Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 18 - Apam Foforɔ


Temmufoɔ a ɔntene he ho mfantoho

1 Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.

2 Ɔkaa sɛ, “Na temmufoɔ bi ya kuro bi mu a onsuro Nyankopɔn na ommu nipa biaa,

3 na na kunafoɔ bi ya saa kuro he mu a ɔtaa kɔ ne nkyɛne kɔka sɛ, ‘Hwɛ sɛ wobebu atɛntenenee me ne me nkurobɔfoɔ ntam.’

4 Ɔtwentwɛnee ne nane ase kakra, nso akyire yi ɔkaa no ne tim sɛ, ‘Ewom sɛ mensuro Nyankopɔn na memmu nnipa deɛ,

5 nso, sɛnea kunafoɔ yi kɔ so ha me nti, mɛhwɛ na mabu atɛntenenee, na wamma ammɛdwane me ho bio.’ ”

6 Afei Awurade kaa sɛ, “Hontie nea temmufoɔ a ɔntene he mpo kaeɛ!

7 Nɔkwasɛm di, ewom sɛ Nyankopɔn ma ne bo dwo kyɛre ma ho deɛ, nso ommu atɛntenenee mma bɛ a wayi bɛ a besu frɛ no awia ne anadwo he anaa? Nti, ɔbɛtwentwɛne ne nane ase bɛ ho anaa?

8 Meeka akyerɛ ho sɛ, obebu atɛntenenee ama bɛ ntɛm so. Nso sɛ Nipa Ba he ba a, obehu gyidie ankasa asaase so anaa?”


Farisini ne togyeni he

9 Na ɔde mfantoho yi nso maa binom a bɛgye bɛ ho di sɛ bɛyɛ ateneneefoɔ na bemmu bɛ a bɛaka he koraa he sɛ,

10 “Nnipa mmienu kɔɔ asɔre fie kɔbɔɔ mpaeɛ, na baako yɛ Farisini, na nea ɔka ne ho he yɛ togyeni.

11 Farisini he sɔre gyinaeɛ, na ofirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ ne tim sɛ, ‘Nyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka he, apoobɔfoɔ, bɛ a bɛntene, awaresɛefoɔ, anaa togyeni yei mpo.

12 Medi mmuada mprenu nnawɔtwe, meyi nea menya nyinaa so ntotosoɔ du du.’

13 Na togyeni he a ogyina fã nohoa he ampɛ sɛ ɔma n’ani so hwɛ soro mpo, na mmom ɔde ne nsa guu ne koko so kaa sɛ, ‘Nyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ.’

14 Meka kyerɛ ho sɛ, togyeni he de bembuo sane kɔɔ ne fie sene Farisini he, efiri sɛ, biaa a ɔma ne ho so he bɛbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase he bɛbɛma no so.”


Yesu hyira mmɔfra
( Mateo 19:13-15 ; Marko 10:13-16 )

15 Afei nkurofoɔ firii aseɛ de bɛ mma nkokoa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka bɛ; na n’asuafoɔ he huiɛ he bɛkaa bɛ anim.

16 Nso, Yesu frɛɛ mmɔfra he baa ne nkyɛne kaa sɛ, “Homma mmɔfra he mmra me nkyɛne, na honsi bɛ kwane, efiri sɛ bɛ a bɛte saa ne Nyankopɔn ahennie he yɛ bɛ dea.

17 Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a onnye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra kumaa he, kwane biaa so ɔnkɔ mu koraa.”


Daa nkwa
( Mateo 19:16-29 ; Marko 10:17-30 )

18 Na tumfoɔ bi bisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛɛne ne meyɔ a menya daa nkwa?”

19 Yesu bisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wofrɛ me papa? Biaa nyɛ papa gye baako pɛ, ɔno ne Nyankopɔn.

20 Wonim mmara he, ‘Nsɛe awareɛ, Nni awu, Mmɔ korɔno, Nni adansekunumu, di w’agya ne wo na ni.’ ”

21 Afei ɔkaa sɛ, “Maadi yeinom nyinaa so firi me mmɔfrase.”

22 Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nso aka wo adeɛ baako: kɔtɔno nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na bra bedi m’akyi.”

23 Berɛ a temmufoɔ he tee yei he, ne werɛ hoo paa, efiri sɛ, na ɔyɛ defoɔ ankasa.


Ahonyadeɛ mu asiane

24 Yesu hwɛɛ no kaa sɛ, “Sɛ hoahu dene a ɔyɛ ma asikafoɔ ne adefoɔ sɛ bɛbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!

25 Nɔkwasɛm ne sɛ, ɔmmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu kyɛne sɛ defoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.”

26 Bɛ a bɛtee yei he kaa sɛ, “Hedeɛ hwane ne betumi anya nkwa?”

27 Ɔkaa sɛ, “Nea ontumi nyɛ hɔ nnipa fam he betumi ayɛ hɔ Nyankopɔn fam.”


Ahopakyie so akatua

28 Na Petro kaa sɛ, “Hwɛ! Yɛagya yɛ nnoɔma nyinaa hɔ abedi w’akyi.”

29 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nɔkorem meeka akyerɛ ho sɛ, biaa nni hɔ a wagya fie anaa yerɛ anaa anuanom anaa awofoɔ anaa mma, Nyankopɔn ahennie nti,

30 a onnya ho mmɔho pii saa berɛ yi, ne daa nkwa, wiase a ɔɔba he mu.”


Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɔtɔ so mmeɛnsa
( Mateo 20:17-19 ; Marko 10:32-34 )

31 Afei ɔde dummienu he kɔɔ nkyɛne kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hwɛ! Yɛɛkɔ Yerusalem, na nnoɔma a adiyifoɔ he atwerɛ afa Nipa ba he ho nyinaa bɛba mu.

32 Na bebeyi no ahyɛ amanamane mufoɔ nsa, na bɛagoro ne ho, na bɛabɔ no adapaa, na bɛatete ntasuo agu ne so,

33 na bɛhwe no wie a, bebeku no, na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he obenyane.”

34 Nso, bɛante nnoɔma yi mu biaa ase; na nsɛm yi ahinta bɛ, na bɛante nea ɔkaeɛ he ase.


Yesu maa nifirani bi huu adeɛ
( Mateo 20:29-34 ; Marko 10:46-52 )

35 Na berɛ a ɔɔbɛne Yeriko he, na nifirani bi te kwankyɛne ɔɔsrɛsrɛ adeɛ.

36 Esiane sɛ ɔtee sɛ nnipakuo bi ootwam nti, ofirii aseɛ bisabisaa nea yei kyerɛ.

37 Bɛbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Yesu, Nasareni he ne ootwam!”

38 Afei ɔteaa mu sɛ, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

39 Na bɛ a bedi kane he teateaa no sɛ ɔnyɛ komm, nso ɔkɔɔ so teateaa mu dendenndene sɛ, “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

40 Afei Yesu gyinaeɛ na ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa beema he mmra ne nkyɛne. Oduruu Yesu nkyɛne he, Yesu bisaa no sɛ,

41 “Ɛɛne ne wopɛ sɛ meyɔ ma wo?” Ɔkaa sɛ “Awurade, ma menhu adeɛ.”

42 Nti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hu adeɛ; wo gyidie agye wo.”

43 Na amonom hɔaa ohuu adeɛ, na ofirii aseɛ dii n’akyi a ɔɔhyɛ Nyankopɔn animuonyam. Na afei, berɛ a nkurofoɔ he nyinaa huu no he, beyii Nyankopɔn ayɛ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan