Luka 12 - Apam FoforɔNyaatwom ho kɔkɔbɔ ( Mateo 10:26-33 ) 1 Afei, berɛ a nnipakuo mpempem pii he dɔɔso ama bɛakyere so ama beetiatia bɛ ho bɛ ho he, Yesu dii kane ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Honhwɛ yei Farisifoɔ mmɔreka a ɔyɛ nyaatwom he ho. 2 Na bibiaa nni hɔ a bɛakata so a ɔnna adi, anaa ahinta a benhu. 3 Nti bibiaa a hoaka no sum mu he bɛbɛte no hann mu, na nea hoaka agu aso mu kokoam he, bɛbɛpae mu aka no badwam. Nnipa suro ho kɔkɔbɔ 4 Bio nso, me nnamfonom, meeka akyerɛ ho sɛ, honnsuro bɛ a beku nipadua na ɔno akyi he bentumi nyɛ no hwee bio. 5 Na mmom mɛkyerɛ ho nea honsuro no. Honsuro nea oku wie a ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛto agu Gehenna (amanehunu kurom). Ampa! Meeka akyerɛ ho sɛ: Ɔno ne honsuro no. 6 Bɛtɔno akasanoma nnum gye nkaprɛ mma mmienu, ɔnyɛ saa? Nso bɛ mu baako mpo nni hɔ a Nyankopɔn werɛ firi no. 7 Na ho ti nwii mpo bɛakane ne nyinaa. Nti honnsuro; hosom bo paa kyɛne nkasanoma bebree. Ɔnsɛ sɛ yɛpa Kristo 8 “Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔgye me tom nnipa anim he, Nipa Ba he nso bɛgye no atom Nyankopɔn abɔfoɔ anim. 9 Na nea ɔpa me nnipa anim he, Nipa Ba he nso bɛpa no Nyankopɔn abɔfoɔ anim. Honhom Kronkron ne n’akwankyerɛ 10 Na biaa a ɔbɛka asɛm bi atia Nipa Ba he, bɛde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron he deɛ, bɛmfa nkyɛ no. 11 Na sɛ bɛde ho kɔ hyia adane mu, mpanyimfoɔ ne atumfoɔ anim a, honnwennwene nea hode beyi ho ho ano anaa nea hobɛka ho; 12 na dɔno heaa mu Honhom Kronkron bɛkyerɛ ho nnoɔma a ɔsɛ sɛ hoka.” Yesu mpɛ sɛ oyi atɛne 13 Afei bi firi nnipakuo he mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyadeɛ he.” 14 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Beema! Hwane ne de me sii ho so temmufoɔ anaa dekyɛfoɔ?” 15 Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma ho ani nna hɔ na honhwɛ yie anibereɛ nyinaa ho, efiri sɛ, sɛ nipa nya ne ho ma obu so mpo a, ɔnyɛ nnoɔma a ɔwɔ he mu ne ne obenya ne nkwa.” Adufudepɛ 16 Yei nti, ɔmaa bɛ mfantoho bi sɛ, “Defoɔ bi asaase soo aba pii. 17 Nti osusuu ne mu sɛ, ‘Ɛɛne ne menyɔ? Efiri sɛ, menni baabi a mede me nnɔbae besie.’ 18 Nti ɔkaa sɛ, ‘Nea meyɔ di. Medwiri m’apata agu na masisi akɛseɛ, na hɔ ne mɛboaboa m’ayuo ne me nnoɔma pa nyinaa ano agu; 19 na mɛka akyerɛ me kra sɛ, “ ‘Me kra, wowɔ nnoɔma pa pii a bɛaboa ano ama mfie pii, dwodwo wo ho, didi, nom, na gye w’ani.” ’ 20 Nso Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kwasea, anadwo yiaa bɛbɛgye wo kra afiri wo nsam. Na ɔba saa a, hwane ne nnoɔma a wode asie he bɛyɛ ne dea?’ 21 Saa ne nipa a ɔhyehyɛ agyapadeɛ fa nso ɔnyɛ defoɔ Nyankopɔn fam he teɛ.” Suro ne akyinnyegyeɛ ( Mateo 6:25-33 ) 22 Afei Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Yei nti, meeka akyerɛ ho sɛ, honnwennwene ho kra ho, nea hobedi anaa ho nipadua anaa nea hobɛhyɛ ho, 23 efiri sɛ kra he som bo pii sene aduane, na nipadua he nso sombo sene ataadeɛ. 24 Honhwɛ sɛ nkwããkwããdabi a bennua aba biaa na bentwa, na benni adekoradane anaa pata, nso Nyankopɔn ma bɛ aduane. Honnsom bo beberee nsene nnomaa anaa? 25 Ho mu hwane ne betumi adwendwene de dɔnhwere baako ato ne nkwa so? 26 Nti sɛ hontumi nyɔ nnoɔma nketewa a ɔte sei a, mmɛ nti ne hodwendwene nnoɔma a aka he ho? 27 Honhwɛ sɛnea asukooko nyini; ɔnyɛ adwuma na ɔnto asaawa; nso meeka akyerɛ ho sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu mpo he, wanhyehyɛ ne ho kamakama sɛ yeinom mu baako mpo. 28 Nti sɛ Nyankopɔn fira wuram nhahane a ɔya hɔ nnɛ na kyena bɛtwa de agu fononoo mu ahye no he ntoma saa a, mmɛ nti ne ommfira ho mmom a ho ho hia he ntoma? Oo! ho a ho gyidie sua! 29 Nti, honnhwehwɛ nea hobedi ne nea hobɛnom, na honnwennwene nnha ho ho; 30 efiri sɛ yeinom nyinaa ne nnoɔma a amane a ɔya wiase he di akyi dendenndene, na ho Agya nim sɛ hohia saa nnoɔma yi. 31 Na mmom honhwehwɛ Nyankopɔn ahennie, na bɛde yeinom nyinaa bɛka ho ho. Soro ahonyadeɛ ( Mateo 6:20-21 ) 32 “Honnsuro! Nwankuo ketewa, efiri sɛ ɔsɔ ho Agya ani sɛ ɔde ahennie he bɛma ho. 33 Hontɔno nnoɔma a howɔ na homfa nyɔ adɔeɛ. Honyɔ sika nkotokuo a ɔnsɛe mfa, na hompɛ agyapadeɛ a ɔya soro, baabi a akorɔmfoɔ ntumi nkowia na nwewemmoa nsɛe no, 34 na baabi a ho agyapadeɛ ya he, hɔ ne ho akoma nso ya. Honwɛne ntwɛne ho wura sanba ( Mateo 24:42-51 ) 35 “Hommɔ abɔsoɔ, na homma ho nkanea nnɛre, 36 na honyɛ ho ho sɛ nnipa a bɛɛtwɛne bɛ wura a ofiri awaregyeɛ ase ɔɔba, na sɛ obeduru na ɔbɔ mu a, bɛabie no ntɛmntɛm. 37 Nhyira ne nkoa a bɛ wura he bɛba abehu bɛ sɛ begu so ɔɔwɛne! Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama bɛatenatena didipono ho na waba abɛsom bɛ. 38 Na sɛ ɔba anadwo dasuom anaa nhemadeakyeɛ na ɔbɛto bɛ saa a, nhyira ne bɛ! 39 Nso honhu yei sɛ, sɛ fiewura nim dɔno korɔ a korɔmfoɔ bɛba a, nka wamma no ammetu ne dane ase ammewura mu. 40 Ho nso honsiesie ho ho, efiri sɛ dɔno a honsusu koraa mu ne Nipa Ba he bɛba.” 41 Afei Petro bisaa sɛ, “Awurade, wode mfantoho yi ɔɔma yɛ anaa wode ɔɔma bɛ nyinaa nso?” 42 Na Awurade buaa sɛ, Hwane koraa ne fiepanyini nɔkwafoɔ ne badwemma a ne wura de no bedi ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma bɛ bɛ aduane berɛ a ɔsɛ mu? 43 Nhyira ne saa akoa he a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔɔyɔ saa! 44 Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔde saa akoa he besi nea ɔwɔ nyinaa so. 45 Nso sɛ ɔkɔba sɛ akoa he ka no n’akoma mu sɛ, ‘Me wura akyɛre ba, na ofiri aseɛ boro nkoa ne mmaawa he, na odidi nom, na ɔboro a, 46 saa akoa he wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwane ne dɔno a onnim sɛ ɔbɛba mu, na ɔbɛtwe n’aso dendenndene na ɔde no afra bɛ a bɛnnye nni mu. 47 Nti akoa he a onim nea ne wura pɛ nso wansiesie ne ho anaa wanyɔ nea ɔpɛ he, bɛbɛbɔ no mmaa pii. 48 Nso nea onnim a ɔyɔɔ nnoɔma a ɔsɛ hweɛ he bɛbɛhwe no kakraa bi. Nɔkwasɛm ne sɛ, biaa a bɛma no pii he, bebebisa pii afiri ne hɔ, na nea bɛde pii hyɛ ne nsa he, ɔno ne bebebisa pii nso afiri ne hɔ. Akodie ho nkɔmhyɛ ( Mateo 10:34-36 ) 49 “Mebaa sɛ meebɛma gya asɔ asaase so, na sɛ asɔ dada a, mmɛ ne meehwehwɛ kyɛne yei? 50 Nɔkorɛ di, mewɔ asubɔ bi da m’anim, na hwɛ sɛnea me ho yera me kosi sɛ bebewie! 51 Hosusu sɛ mede asomdwie ne aba asaase so anaa? Ɔnte saa, na mmom mpaepaemu ne mede aba. 52 Na ofiri nnɛ, fie baako mu nnipa mmienu bedi mpaepaemu, na mmeɛnsa ne mmienu anya, na mmienu ne mmeɛnsa anya. 53 Bebedi mpaepaemu, agya bɛsɔre atia ne ba na ba asɔre atia n’agya, na na bɛsɔre atia ne babaa na babaa asɔre atia ne na, asebaa bɛsɔre atia n’ase, na ase nso asɔre atia n’asebaa.” 54 Afei Yesu toaa so ka kyerɛɛ nnipakuo he nso sɛ, “Sɛ hohu sɛ nsuo amuna atɔeɛ fam a, hoka ntɛmaa sɛ, ‘Nsuo ɔɔbɛtɔ’; na ɔba saa. 55 Na sɛ hohu sɛ anafoɔ fam mframa ɔɔbɔ a, hoka sɛ, ‘Ahuhuro ɔɔbɛba,’ na ɔbam. 56 Nyaatwomfoɔ, honim sɛnea bɛkyerɛ asaase ne wiem nsɛnkyerɛnne ase, afei, mmɛ nti ne honnim sɛnea bɛkyerɛ saa mmerɛ yi mu? 57 “Afei, ɛɛne nti ne ho ankasa honntumi nhu nea ɔfata sɛ hoyɔ? 58 Sɛ wo ne wo nkurobɔfoɔ ookodi asɛm tumfoɔ bi hɔ a, honam kwane so ɔɔkɔ he, bɔ mmɔdene sɛ wobesiesie wo ne no ntam, na wantwe wo ankɔ temmufoɔ he anim, na temmufoɔ he amfa woanhyɛ asennibea sohwɛfoɔ nsa, na asennibea sohwɛfoɔ he amfa wo ankɔto afiase. 59 Meeka akyerɛ wo sɛ, womfiri hɔ nkɔ gye sɛ woatua ka biaa a ɔsɛ sɛ wo tua ansa.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana