Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Luka 10 - Apam Foforɔ


Asɛmpakafoɔ aduɔson he
( Mateo 10:7-16 )

1 Yeinom akyi he, Awurade yii nnipa foforɔ aduɔson somaa bɛ mmienu mmienu dii n’anim kɔɔ kuro biaa ne baabiaa a na ɔno ankasa ɔɔbɛkɔ hɔ.

2 Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Twa adwuma he sõ, nso adwumayɔfoɔ he sua. Nti honsrɛ twa he Wura he na ɔnsoma adwumayɔfoɔ mmra ne twa he mu.

3 Honkɔ. Hwɛ, meesoma ho sɛ nwammaa akɔ mpataku mu.

4 Hommfa sika bɔtɔ, aduane bɔtɔ, anaa mpaboa, sɛ honam kwane so ɔɔkɔ a homma nkyea mfa ho mmerɛ bebree.

5 Baabiaa a hobɛhyɛne fie bi mu he, honni kane nka sɛ, ‘Asomdwie mmra fie yi mu!’

6 Na sɛ nipa bi ya hɔ a ɔɔhwehwɛ asomdwie a, ho asomdwie bɛkɔ no so. Nso sɛ bi nni hɔ saa a, ho asomdwie bɛsane aba ho so.

7 Nti hontena saa fie he mu, na honni na honnom nea bɛde bɛma ho he, efiri sɛ dwumayɔni fata sɛ onya akatua. Honntu mmfiri fie baako mu nkɔ foforɔ mu kɔpem sɛ hobewie adwuma hooyɔ kuro he mu he.

8 “Afei nso, berɛ biaa a hobɛhyɛne kuro bi mu na bɛbɛgye ho he, honni nea bɛde besi ho anim he,

9 na honsa mu ayarefoɔ yadeɛ, na honka nkyerɛ bɛ sɛ, ‘Nyankopɔn ahennie he abɛne ho.’

10 Nso berɛ biaa a hobɛhyɛne kuro bi mu a bɛannye ho he, homfiri adi nkɔ n’atempɔno so na honka sɛ,

11 ‘Ho kuro yi mu mfuturo mpo a oguu yɛ nane ho he, yɛ aporoporo agu ho so. Nso, homma ɔntena ho adwene mu sɛ Nyankopɔn ahennie he abɛne.’

12 Meeka akyerɛ ho sɛ atemmuda da he, Nyankopɔn behu Sodom mmɔbɔ asene saa kuro he.


Korasin, Betsaida ne Kapernaum

13 “Korasin, due! Betsaida, due! Efiri sɛ ahoɔdenneɛ a bɛayɔ no ho mu yi, sɛ bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛsakra bɛ adwene ntɛm so firaa ayitoma de nsõ guguu bɛ tim.

14 Nti Nyankopɔn behu Tiro ne Sidon mmɔbɔ atemmuo he mu akyɛne ho.

15 Na wo Kapernaum, bɛbɛma wo so akɔ soro anaa? Daabi! Asamando ne wobɛsiane akɔ!

16 “Nea otie ho he tie me nso. Na nea obu ho animtia he bu me nso animtia. Afei nso, nea obu me animtia he bu nea ɔsomaa me he nso animtia.”


Aduɔson he saneba

17 Na nnipa aduɔson he de anigye sane baeɛ bɛkaa sɛ, “Awurade, wo dini a yɛde yɔɔ adwuma nti ahohommɔne mpo brɛɛ bɛ ho ase maa yɛ!”

18 Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Maahu sɛ Satan firi soro ahwe ase sɛ anyinam.

19 Hwɛ, maama ho tumi a hode betiatia awɔ ne naanantwi so, ne nea hode bedi tamfoɔ he tumi nyinaa so, na bɔne biaa ɔnto ho da.

20 Nso honnni yei ho ahurusie, sɛ ahonhom abrɛ bɛ ho ase ama ho, na mmom honni ahurusie sɛ bɛatwerɛ ho dini soro.”


Yesu aseda mpaebɔ
( Mateo 11:25-27 )

21 Saa dɔno heaa mu he, anigye hyɛɛ Yesu mã Honhom Kronkron mu, na ɔkaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ, efiri sɛ yeinom ahinta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa. Ɔyɛ ampa, Agya, efiri sɛ ɔyɛ wo pɛ sɛ ɔba saa.

22 M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa, na biaa nnim onii ko a Ba he yɛ, gye Agya he; na biaa nnim onii a Agya he yɛ, gye Ba he ne nea Ba he pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no nkoaa.”

23 Afei ɔdanee ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ he kaa sɛ, “Nhyira ne ani a ohu nnoɔma a hohu yi!

24 Na meeka akyerɛ ho sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ behu nnoɔma a hohu yi nso bɛanhu, bɛpɛɛ sɛ bɛte nsɛm a hote yi nso bɛante.”


Hwane ne me yɔnkɔ paa?
( Mateo 22:35-40 ; Marko 12:28-34 )

25 Afei, hwɛ, beema bi a onim Mmara he sɔree sɛ ɔɔsɔ no ahwɛ, na ɔkaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, abɛ paa ne sɛ meyɔ a, menya daa nkwa?”

26 Yesu bisaa no sɛ, “Ɛɛne ne bɛatwerɛ Mmara he mu? Mmɛ ne wokenkane firii Mmara he mu?”

27 Obuaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ wode wo akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne wo ahoɔdene nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn, na wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

28 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yei; kɔ so yɔ yei na wobenya nkwa.”

29 Nso, beema he pɛɛ sɛ obu ne ho bem nti, obisaa Yesu sɛ, “Na hwane ne me yɔnko?”

30 Yesu buaa sɛ, “Na beema bi firi Yerusalem oosiane akɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwamukafoɔ mu ma bɛworɔɔ ne ho ntaadeɛ bobɔɔ no, gyaa no hɔ kɔeɛ a na watɔ baha.

31 Afei, ɔbaa sɛ na sɔfo bi ootwam saa kwane he so, nso berɛ a ohuu no he, ɔfaa kwane he fã baabi kɔeɛ.

32 Saa nso ne berɛ a Lewini bi nso duruu hɔ a ohuu no he, ɔfaa kwane he fã baabi kɔeɛ.

33 Yei akyi he, Samariani bi a ɔnam kwane he so ootu kwane bɛtoo no, na ohuu no he, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.

34 Nti ɔkɔɔ ne nkyɛne de aduro kekaa n’akuro he mu kyekyeree so. Afei ɔde no tenaa n’ankasa aboa so de no kɔɔ ahɔhodane mu kɔhwɛɛ no.

35 Na adeɛ kyeeɛ he, oyii sika a ne dodoɔ bɛyɛ paani nnaanu akatua de maa ahɔhodane sohwɛfoɔ he kaa sɛ, ‘Hwɛ no, na ka biaa a wobɛbɔ yei akyi he, mesane ba a, metua ama wo.’

36 Saa nnipa mmeɛnsa yi mu deɛ ɔya he ne wosusu sɛ wada ne ho adi sɛ beema a ɔkɔtɔɔ akwamukafoɔ mu he yɔnko paa?”

37 Ɔkaa sɛ, “Nea ohuu no mmɔbɔ he a.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na wo nso kɔyɔ saa.”


Marta ne Maria

38 Afei berɛ a bɛɛkɔ he, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Ha ne baa bi a bɛfrɛ no Marta gyee no kɔɔ fie sɛ hɔhoɔ.

39 Na saa baa yi wɔ nuabaa bi a bɛfrɛ no Maria, na ɔno deɛ ɔtenaa Awurade nane ase tiee asɛm a na ɔɔka he.

40 Nso Marta deɛ, na nnwuma bebree agye n’adwene. Nti ɔba bɛkaa sɛ, “Awurade, wonhu sɛ me nuabaa he agya me hɔ a me nkoaa ne meeyɔ adeɛ nyinaa? Nti ka kyerɛ no na ɔmmɛboa me.”

41 Nso Awurade buaa no sɛ, “Marta, Marta, wodwendwene bebree na wode nnoɔma pii ha wo ho.

42 Nso, adeɛ baako pɛ ne hia. Maria deɛ, waayi nea ɔyɛ he, ɔno ne bɛnnye mfiri ne nsam.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan