Luka 11 - Apam FoforɔAwurade mpaebɔ ( Mateo 6:9-13 ) 1 Na afei na Yesu ya baabi ɔɔbɔ mpaeɛ. Na owiee mpaebɔ he, n’asuafoɔ he mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛ sɛnea bɛbɔ mpaeɛ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ he.” 2 Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Berɛ biaa a hobɛbɔ mpaeɛ he, honka sɛ, “Agya, anidie nka wo dini. W’ahennie mmra. 3 Ma yɛ aduane nnɛ nso, sɛnea wode ma yɛ daa he. 4 Na fa yɛ bɔne kyɛ yɛ, sɛnea yɛ ankasa nso yɛde akyɛ bɛ a bɛde yɛ ka. Na nnyae yɛ mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.” Mpaebɔ ho nsiyɛ 5 Bio nso, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho mu hwane ne wɔ adamfoɔ a ɔbɛkɔ ne nkyɛne dasuom akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Damfo, fɛm me paanoo mmeɛnsa, 6 na m’adamfoɔ bi firi kwane so aba me nkyɛne, na menni hwee a mede bɛma no adi.’ 7 Na n’adamfoɔ he bebua sɛ, ‘Nha m’adwene. Yɛato pono he mu dada, na me ne mma ada; mentumi nsɔre mmɛma wo hwee.’ 8 Meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ ɔkaa sɛ ɔyɛ n’adamfoɔ nkoaa deɛ a, nka ɔnsɔre mmɛma no hwee, nso esiane sɛ odwane ne ho nti ɔbɛsɔre abɛma no nea ohia. Bɔhyɛ ahodoɔ mmeɛnsa ( Mateo 7:7-11 ) 9 Nti meeka akyerɛ ho sɛ, hommisa, na bɛde bɛma ho; honhwehwɛ, na hobehu; hommom na bebebie ho. 10 Na biaa a obisa he onya, na biaa a ɔhwehwɛ he ohu, na biaa a obom he bebebie no. 11 Ho mu hwane koraa ne ɔyɛ agya a sɛ ne ba bisa no adwene a, ɔde wɔ bɛma no na ɔmma no adwene? 12 Anaa sɛ obisa kosua nso a, ɔde naanantwi bɛma no? 13 Nti, sɛ ho a hoyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛnea hode akyɛdeɛ pa ma ho mma a, mprɛ dodoɔ sɛ ne ho Agya a ɔya soro he mfa Honhom Kronkron mma bɛ a bebisa no?” Nkɔnkɔnsa bi ho mmuaeɛ ( Mateo 12:22-30 ; 12:43-45 ; Marko 3:22-27 ) 14 Afei na Yesu ootu honhommɔne afiri mum bi mu. Honhommɔne he firiiɛ he, beema a ɔyɛ mum he kasaeɛ. Na ɔyɛɛ nnipadɔm he nwanwa. 15 Nso bɛ mu binom kaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne panyini Beelsebul so ne ootu ahonhommɔne.” 16 Nso, binom a na bɛpɛ sɛ bɛsɔ no hwɛ firii aseɛ hwehwɛɛ nsɛnkyerɛnne a ofiri soro firii ne hɔ. 17 Na ohuu bɛ nsusuiɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ. “Ahennie biaa a ɔne ne ho di asie he dane amamfõõ, na fie a mpaapaemu yam he nso bɔ. 18 Na sɛ Satan nso ne ne ho di asie a, ɔbɛyɛ dɛ na n’ahennie agyina? Meeka yei, efiri sɛ hodɛ menam Beelsebul so ne metu ahonhommɔne. 19 Sɛ menam Beelsebul so ne metu ahonhommɔne a, ɔnam hwane so ne ho nkurofoɔ nso tu bɛ? Yei nti hoaa ho nkurofoɔ he bebu ho atɛne. 20 Na sɛ menam Nyankopɔn tumi so ne metu ahonhommɔne a, hedeɛ Nyankopɔn ahennie ayi ne ho adi akyerɛ ho. Bronsam tumi so nkunimdie 21 Sɛ beema hoɔdenfoɔ bi hyehyɛ ne ho wɛne n’aban a, n’agyapadeɛ nya ahobammɔ. 22 Nso sɛ bi a ne ho ɔdene sene no bɛto hyɛ no so di no so a, ɔgye n’akodeɛ a ɔde ne ho to so he nyinaa, na ɔkyɛ nnoɔma a ɔfa firi ne nkyɛne he nyinaa. 23 Nea onni m’afa he ko tia me, na nea ɔne me mmoaboa ano he nso hwete nea m’aboaboa ano he mu. Honhom fĩ akyisane 24 “Sɛ Honhom fĩ bi firi nipa mu a, okokyinkyini akwaweɛ so kɔhwehwɛ homebea, na sɛ wannya bi a, ɔka sɛ ‘Mɛsane akɔ me fie a metu firii mu he mu.’ 25 Na ɔba a, obehu sɛ bɛaprapra mu kama de nnoɔma asiesie mu. 26 Nti ɔsane kɔ kɔfa Honhom nson foforɔ a bɛyɛ werɛmfoɔ sene no ka he ho, na bɛba mu bɛtena hɔ; na saa nipa he awieeɛ sɛe sene kane he.” Setie 27 Na Yesu gu so ɔɔka yeinom he, baa bi firi nnipakuo he mu teaam ka sɛ, “Nhyira ne yafunu a ɔnyinsɛne wo ne nofoɔ a wonomeeɛ!” 28 Nso ɔkaa sɛ, “Daabi, mmom, nhyira ne bɛ a betie Nyankopɔn asɛm na bedi so!” Yudafoɔ fɔdie kyɛne amanamane mufoɔ deɛ ( Mateo 12:38-42 ) 29 Berɛ a nnipakuo he ɔɔboaboa bɛ ho ano he, ofirii aseɛ kaa sɛ, “Awoɔ ntoatoaso yi yɛ awoɔ ntoatoasoɔ bɔne; bɛhwehwɛ nsɛnkyerɛnne. Nso bɛmma bɛ sɛnkyerɛnne biaa ka Yona nsɛnkyerɛnne he ho. 30 Na sɛnea Yona bɛyɛɛ nsɛnkyerɛnne maa Ninewefoɔ he, saa ne nipa Ba he nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama awo ntoatoaso yi. 31 Bebenyane anafoɔ fam hemmaa he ne saa awo ntoatoasoɔ yi mu nnipa atemmuo he mu na obebu bɛ fɔ; efiri sɛ ofiri asaase ano betiee Salomo nyansa, nso hwɛ, nea ɔsene Salomo ya ha. 32 Bebenyane Ninewefoɔ ne awo ntoatoaso yi atemmuo mu; na bebebu ntoatoaso yi fɔ, efiri sɛ Ninewefoɔ he sakraa bɛ adwene berɛ a Yona bɔɔ bɛ kɔkɔ he; nso, hwɛ, nea ɔsene Yona ya ha. Kanea adwuma ( Mateo 6:22-23 ) 33 “Sɛ bi sɔ kanea a, ɔmfa nsi kokoam, saa ara nso ne ɔmfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom ɔde si kaneadua so, sɛnea bɛ a bɛba mu he behu hann he. 34 Nipadua he kanea ne ani. Nti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa nso hyerɛn; na sɛ ɔnyɛ a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu. 35 Nti, homma ho ani nna hɔ; na hann a ɔya ho mu he annane sum. 36 Nti, sɛ wo nipadua nyinaa hyerɛn na baabiaa nyɛ sum a, ne nyinaa bɛhyerɛn te sɛ nea kanea hyerɛn ma benya hann he.” Farisini bi fie adidie ( Mateo 23:1-36 ) 37 Berɛ a Yesu kaa yei he, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no mmedidi. Nti ɔkɔɔ hɔ kɔtenaa adidipono ho. 38 Nso, berɛ a Farisini no huu sɛ wanni kane anhohoro ne nsa ansa na oodidi he, ɔyɛɛ no nwanwa. 39 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Ho Farisifoɔ, ho hohoro kuruwa ne ayowa ho, na ho mu deɛ, amim ne nnebɔne ahyɛ mã: 40 Nnipa a honni adwene! Ɔnyɛ nea ɔyɔɔ akyi heaa ne yɔɔ mu he nso? 41 Nso, homfa nea ɔya mu he nyɔ adɔeɛ, na hwɛ, nnoɔma a aka nyinaa ho ate ho fam. 42 “Na ho Farisifoɔ deɛ, honnue, efiri sɛ hoyi mẽẽ, nunum ne kumin nyinaa so ntotosoɔ du du, nso hototo atɛntenenee ne Nyankopɔn dɔ ase! Saa nnoɔma yi ne ɔsɛ sɛ nka hoyɔ, na nea aka he nso ɔnsɛ sɛ hoyi firi mu. 43 Honnue, ho Farisifoɔ, efiri sɛ hopɛ hyia adane mu nkonnwa a osisi animu ne dwa so nkyea! 44 Honnue, efiri sɛ hote sɛ adamena a ahinta na nnipa nante so a bennim!” 45 Afei mmarakyerɛfoɔ he mu baako buaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a yɛ nso woadidi yɛ atɛm.” 46 Na ɔkaa sɛ, “Ho nso Honnue, ho a honim mmara he, efiri sɛ hode nnesoa a mu oduru soa nnipa, nso ho ankasa hommfa ho nsateaa baako mpo nka nnesoa he! 47 “Honnue sɛ hoto adiyifoɔ a ho agyanom ne kuu bɛ nna so! 48 Nɔkorem he, hoyɛ ho agyanom nnwuma ho adansefoɔ, nso hofoa bɛ so, efiri sɛ yeinom ne bekuu adiyifoɔ he, na ho ne hooto bɛ nna so. 49 Yei nti na Nyankopɔn nyansa nso kaa sɛ, ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ bɛ nkyɛne, na bebeku bɛ mu binom ataa binom. 50 Nti ne bebebisa adiyifoɔ he nyinaa mogyaa a bɛahwie agu firi wiase ahyaseɛ afiri awo ntoatoaso yi hɔ, 51 efiri Habel mogyaa so kosi Sakaria a bekuu no afɔrebokyia he ntomadane he ntam he mogyaa so.’ Ɛɛ, meka akyerɛ ho sɛ bebebisa afiri awo ntoatoaso yi hɔ. 52 “Honnue, ho mmarakyerɛfoɔ, efiri sɛ hoagye nimdeɛ safoa he, nso ho ankasa hoankɔ mu, na bɛ a bɛɛkɔ mu he nso hosi bɛ kwane!” 53 Nti ofirii hɔ he, Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he befumm ne ho na bebisabisaa no nsɛm foforɔ pii de hyɛɛ no abufuo 54 na bɛtɛɛ no hwɛɛ sɛ bebenya asɛm bi afiri n’anum anaa. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana