Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifoɔ 5 - Apam Foforɔ

1 Na sɔfopanyini biaa a beyi no firi nnipa mu he, bɛhyɛ no sɔfo ma ɔyɔ Nyankopɔn som adwuma ma nnipa na ɔde bɔne ho ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ ama.

2 Esiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia nti, otumi ne bɛ a bennim ne bɛ a bɛafom kwane he di no bɔkɔɔ;

3 ne saa nti ɔsɛ sɛ ɔbɔ ɔno ankasa ne bɔne ho afɔreɛ ne nnipa he nyinaa deɛ nso.

4 Na bi mfa saa anidie he mma ne ho, gye sɛ deɛ Nyankopɔn afrɛ no te sɛ nea ɔfrɛɛ Aaron he.

5 Saa nso ne Kristo amfa anidie ama ne ho sɛ sɔfopanyini, na mmom deɛ ɔfrɛɛ no he ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne me Ba, Nnɛ maayi wo kwane sononko so”;

6 sɛdeɛ ɔka no baabi foforɔ sɛ, “Woyɛ sɔfo daa, ya Melkisedek asɔfoyɛ kwane so.”

7 Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.

8 Ɔyam sɛ na ɔyɛ Ba he deɛ, nso osuaa amaneɛ a ohuiɛ he mu setie,

9 na owiee pɛyɛ he, ɔbɛyɛɛ daa nkwa farebae maa bɛ a bɛyɛ setie ma no he nyinaa,

10 mmerɛ a Nyankopɔn yii no ma no bɛyɛɛ sɔfopanyini ya Melkisedek asɔfoyɛ kwane so.


Akyirisane ho kɔkɔbɔ

11 Yɛwɔ nsɛm pii ka fa yei ho, nso ɔnam sɛ ho yɛ nyaa nteaseɛ mu nti ɔdene ma yɛ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu.

12 Ɔyam sɛ ɔsɛ sɛ nka saa mmerɛ yi ho tumi kyerɛkyerɛ afoforɔ, nso ho da soaa hia sɛ bɛkyerɛkyerɛ ho Nyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm he. Ho hia nofosuo, na ɔnyɛ aduane a mu ɔdene;

13 efiri sɛ nipa biaa a nofosuo yɛ n’aduane he nyiniiɛ, ne ho nkokwaa tenenee asɛm he mu.

14 Na mmom bɛde aduane a mu oduru ma nipa a wayini, deɛ bɛatete no a n’adwene ma no tumi hu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan