Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifoɔ 7 - Apam Foforɔ


Melkisedek kwane so asɔfoyɛ

1 Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Sorosoro Nyankopɔn sɔfo he, berɛ a Abraham dii ahemfo he so nkunim a ɔɔsane aba he, okohyiaa Abraham hyiraa no;

2 ɔno ne Abraham maa no nnoɔma nyinaa so ntotosoɔ du du. Melkisedek dini he asekyerɛ a odi kane ne sɛ, “tenenee hene”; afei nso ɔyɛ Salem hene a ne nkyerɛaseɛ ne “asomdwie hene.”

3 Twerɛsɛm he anka bibiaa amfa n’agya, ne na, anaa n’awoɔntoatoasoɔ ho, saa nso ne wɔanka bibiaa amfa n’ ahyɛaseɛ ne n’awieeɛ ho, yei ma bɛde no toto Nyankopɔn Ba he ho, na ɔkɔ so di sɔfo daa.

4 Hwɛ di a odi mu! Abraham mpo a ɔyɛ nanapanyini he maa no asadeɛ he so ntotosoɔ du du.

5 Ɔyam sɛ Lewi asefoɔ he yɛ Abraham asefoɔ he bi deɛ, nso ɔnam sɛ benyaa sɔfodwuma he nti mmara he maa bɛ kwane sɛ bɛnnye ntotosoɔ du du mfiri nkorɔfoɔ, mekyerɛ, bɛ nuanom hɔ.

6 Nso saa beema yi a omfiri Lewi abusua he mu he gyee ntotosoɔ du du firii Abraham a ne nsa kaa bɔhyɛ he hɔ; na ohyiraa Abraham.

7 Akyinnye biaa nni hɔ sɛ nipa kɛseɛ he ne hyira deɛ ɔyɛ kumaa he.

8 Lewi asefoɔ he fam deɛ, ɔyɛ nnipa a bewu ne bɛgye ntotosoɔ du du he; nso Melkisedek fam deɛ, ɔyɛ deɛ a bedi ne ho adanseɛ sɛ ɔte ase daa he ne gye ntotosoɔ dudu he.

9 Mpo bi bɛka sɛ Lewi ankasa a ɔgye ntotosoɔ du du he nam Abraham so tua ntotosoɔ du du,

10 efiri sɛ, Lewi a ɔbɛyɛɛ Abraham aseni he, berɛ a Abraham hyiaa Melkisedek he, na ɔya Abraham asenem a benya nwoo no.


Sɔfo foforɔ a ɔsɛ Melkisedek

11 Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifoɔ sɔfodwuma so (ɔnam sɛ bɛ sɔfodwuma so ne nkurofoɔ he nyaa mmara he) a, mmɛ hia ne ohia sɛ bɛkwati Aaron abusua he yi sɔfo foforɔ bi ya Melkisedek asɔfoyɛ kwane so.

12 Na sɛ nsakraeɛ ba sɔfodwuma he mu a, hedeɛ na ɔsɛ sɛ nsakraeɛ ba mmara he mu nso.

13 Na afei deɛ, nea bɛɛka yei fa ne ho he firi abusua foforɔ bi a mu nipa biaa mfirii mu mmɛyɔɔ afɔrebokyia so adwuma da.

14 Na ɔda hɔ pefee sɛ yɛ Awurade he firi Yuda abusua mu, na saa abusua he deɛ Mose anka sɔfodie ho hwee amfa bɛ ho.

15 Yei da adi pefee sɛ, berɛ a sɔfo foforɔ sɔre ya Melkisedek asɔfoyɛ kwane so he,

16 bɛamfa honam ahyɛdeɛ mmara so, na mmom bɛnam nkwa a ɔnsɛeɛ ahoɔdene so yɔɔ no sɔfo.

17 Na bɛadi ne ho adanseɛ sɛ, “Wo yɛ sɔfo daa, te sɛ Melkisedek asɔfoyɛ.”

18 Na kwane bi so he, beyii mmara dadaa he sii nkyɛne, efiri sɛ na ɔmerɛ, na na onni mu nso

19 (efiri sɛ mmara he amma bibiaa anwie pɛyɛ); na mmom, anidasoɔ a ɔyɛ kyɛne yei so na yɛnam bɛne Nyankopɔn.

20 Na Nyankopɔn ankwati ntanka anyɔ yei.

21 Lewifoɔ he deɛ bɛkwatii ntanka yɛɛ asɔfoɔ, nso Yesu deɛ, deɛ ɔka faa ne ho ne sɛ, “Awurade aka ntam na ɔnsesa n’adwene, ‘Woyɛ sɔfo daa,’ ”

22 yei ma apam a Yesu adi mu agyinamu yɛ papa kyɛne kane apam he.

23 Bio nso, na ohia sɛ nnipa pii toatoa so yɛ asɔfoɔ, esiane sɛ wuo amma bɛantoa so anni sɔfo he daa nti;

24 nso Yesu deɛ ɔnam sɛ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo afebɔɔ.

25 Ne saa nti berɛ biaa obetumi agye bɛ a bɛnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛne he, efiri sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama bɛ.

26 Nti na ohia sɛ yenya sɔfo panyini a ɔte saa, ne ho te, ne ho nni asɛm, nkekaeɛ nni ne ho, bɛate ne ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho, na bɛama no so mmorosoɔ.

27 Na Yesu deɛ ɔnte sɛ asɔfoɔ mpayimfoɔ a bɛaka he, bɛ deɛ ohia sɛ bɛbɔ afɔreɛ daa, deɛ odi kane, bɛbɔ bɛ a bɛ bɔne ho afɔdeɛ, na afei mane he nso bɔne ho afɔdeɛ; nso ɔno deɛ, ɔbɔɔ afɔreɛ he prɛko pɛ mmerɛ a ɔde ne ho maeɛ he.

28 Na mmara he hyɛ nnipa a bɛyɛ mmerɛ asɔfoɔ, na mmom, asɔfodie a ntanka ka ho a ɔbaa mmara he akyi he hyɛ Ba a ɔyɛ pɛ he sɔfo panyini afebɔɔ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan