Hebrifoɔ 9 - Apam FoforɔAsaase ne soro kronkronbea he 1 Na afei kane apam he wɔ nhyehyɛeɛ ya hɔ ma som ne asaase so kronkronbea. 2 Na besii ntomadane he mu pie, mekyerɛ deɛ bedi kane wuram ansa na bɛawura nea ɔtɔ so mmienu he mu. Saa dane yi mu ne na kaneadua, didi-pono ne Kyerɛ-paanoo he ya; hɔ ne bɛfrɛ no Kronkronbea he. 3 Twamtam a ɔtɔ so mmienu he akyi ne ntomadane a bɛfrɛ no Kronkron mu Kronkron he ya. 4 Mu ne sikakɔkɔɔ aduhwamhyeɛ bokyea ne apam adaka a bɛde sikakɔkɔɔ adura ho nyinaa, mu ne sika kuruwaa a mana yam ne Aaron poma a ɔfefɛeɛ ne apam aboɔpono he ya; 5 so ne animuonyam Kerubim he kata mpata adwa he so. Saa nnoɔma yi deɛ yentumi nka ho asɛm nkɔ akyiri seesei. 6 Sɛ bewie saa nnoɔma yi siesie a, asɔfo he kɔ ntomadane a odi kane he mu daa kɔyɔ bɛsom adwuma; 7 Na deɛ ɔtɔ so mmienu he deɛ, sɔfo panyini he nkoaa ne afe biaa ɔkɔ hɔ prɛko, berɛ a ɔde mogyaa kɔbɔ afɔreɛ, ɔnam ɔnoaa ne mfomsoɔ ne mane he deɛ nti. 8 Nti Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ mmerɛ tentene a na ntomadane a odi kane he da so si hɔ he, na bennya nyii kwane a ɔkɔ kronkronbea he adi. 9 Na ɔyɛ mfatoho de ma yɛ nnɛ mmerɛ yi. Saa nhyehyɛeɛ mu he bɛde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ nso mma a ontumi mma deɛ ɔsom he nni mu n’ahonim fam, 10 na mmom, ɔyɛ nhyehyɛeɛ a ɔfa aduane ne anonneɛ ne asubɔ hodoɔ ho, nhyehyɛeɛ a ɔfa nipadua he ho nkoaa kosi sɛ mmerɛ bɛbɛba a bɛtoto nnoɔma nyinaa yie. Kristo asɔfodie a odi mu 11 Nso Kristo deɛ, berɛ a ɔbaa sɛ nnoɔma pa a aba he ho sɔfo panyini he, na afei ɔnam ntomadane a ɔkyɛne so na odi mu he mu he (nyɛ deɛ bɛde nsa ayɔ, meekyerɛ sɛ nyɛ adebɔ yi mu), 12 ɔhyɛnee Kronkron mu Kronkron hɔ prɛko pɛ. Kristo amfa mmirekyie ne anantwie mogyaa, na mmom ɔde ɔno ankasa ne mogyaa ne nyaa daa gyeɛ maa yɛ. 13 Na sɛ mmirekyie ne anantwinyini mogyaa ne nantwibedeɛ mma nso mogyaa a bɛde petee bɛ a na bɛ ho agu fi ho maa bɛ honam ho teeɛ a, 14 ɔbɛyɛ dɛ ne Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ho nni dɛm maa Nyankopɔn he mogyaa ontumi nte ho ahonim ho mfiri nnwuma funu nyinaa mu ma ho nkɔsom Nyankopɔn a ɔte ase he? Kristo yɛ Apam foforɔ ntamgyinafoɔ 15 Sɛ saa deɛ a, Kristo yɛ apam foforɔ ho ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɛ a bɛafrɛ bɛ he benya daa agyapadeɛ a bɛahyɛ ho bɔ he, efiri sɛ wuo a owuiɛ he agye bɛ afiri apam a odi kane he mmarato ase. 16 Ansa na bi nsamanseɛ betumi adi dwuma he, na nea ɔhyɛeɛ he awu, 17 efiri sɛ wuo akyi ne bɛ de nsamanseɛ di dwuma, mprɛ dodoɔ a nea ɔhyɛeɛ he te ase he deɛ ne nsamanseɛ he ntumi nni dwuma. 18 Yei nti woankwati mogyaa amfa apam a odi kane he ansi hɔ, 19 efiri sɛ mmerɛ a Mose kaa ahyɛdeɛ biaa ne ahyɛdeɛ ho asɛm kyerɛɛ mane he, sɛdeɛ mmara he teɛ he, ɔfaa nantwie mma ne mmirekyie mogyaa, ne nsuo ne ntoma kɔkɔɔ a sommɛ bɔ ano na ɔde petee nwoma heaa ne mane he nyinaa so, 20 kaa sɛ, “Yei ne apam he mogyaa a Nyankopɔn ahyɛ ama ho.” 21 Na saa kwane heaa so ne ɔde mogyaa he petee ntomadane ne nnoɔma a bɛde yɔ som adwuma he nyinaa ho. 22 Nɔkwasɛm, bɛde mogyaa te bibiaa ho sɛdeɛ mmara he teɛ he, na sɛ mogyaa angu a bɔne fakyɛ nni hɔ. Kristo afɔrebɔ yi bɔne hɔ 23 Nti ohia sɛ soro nnoɔma he ho nhwɛsoɔ he, bɛde saa amanneɛ yi te ho, nso soro nnoɔma he ankasa hia afɔreɛ a odi mu kyɛne yeinom. 24 Na Kristo anhyɛne kronkronbea a bɛde nsa ayɔ a ɔyɛ kronkronbea kann he ho nhwɛsoɔ he mu, na mmom ɔhyɛnee soro ankasa sɛ afei ookoyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛ. 25 Saa ara nso ne wanhyɛne hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ mprɛ pii, sɛdeɛ sɔfo panyini hyɛne kronkronbea hɔ de mogyaa a ɔnyɛ ɔno ankasa ne mogyaa kɔ bɔ afɔdeɛ afe biaa he; 26 efiri sɛ nka obehu amane da biaa firi wiase ahyɛaseɛ. Nso sɛdeɛ ɔteɛ yi deɛ, waayi ne ho adi prɛko ama biaa kosi wiase awieeɛ sɛ ɔde ɔno ankasa ne ho bɛbɔ afɔreɛ ayi bɔne hɔ. 27 Na sɛdeɛ ɔda hɔ sɛ nipa bewu prɛko, na wuo he akyi atemmuo ya hɔ he, 28 saa nso ne Kristo a ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ prɛko sɛ ɔbɛsoa nnipa bebree bɔne prɛko he, beyi ne ho adi ne mprenu so a, ɔmmɛyɔ bɔne ho adwuma, na mmom ɔɔbɛgye bɛ a bɛhwɛ no kwane dendenndene he nkwa. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana