Luka 2 - Apam FoforɔYesu awoɔ 1 Na nna he mu he, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ bɛntwerɛ nnipa a bɛya n’ahennie mu nyinaa dini. 2 Yei ne nnipa-kane na odi kane; na ɔkɔɔ so berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado he. 3 Na nnipa nyinaa tuu kwane kɔɔ bɛ kurom kɔtwerɛɛ bɛ dini. 4 Yosef nso firii Nasaret a ɔya Galilea kɔɔ Yudea, na esiane sɛ ofiri Dawid fie ne Dawid abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kuro a bɛfrɛ no Betlehem mu 5 sɛ ɔɔkɔtwerɛ ɔne Maria a na waasi no asiwa he dini; saa berɛ he na Maria ɔɔgye nna awo. 6 Na ɔbaa sɛ bɛya hɔ he, awoɔ kaa Maria. 7 Na ɔwoo n’abakane beema, na ɔde ntoma kyekyeree ne ho de no too mmoa adididaka mu, efiri sɛ bɛannya kwane ahɔhodane he mu. 8 Saa berɛ he, na nnwanhwɛfoɔ bi nso ya wuram ɔɔwɛne bɛ nwane anadwo. 9 Amonom hɔaa Awurade bɔfoɔ begyinaa bɛ nkyɛne, na Awurade animuonyam hyerɛn twaa bɛ ho hyiaeɛ, na hu kaa bɛ yie. 10 Na bɔfoɔ he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro, hwɛ, mede asɛmpa a ɔfa anigyeɛ pii a nnipa nyinaa benya he ho ɔɔbra ho, 11 efiri sɛ bɛawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo he ama ho nnɛ Dawid kurom. 12 Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama ho. Hobehu akokoa a bɛde ntoma akyekyere ne ho sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” 13 Na amonom hɔaa, soro asafodɔm bɛkaa bɔfoɔ he ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ, 14 “Animuonyam nka Nyankopɔn sorosoro, na asomdwie nka nnipa a bɛsɔ n’ani asaase so.” 15 Nti berɛ a abɔfoɔ he gyaa bɛ hɔ kɔɔ soro he, nnwanhwɛfoɔ he keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Homma yɛnkɔ Betlehem nkɔhwɛ nea asi a Awurade ayi no adi akyerɛ yɛ yi.” 16 Na bɛyɔɔ ntɛm kɔeɛ, na bekohuu Maria ne Yosef, ne akokoa he sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Na behuu no he, bɛkaa nsɛm a bɛaka akyerɛ bɛ afa abɔfra he ho kyerɛɛ Yosef ne Maria. 18 Na nea nnwanhwɛfoɔ he kaeɛ he yɛɛ bɛ a bɛteeɛ nyinaa nnwanwa, 19 na Maria de nsɛm yi nyinaa sieeɛ ne tim, na ɔdwendwenee ho. 20 Na nnwanhwɛfoɔ he sane kɔeɛ, na ɔnam sɛ nea abɔfoɔ he ka kyerɛɛ bɛ he, bɛkɔteeɛ na behuiɛ nti, bɛɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam na beeyi no ayɛ. 21 Afei nnawɔtwe duruiɛ a betwaa no twetia he, bɛtoo ne dini sɛ Yesu, dini a bɔfoɔ he bɔeɛ ansa na beenyinsɛne no he. Bɛde abɔfra kɔɔ Yerusalem 22 Bio nso, berɛ a nna a bɛde dwira bɛ ho sɛnea Mose mmara he kyerɛ he baa awieeɛ he, bɛde no baa Yerusalem sɛ bɛde no ɔɔbra Awurade, 23 (sɛnea bɛatwerɛ no Awurade mmara mu sɛ. “Bɛbɛfrɛ beema biaa a ɔyɛ abakane sɛ Awurade ade kronkron he), 24 na afei bɛbɔɔ afɔdeɛ sɛnea bɛaka no Awurade mmara mu sɛ, “Mmuburo mmienu anaa mmorɔnoma nkumaa mmienu ne bɛmfa mmɔ afɔdeɛ.” Simeon huu Agyenkwa he 25 Na afei na beema bi ya Yerusalem a bɛfrɛ no Simeon a na ɔyɛ nipa tenennee a nyamesuro ya ne mu a ɔɔtwɛne Israel awerɛkyekyerɛ, na Honhom Kronkron ya no so. 26 Bio nso, na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ onwu gye sɛ waahu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ he ansa. 27 Honhom he de no kɔɔ asɔrefie hɔ; na berɛ a awofoɔ he de abɔfra Yesu baa sɛ bɛɛbɛyɔ nea mmara he mu amanneɛ kyerɛ sɛ bɛnyɔ mma no he, 28 ɔgyee no too ne nsa so hyiraa Nyankopɔn sɛ, 29 “Awurade, afei woogya w’akoa kwane asomdwie mu sɛnea w’asɛm teɛ; 30 efiri sɛ m’ani ahu nea wonam so bɛgye nkwa 31 a woasiesie amane nyinaa anim he, 32 kanea a wonam so beyi nea ɔkata Amanamane he so na ama ahyɛ wo mane Israel animuonyam.” 33 Na nea ɔka faa ne ho he yɛɛ ne papa ne ne maame nwanwa. 34 Afei Simeon hyiraa bɛ, na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Hwɛ! Yei ne bɛayi no ama Israelfoɔ bebree sɛ ɔnam ne so nti bɛbɛhwe ase na bebree nso bɛsɔre. Na ɔno nso ne bɛyɛ nsɛnkyerɛnne a bɛbɛkasa atia, 35 na ama nnipa bebree akoma mu nsusuiɛ ada adi, na wo deɛ wo ahohera bɛyɛ te sɛ deɛ (bɛde sekane ɔɔwowɔ w’akoma mu nso).” Hana huu Agyenkwa hu 36 Afei na diyifoɔ baa bi ya hɔ a bɛfrɛ no Hana, Fanuel babaa a ofiri Aser abusuakuo mu a na ne mfie kɔ anim paa. Na ɔwaree ne mmabunu berɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfie nson. 37 Nso seesei deɛ ɔyɛ kunafoɔ a wadi mfie aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, ɔde mmuadadie ne nkotosrɛ som Nyankopɔn, awia ne anadwo. 38 Na dɔno heaa mu he, Hana baa hɔ bɛdaa Nyankopɔn ase kaa abɔfra he ho asɛm kyerɛɛ bɛ a bɛɛtwɛne gye a bɛbɛgye Yerusalem he nyinaa. 39 Bɛyɛɛ nea Awurade mmara hwehwɛ nyinaa wieeɛ he, bɛsane kɔɔ bɛ kuro Nasaret a ɔya Galilea mu. 40 Na abɔfra he kɔɔ so nyini yɛɛ dene, nyansa hyɛɛ no mã, na Nyankopɔn adom ya ne so. Yesu ya asɔrefie 41 Afe biaa na n’awofoɔ kɔ Yerusalem kodi Twam afahyɛ he. 42 Na berɛ a odii mfie dummienu he, bɛkɔeɛ sɛnea afahyɛ he ho amanneɛ teɛ, 43 na bɛtenaa hɔ kosii nna he awieeɛ. Nso berɛ a bɛɛsane aba he, abɔfra Yesu kaa Yerusalem a n’awofoɔ anhu. 44 Bɛdwenee sɛ wafra nnipadɔm he mu kɔ, nti betwaa bɛyɛ nkwansini dunnum kosi aduonu. Na afei befirii aseɛ kyini hwehwɛɛ no abusuafoɔ ne manifoɔ mu. 45 Ɔbaa sɛ bɛanhu no he, bɛsane kɔɔ Yerusalem kɔhwehwɛɛ no anibereɛ so. 46 Na nnansa akyi he, behuu no asɔrefie hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ he mfinimfini ootie bɛ na oobisabisa bɛ nsɛm. 47 Na sɛnea n’adwene mu dɔ na oyi nsɛm ano he nti, bɛ a beetie no he ho dwirii bɛ. 48 Afei behuu no he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa, na ne maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, ɛɛne nti ne woyɔɔ yɛ saa? Hwɛ, me ne wo agya de ahodwiri ahwehwɛ wo.” 49 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ hokyini hwehwɛ me? Nti honnim sɛ otwa sɛ metena m’Agya fie anaa?” 50 Nso bɛante asɛm a ɔka kyerɛɛ bɛ he ase. Yesu setie ne ne nyini 51 Na ɔne bɛ kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ bɛ ase. Ne maame nso de nsɛm yi nyinaa siee n’akoma mu. 52 Na Yesu nyini nyansa ne honam mu, na onyaa Nyankopɔn ne nnipa anim adom. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana