Luka 1 - Apam FoforɔLuka twerɛɛ Nwoma he maa Teofilo 1 Esiane sɛ nnipa bebree afa ato bɛ ho so sɛ bɛbɛkyerɛ nsɛm a abam yɛ ntam he nnidisoɔ nnidisoɔ, 2 sɛnea bɛ a befiri mfitiaseɛ de bɛ ani huiɛ na bɛyɛɛ asɛm he ho asomfoɔ he de abra yɛ he nti, 3 Nimuonyamfoɔ Teofilo, me nso maabɔ me tim pɔ sɛ nea meaa mahwehwɛ mu defedefe firi ahyɛaseɛ he, meetwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ de ama wo, 4 na woahu nɔkorɛ a ɔfa nnoɔma a bɛakyerɛkyerɛ wo he ho. Suboni Yohane awofoɔ 5 Yudea hene Herode berɛ so he, na sɔfo bi ya hɔ a bɛfrɛ no Sakaria a ofiri Abia asɔfokuo he mu, na ne yerɛ yɛ Aaron mma mmaa he mu baako a ne dini de Elisabet. 6 Na bɛ mmienu nyinaa tene Nyankopɔn anim di Awurade mmara ne n’atemmudeɛ ne n’atenenedeɛ nyinaa so pɛpɛɛpɛ a asɛm biaa nni bɛ ho. 7 Na benni ba, efiri sɛ, na Elisabet yɛ bonyini, na bɛ mmienu nyinaa nso anyinyini paa. Suboni Yohane awoɔ ho nkɔmhyɛ 8 Berɛ a oduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ bɛne bɛyɔ asɔfodwuma he, na Sakaria ɔɔyɔ n’asɔfodwuma Nyankopɔn anim he, 9 na sɛnea asɔfodwuma ho amanneɛ teɛ he, bɛtwee ntonto yii no sɛ ɔno ne nkɔ Awurade kronkronbea hɔ nkɔhye aduhwam. 10 Na berɛ a ɔɔhye aduhwam he, na nnipadɔm he nyinaa ya adihɔ ɔɔbɔ mpaeɛ. 11 Awurade bɔfoɔ begyinaa aduhwam afɔrebokyia he nifa yii ne ho adi kyerɛɛ no. 12 Berɛ a Sakaria huu no he, ne ho yeraa no na ɔbɔɔ hu. 13 Nso bɔfoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ. “Nsuro, Sakaria, efiri sɛ bɛatie w’adesrɛ, na wo yerɛ Elisabet bɛwo babeema ama wo, na woato ne dini Yohane. 14 W’ani bɛgye na woadi ahurusie, na nnipa pii hobɛsɛpɛ bɛ, ɔnam n’awoɔ he nti; 15 efiri sɛ, ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim. Nso ɔnsɛ sɛ ɔnom bobesa ne nsãdene biaa, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no mã firi ne maame yam; 16 na ɔbɛdane Israel mma pii asane aba Awurade bɛ Nyankopɔn nkyɛne. 17 Na ɔde Elia honhom ne tumi bedi Awurade anim na wadane agyanom akoma aba bɛ mma so asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie mane he ama Awurade.” 18 Afei Sakaria bisaa bɔfoɔ he sɛ. “Maabɔ akɔkora na me yerɛ nso mfie kɔ animu paa. Afei ɔbɛyɛ dɛ na nea wooka yi abam?” 19 Bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Mene Gabriel, Nyankopɔn somfo a wasoma me sɛ me ne wo mmɛkasa na menka nnoɔma yi ho asɛmpa nkyerɛ wo. 20 Hwɛ! Wobɛtɔre mum, wontumi nkasa kosi da a yeinom bɛba mu, efiri sɛ, woannye me nsɛm a ɔbɛba mu berɛ a bɛahyɛ mu he anni.” 21 Saa berɛ he nyinaa na nkurofoɔ he ɔɔtwɛne Sakaria, na ɔyɛɛ bɛ nwanwa sɛ wakyɛre kronkronbea hɔ saa. 22 Nso ɔbaeɛ he wantumi ne bɛ ankasa, na behuu sɛ wakohu bibi kronkronbea hɔ, na ɔde ni ti ne ne nsa yɔɔ nsɛnkyerɛnne kyerɛɛ bɛ efiri sɛ wantumi ankasa. 23 Afei nna a Sakaria de ɔɔsom he baa awieeɛ he, ofirii hɔ kɔɔ ne fie. 24 Nna yi akyi he, ne yerɛ Elisabet nyinsɛneeɛ; na ɔde ne ho siee abosome nnum, na ɔkaa sɛ: 25 “Yei ne kwane a Awurade afa so ne me adi berɛ a wabɛhwɛ me sɛ oobeyi m’ahohora nnipa anim afiri hɔ he mu.” Yesu awoɔ ho nkɔmhyɛ 26 Na Elisabet anyinsɛne mu bosome a ɔtoɔ so nsia he, Nyankopɔn somaa bɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea kuro a bɛfrɛ no Nasaret mu, 27 babunu bi a bɛde no ama beema bi a bɛfrɛ no Yosef a ofiri Dawid fie asiwa he nkyɛne; na babunu he dini ne Maria. 28 Ɔkɔɔ ne nkyɛne he, ɔkyea no kaa sɛ, “Asomdwie nka wo, wo a bɛadom wo, Awurade ka wo ho.” 29 Na asɛm he maa Maria ho dwirii no yie, na ɔdwendwenee ho sɛ, “Mmɛ nkyea di?” 30 Nti bɔfoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro Maria, na woanya Nyankopɔn anim adom; 31 na hwɛ, wobenyinsɛne na woawo babeema, na woato no dini Yesu. 32 Ɔno ne bɛyɛ kɛse, na bɛbɛfrɛ no Sorosoroni he Ba; na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no, 33 na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahennie ɔmma awieeɛ da.” 34 Maria bisaa bɔfoɔ he sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na yei aba mu berɛ a me ne beema nnaa da?” 35 Afei bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so, na Sorosoroni he tumi bɛkata wo so. Yei nti ne bɛbɛfrɛ nea wobɛwo no he Kronkron, Nyankopɔn Ba. 36 Hwɛ! Wo busuani Elisabet nso anyinsɛne babeema ne mmerewaberɛ mu, na ɔno a bɛfrɛ no bonyini he anyinsɛne bosome nsia di; 37 efiri sɛ, Nyankopɔn fam deɛ, bibiaa nni hɔ a ontumi mma mu.” 38 Afei Maria kaa sɛ. “Hwɛ! Meyɛ Awurade afenaa! Ɔmmra mu sɛdeɛ waka he.” Na bɔfoɔ he firii ne nkyɛne kɔeɛ. Maria kɔsraa Elisabet 39 Afei Maria sɔree saa nna he mu de ahoɔhare kɔɔ Yuda kuro bi a ɔda bepɔ so mu, 40 ɔkɔɔ Sakaria fie, na ɔkyeaa Elisabet. 41 Na Elisabet tee Maria nkyea heaa pɛ, akokoa a ɔhyɛ ne yafunu mu he huruiɛ; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet mã, 42 na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Bɛahyira wo mmaa nyinaa mu, na bɛahyira wo yafunu mu aba! 43 Mmɛ akwannya ne manya sɛ m’Awurade maame aba me nkyɛne yi? 44 Hwɛ! Wo nkyea twaa m’asomaa pɛ ne akokoa a ɔya me yam he de anigyeɛ kɛseɛ huruiɛ. 45 Na nhyira nso ne nea wagye adi, efiri sɛ nea ofiri Awurade hɔ a bɛabɛka akyerɛ no he biaa bɛyɛ hɔ.” 46 Maria kaa sɛ. “Me kra kamfo Awurade, 47 na m’Agyenkwa Nyankopɔn ho ne me honhom di ahurusie; 48 Efiri sɛ waahwɛ n’afenaa hianiwaa. Nɔkorɛ, efiri nnɛ ɔɔkɔ yi, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me nhyira; 49 efiri sɛ Nea ɔwɔ tumi he ayɔ adeɛ kɛseɛ ama me, na ne dini ne Kronkron; 50 efiri awoɔ ntoatoasoɔ so kosi awoɔ ntoatoasoɔ so he, ohu bɛ a besuro no he mmɔbɔ. 51 Ɔde ne basa ayɔ ahoɔdenneɛ, waabɔ bɛ a bedi ahantansɛm bɛ akomam apansam: 52 Waatu atumfoɔ afiri bɛ nhennwa so na waama mmɔborɔfoɔ so; 53 waama nnepa amee bɛ a kɔm de bɛ na waama bɛ a bɛwɔ ahodeɛ de nsapan kɔ. 54 Wabɛhwɛ n’akoa Israel, na wakaeɛ ne mmɔborɔhunu 55 daa sɛnea ɔka kyerɛɛ yɛ agyanom, Abraham ne n’asefoɔ he.” 56 Na Maria tenaa ne nkyɛne bɛyɛ abosome mmeɛnsa, na ɔsane kɔɔ ne fie. Suboni Yohane awoɔ 57 Na Elisabet awoɔ duruu so he, ɔwoo babeema. 58 Na mpɔtamu hɔfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛ Awurade mmɔborɔhunu adɔɔso ne so he, bɛ ne no dii ahurusie. 59 Na da a ɔtɔ so nwɔtwe he, bɛbaa sɛ beebetwa abɔfra kumaa he twetia, na nka bɛde no ɔɔto ne papa Sakaria. 60 Nso ne maame kaa sɛ, “Daabi! Bɛbɛfrɛ no Yohane.” 61 Afei bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Biaa nni w’abusua mu a ne dini de saa.” 62 Nti bɛde nsɛnkyerɛnne bisaa ne papa sɛnea ɔpɛ sɛ bɛfrɛ no. 63 Afei ɔgyee boɔ twerɛ-pono twerɛɛ so sɛ, “Ne dini ne Yohane.” Na ɔyɛɛ bɛ nyinaa nwanwa. 64 Mpofirem hɔaa Sakaria ano bieeɛ na ne kɛtrɛma saneeɛ na ofirii aseɛ kasaeɛ, na ohyiraa Nyankopɔn. 65 Hu kaa bɛ a bɛte mpɔtamu hɔ nyinaa; na befirii aseɛ kaa yeinom nyinaa ho asɛm Yudea nkuro a ɔdeda mmepɔ so he nyinaa mu, 66 na bɛ a bɛteeɛ nyinaa de siee bɛ akoma mu, na bebisaa sɛ, “Ɛɛne koraa ne abɔfra kumaa yi bɛyɔ?” Nea nti a bɛkaa saa ne sɛ, na bennim sɛ Awurade nsa ya abɔfra he so ampa. Sakaria nhyira dwom 67 Na Honhom Kronkron hyɛɛ ne papa Sakaria ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: 68 “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, sɛ wama n’ani aba ne nkurofoɔ so na wagye bɛ. 69 Waama nkwagyeɛ abɛne n’akoa Dawid fie ama yɛ, 70 sɛnea ɔnam n’adiyifoɔ kronkron a bɛtenaa ase tete he anum asɛ so aka 71 sɛ ɔbɛgye yɛ afiri yɛ atamfoɔ ne bɛ a bɛmpɛ yɛ asɛm nyinaa nsam he; 72 waahu yɛ agyanom mmɔbɔ de akaeɛ n’apam kronkron he, 73 ntam a ɔka kyerɛɛ yɛ agya Abraham 74 sɛ onya gye yɛ firi atamfoɔ nsam a, ɔbɛma yɛ ho kwane de asom no a yensuro, 75 ahoteɛ ne tenenee mu n’anim, yɛ nna nyinaa. 76 Na wo abɔfra kumaa yi, bɛbɛfrɛ wo Sorosoroni he diyifoɔ, efiri sɛ wobedi Awurade anim akosiesie n’akwane, 77 na waama ne nkurofoɔ anya nkwagyeɛ a ɔnam bɛ bɔne fakyɛ so ba he ho nimdeɛ, 78 yɛ Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti. Saa mmɔborɔhunu yi nti adekyeɛ hann firi soro bepie yɛ so, 79 ama bɛ a bɛtete sum ne wuo sunsum ase he anya hann, na wagye yɛ taataa akɔ asomdwie kwane so.” 80 Na abɔfra kumaa he nyini yɛɛ dene honhom mu, na ɔtenaa serɛ so kosii da a oyii ne ho adi kyerɛɛ Israel. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana