa mu yi?

41 Yɛ deɛ, wuo fata yɛ, efiri sɛ nea yɛ yɔeɛ so akatua ne yɛ nsa aka yi, na yei deɛ, ɔnyɔɔ mfomsoɔ biaa.”

42 Na ɔtoaa so kaa sɛ, “Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me.”

43 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nɔkorem meeka akyerɛ wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.”


Yesu wuo

44 Na aabɔ bɛyɛ awia dummienu, afei sum baa asaase nyinaa so kosii awie nnɔnmmeɛnsa,

45 na awia duruu sum; afei asɔredane he mu ntoma a otwa mfimfini he mu tee mmienu.

46 Na Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Agya, wo nsam ne mede me honhom hyɛ.” Ɔkaa yei he ogyaa mu.


Yesu wuo ho hu kaa nkurofokuo he

47 Na sraani panyini he huu nea asi he, ɔhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Ampa, na nipa yi yɛ teneneeni.”

48 Na berɛ a nnipakuo a bɛahyiam ɔɔhwɛ nea ɔɔkɔ so he nyinaa huu nea asi he, bɛde bɛ nsa bobɔɔ bɛ koko so firii hɔ kɔeɛ.

49 Bio nso, na bɛ a benim no he nyinaa gyinagyina akyiri. Na mmaa a bedii n’akyi firii Galilea he nso gyinagyina hɔ ɔɔhwɛ yeinom.


Yesu sie
( Mateo 27:57-61 ; Marko 15:42-47 ; Yohane 19:38-42 )

50 Na hwɛ, na beema bi ya hɔ a bɛfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ nipa pa na ɔtene nso.

51 Ɔno deɛ, wampene bɛ agyina ne bɛ nneyɔeɛ he so. Ofiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na ɔnoaa nso ɔɔtwɛne Nyankopɔn ahennie he.

52 Saa beema yi kɔɔ Pilato nkyɛne kɔsrɛɛ no Yesu amu he.

53 Na okoyii amu he kyekyeree no nwera mu, na ɔde kɔtoo da a bɛatwa no boɔ mu a bensie nipa biaa mu da mu.

54 Na da he yɛ ahoboaboa da ma homeda a na ɔɔba he.

55 Na mmaa he nso a bɛne no firi Galilea baeɛ he dii akyire kɔhwɛɛ da he ne sɛdeɛ bɛde n’amu he too hɔ faeɛ.

56 Na bɛsane besiesiee nnuro ne ngo hwamhwam. Na homeda he, bɛhomeeɛ sɛnea mmara he teɛ he.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan