Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 15 - Apam Foforɔ


Dwane a wayera ho mfantoho
( Mateo 18:12-14 )

1 Na togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ nyinaa twi bɛnee Yesu sɛ beebetie no.

2 Nti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he nyinaa nwiinwii kaa sɛ, “Nipa yi gye nnebɔnyɛfoɔ na ɔne bɛ didi.”

3 Nti ɔyɔɔ mfantoho bi kyerɛɛ bɛ sɛ:

4 “Ho mu hwane ne wɔ nwane ha, na mu baako yera a, onnya aduɔkron nkron he serɛ so nkɔhwehwɛ nea wayera he nkosi sɛ obehu no?

5 Na berɛ a wahu no he, ɔde no bɔ ne kɔno ho na odi ahurusie.

6 Na oduru fie a ɔfrɛfrɛ ne nnamfonom ne ne mpɔtamfoɔ boa ano ka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Ho ne me nni ahurusie, efiri sɛ mahu me dwane a ɔyeraeɛ he.’

7 Nti meeka akyerɛ ho sɛ anigye pii bɛba soro debɔneyɛfoɔ baako a wasakra ho kyɛne ateneneefoɔ aduɔkron nkron a benhia adwensakra.


Dwetɛbena a ayera he ho mfantoho

8 “Anaa baa hwane ne wɔ dwetɛbena du na sɛ dwetɛbena baako yera a, ɔnsɔ kanea mpra ne fie na ɔnhwehwɛ no yie nkosi sɛ obehu?

9 Na sɛ ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfoɔ mmaa ne n’afipamfoɔ boa ano ka sɛ, ‘Ho ne me nni ahurusie, efiri sɛ mahu me dwetɛbena a ɔyeraeɛ he.’

10 Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ anigye debɔneyɛni baako a wasakra ho.”


Agya a ɔdɔ ne ba ho mfantoho

11 Afei ɔkaa sɛ, “Na beema bi wɔ mma mmienu.

12 Na bɛ mu kumaa he ka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Papa, fa w’agyapadeɛ he fã a ɔyɛ me deɛ ma me.’ Nti ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa bɛ.

13 Na nna kakraa bi akyi he, ba kumaa he boaboaa nnoɔma he nyinaa ano na otuu kwane kɔɔ akyirikyiri mane bi so, na okobuu akohwibra de sɛee n’agyapadeɛ he nyinaa.

14 Berɛ a ɔhweree ne nyinaa he, kɔm kɛseɛ bi sii mane he mu baabiaa, na ne ho firii aseɛ kyere no.

15 Afei ɔde ne ho kɔdanee mane he muni baako, na ɔde no kɔɔ n’asaase so sɛ ɔnkɔhwɛ ne mprako.

16 Na ne kɔno dɔɔ sɛ ɔde aduane a mprako di he bi bɛhyɛ ne yafunu mã, nso biaa amma no hwee.

17 “Berɛ a n’ani baa ne ho so he, ɔkaa sɛ, ‘Me papa apaafoɔ he mu deɛ ɔya he ne nnya aduane mma ne mmu so a mete ha yi a kɔm ooku me yi!

18 Mɛsɔre akɔ me papa nkyɛne akɔka akyerɛ no sɛ, “Papa, maayɔ soro ne wo anim bɔne.

19 Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. Yɛ me w’apaafoɔ he mu baako.” ’

20 Nti ɔsɔre sii kwane so sɛ ɔɔkɔ ne papa nkyɛne. Berɛ a ɔda soaa ya akyirikyiri he, ne papa huu no, na ne yam hyehyee no maa ne ba he, na otuu mmirika kɔsɔɔ ne mu yɔɔ no atuu.

21 Afei ne ba he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Papa, maayɔ soro ne wo anim bɔne. Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.

22 Na papa he ka kyerɛɛ ne nkoa he sɛ, ‘Honyɔ ntɛm, mfa ataadeɛ a odi mu mmra mmɛhyɛ no, na homfa petea nhyɛ ne nsa na homfa mpaboa nhyɛ no.

23 Na homfa nantwie kumaa a wadɔre sradeɛ mmra mmeku no mma yenni na yɛnnye yɛ ani,

24 efiri sɛ me ba yi wuiɛ na wasane aba nkwa mu; ɔyeraeɛ na maahu no.’ Na befirii aseɛ gyee bɛ ani.

25 “Saa berɛ yi na ne ba panyini he ya mfuom; na ɔɔba a ɔbɛne fie he ɔtee sɛ nnwom ne asa ɔɔkɔ so.

26 Nti ɔfrɛɛ nkoa he mu baako na obisaa no nea ɔɔkɔ so.

27 Akoa he buaa no sɛ, ‘Wo nua kumaa he aba, na wo papa aku nantwie kumaa a wadɔre sradeɛ, efiri sɛ ne nsa aka no bio a ɔwɔ nkwa mu.’

28 Na ne bo fuu paa, na wampɛ sɛ ɔkɔ fie. Afei ne papa pie bɛkorɔkrɔɔ no.

29 Obuaa ne papa sɛ, ‘Maasom wo mfie bebree, na memmuu wo mmara so da, nso wommaa me abirekyie ba mpo sɛ me ne me nnamfonom mfa nnye yɛ ani da.

30 Nso wo ba yi a ɔne nwamanfoɔ adi wo ahodeɛ baeɛaa pɛ, woaku nantwie ba a wadɔre sradeɛ ama no.’

31 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me ba, woya me nkyɛne berɛ nyinaa, na nea mewɔ nyinaa yɛ wo deɛ;

32 nso ɔsɛ sɛ yɛma yɛ ani gye na yedi ahurusie, efiri sɛ wo nua yi wuiɛ na waaba nkwa mu bio, ɔyeraeɛ na yɛahu no.’ ”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan