Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 14 - Apam Foforɔ


Yesu sa bi a ɔyare sasaborɔ yadeɛ Homeda

1 Afei homeda bi, Yesu kɔɔ Farisifoɔ mpanyimfoɔ he mu baako fie sɛ ookodidi he, na nkurofoɔ he ɔɔtetɛ no.

2 Saa berɛ heaa na bi ya n’anim a wahonhono.

3 Nti Yesu bisaa Mmaranimfoɔ ne Farisifoɔ he sɛ, “Mmara ma kwane sɛ bɛsa yadeɛ homeda anaa ɔmma kwane?”

4 Nso bɛyɛɛ komm. Nti Yesu sɔɔ ne mu saa no yadeɛ na ɔmaa no kɔeɛ.

5 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho mu hwane ne sɛ ne ba anaa ne nantwie tɔ abura mu homeda a, onnyi no mfiri mu ntɛmaa homeda he?”

6 Bɛantumi anyi saa asɛm yi ano.


Ahobrɛaseɛ

7 Afei ɔtoaa so maa mfantoho bi kyerɛɛ nnipa a bɛato nsa afrɛ bɛ he, berɛ a ohuu sɛnea na bɛɛhwehwɛ mu ayi mpanyini tenabea he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ,

8 “Sɛ bi to nsa frɛ wo ayefohyia ase a, ntena mpanyini tenabea, ebia na waato nsa afrɛ bi a odi mu kyɛne wo,

9 na nea ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no he bɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma nipa yi ntena ha.’ Afei wode aniwuo befiri hɔ akɔtena baabi a onni mu sɛ kane tenabea he.

10 Na mmom sɛ bɛto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena baabi a ɔya fam koraa, na sɛ nea wato nsa afrɛ wo he ba a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Damfo, foro kɔ soro.’ Ɔno bɛma woanya anidie wo mfɛfoɔ a bɛahyia he nyinaa anim.

11 Na biaa a ɔma ne ho so he bɛbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase he bɛbɛma no so.”


Ahiafoɔ adidifrɛ

12 Na ɔka kyerɛɛ beema a ɔtoo nsa frɛɛ no he nso sɛ, “Sɛ woto pono, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa wo mfɛfoɔ adefoɔ nkoaa, ɔnam sɛ wodwene sɛ bɛ nso da bi bɛbɛto nsa afrɛ wo bɛ apontoɔ asɛ de atua wo ka nti.

13 Na mmom, sɛ wo to pono a, to nsa frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye, ne anifirafoɔ nso,

14 na wobenya nhyira, efiri sɛ bɛ deɛ benni bibiaa a bɛde betua wo so ka. Na wobenya akatua ateneneefoɔ wusɔreɛ he mu.”


Apontoɔ kɛseɛ he
( Mateo 22:2-10 )

15 Berɛ a bɛ a bɛ ne no tete adidiiɛ hɔ he mu baako tee nsɛm yi he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nhyira ne nea obedidi Nyankopɔn ahennie mu!”

16 Na afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nipa bi too pono kɛseɛ anwummerɛ bi, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa bebree.

17 Na dɔno a bɛde bedi aduane he duruiɛ he, ɔsomaa n’akoa kɔɔ bɛ a ɔtoo nsa frɛɛ bɛ he hɔ sɛ, ‘Hommra na afei bɛasiesie bibiaa awie.’

18 Nso bɛ nyinaa befiri aseɛ yiyii bɛ ho ano. Nea odi kane he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Maatɔ asaase na ehia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’

19 Na foforɔ nso kaa sɛ, ‘Maatɔ anantwie mpamho nnum na meehwɛ sɛnea bɛteɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’

20 Na foforɔ nso kaa sɛ, “Mewareɛ nkyereeɛ, nti mentumi mma.

21 Nti akoa he bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ ne wura he. Na fiewura he bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ n’akoa he sɛ, ‘Yɔ ntɛm kɔ kuro he akwane ne mmorɔnoo so kɔfa ahiafoɔ ne mmubuafoɔ ne anifirafoɔ ne mpakye bra.’

22 Akoa he yɔɔ saa wieeeɛ he, ɔkaa sɛ, ‘Me wura, maayɔ nea wo hyɛɛ me he, nso kwane da so ya hɔ.’

23 Na ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kɔ akwane ne mmɔntene so na hyɛ amanfoɔ ma bɛ mmra mu, sɛ ɔbɛyɛ na fie ha bɛyɛ ma.

24 Na meeka akyerɛ ho sɛ, nnipa a (bedii kane) too nsa frɛɛ bɛ he mu biaa nni hɔ a m’aduane he bi bɛka n’ano.’ ”


Kristo frɛ a ɔfrɛ nnipa
( Mateo 10:37-38 )

25 Afei na nnipadɔm pii bi ne no nam, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ bɛ sɛ,

26 “Sɛ bi ba me nkyɛne na w’annɔ me asene ne papa ne ne maame ne ne yerɛ ne ne mma ne ne nuammeemanom ne ne nuammaanom ne n’ankasa mpo kra a, ontumi nyɛ me suani.

27 Biaa a ɔnsoa n’asennua na onni m’akyi he ntumi nyɛ me suani.


Nkontabuo

28 Na ho mu hwane ne ɔpɛ sɛ osi abrosane a onni kane nsese ne boɔ nhwɛ sɛ sika a ɔwɔ he betumi asi ansa na wahyɛ aseɛ?

29 Sɛ wanni kane anyɔ saa a, ɔbɛto fapem he nso ontumi nwie, na bɛ a bɛhwɛ nyinaa befiri aseɛ atweetwe no

30 aka sɛ, ‘Nipa yi firii aseɛ siiɛ nso wantumi anwie.’

31 Anaa hene hwane ne ɔne hene foforɔ ɔɔkɔko a, onni kane ntena ase ntu agyina na ɔnhwɛ sɛ obetumi de asraafoɔ mpem du akohyia nea ɔde mpem aduonu ɔɔba no so he?

32 Sɛ ontumi nyɔ saa a, hedeɛ berɛ a baako he ya akyiri nohoa he, ɔbɛsoma binom ma bɛkɔsrɛ sɛ benni no asomdwie mu.

33 Nti, honhu sɛ, ho mu biaa a onnya n’ahodeɛ nyinaa hɔ he ntumi nyɛ me suani.


Nkyene ho asɛm

34 “Ɔyɛ nɔkorɛ sɛ nkyene yɛ. Nso sɛ nkyene dɛ firi mu a, mmɛ ne bɛde bɛhyɛ nkyene bio?

35 Ɔnnyɛ mma asaase anaa sumina. Bɛto gu. Ma nea ɔwɔ aso he ntie.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan