Hebrifoɔ 6 - Apam Foforɔ1 Nti afei, homma yɛmfa Kristo ho mfitiasesɛm he nto nkyɛne, na yɛmpere nkɔ nkyerɛkyerɛ a ɔfata bɛ a bɛ anyini Kristo mu he, na yɛansane anto fapem a ɔfa yeinom ho bio: nnwuma funu ho adwensakra ne Nyankopɔn mu gyidie, 2 nkyerɛkyerɛ a ɔfa asubɔ hodoɔ ho, nsa a bɛde gu nkurofoɔ so, awufoɔ sɔreeɛ, ne daa atemmuo ho. 3 Na sɛ Nyankopɔn ma kwane a, saa nnoɔma yi ne yɛbɛyɔ. 4 Na ontumi mma sɛ, bɛ a bɛahu hann he, na bɛaka soro ahennie akyɛdeɛ he ahwɛ, na bɛanya kyɛfa Honhom Kronkron mu, 5 na bɛaka Nyankopɔn asɛm he ho nnepa ahwɛ ne wiase a ɔɔba he mu tumi, 6 na afei bɛafiri (nɔkorɛ he) ho, esiane sɛ bɛ ankasa bɛbɔ Nyankopɔn Ba he asennua mu bio na bebu no animtia he, bɛbɛma bɛ nso bɛaba adwensakram bio. 7 Asaase a nsuo tɔ gu so daa, na ɔsõ aba ma bɛ a bɛyɔ so adwuma he, nya nhyira firi Nyankopɔn hɔ. 8 Na mmom sɛ ofifiri nkasɛe ne hwerɛmo a, onni mfasoɔ biaa na ɔbɛne nnome ho; n’awieeɛ ne sɛ bɛde bɛbɛhye no. 9 Adɔfonom, ɔyam sɛ yɛkasa saa kwane yi so deɛ, nso yɛwɔ awerɛhyɛmu sɛ ho fam deɛ nnoɔma pa bi ya hɔ ma ho, nnoɔma a ɔma nkwagyeɛ. 10 Nyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene; na ommu n’ani ngu nwuma pa a ho yɔ ne dɔ a ɔno nti ho da no adi ya ahoteefoɔ som ho, na hogu so yɔ he ho. 11 Na yɛpɛ sɛ ho mu biaa da mmɔdemmɔ korɔ he adi sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobenya anidasoɔ mu ahotɔsoɔ akosi awieeɛ, 12 na hoannyɛ nyaa, na mmom hoasua bɛ a bɛnam gyidie ne aboterɛ so nyaa bɔhyɛ he. Nyankopɔn bɔhyɛ a ɔyɛ nɔkorɛ 13 Mmerɛ a Nyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ he, esiane sɛ na bi nni hɔ a ɔsõ sene ɔno Nyankopɔn a ɔde no bɛka ntam nti, ɔno Nyankopɔn ankasa kaa ne ho ntam, 14 ɔkaa sɛ, “Nɔkorɛ di mehyira wo na mama wo ase atrɛ.” 15 Nti Abraham de ntoboaseɛ twene saa he, bɔhyɛ he baa mu maa no. 16 Ɔyɛ nɔkorɛ sɛ nipa biaa de deɛ ɔsõ kyɛne no ne ka ntam, na ntam hyɛ asɛm biaa mu dene na otwa akyingyegyeɛ biaa so. 17 Ɔno nti ne mmerɛ a Nyankopɔn yɔɔ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ bɔhyɛ he ho diadeɛ he pefee ne botaeɛ a ɔnsesa he, ɔde ntam ne dii agyinamu, 18 sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔnam nnoɔma mmienu a ɔnsesa so, sɛ Nyankopɔn ntumi nni torɔ, na yɛ a yɛadwane abɛtoa no he benya nkuranhyɛ a mu ɔdene na yɛasɔ anidasoɔ a ɔda yɛ anim he mu. 19 Yɛwɔ saa anidasoɔ a otim hɔ pintinn sɛ kra sɛkyɛ, anidasoɔ a ɔhyɛne mu de kosii ntwamutam he mu, 20 baabi a yɛ nti Yesu adi kane ahyɛne hɔ na wayɛ sɔfopanyini ya daa Sɔfopanyini Melkisedek asɔfoyɛ kwane so. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana