Hebrifoɔ 4 - Apam FoforɔHome a Nyankopɔn hyɛɛ ho bɔ he 1 Nti, esiane sɛ bɔhyɛ da so ya hɔ sɛ yebetumi ahyɛne n’ahomegyeɛ mu nti, homma yɛnhwɛ yie sɛ ho mu bi ɔnntɔ ho sini daakye; 2 na bɛaka asɛmpa he akyerɛ yɛ sɛnea bɛka kyerɛɛ bɛ heaa; nso bɛannya mfasoɔ asɛm a bɛka kyerɛɛ bɛ he mu, efiri sɛ bɛ a bɛteeɛ he amfa gyidie annye. 3 Na yɛ a yɛagye adi he nya n’ahomegyeɛ he mu kyɛfa, sɛdeɛ Nyankopɔn aka he, “Sɛnea m’abufuo mu mekaa ntam sɛ, ‘Bennya m’ahomegyeɛ mu kyɛfa,’ ” nso owiee ne nnwuma he ansa na ɔɔto wiase fapem. 4 Na mmom baabi he na ɔɔka da a ɔtɔ so nson he ho asɛm sɛ, “Na da a ɔtɔ so nson he Nyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.” 5 Ɔsane kaa no ha nso sɛ, “Bennya m’ahomegyeɛ mu kyɛfa da.” 6 Afei esiane sɛ ɔda so abie kwane ama binom sɛ bennya n’ahomegyeɛ mu kyɛfa na nso asoɔdene amma bɛ a bedii kane nyaa asɛmpa he bɛannya n’ahomegyeɛ mu kyɛfa nti, 7 ɔsane hyɛɛ da foforɔ berɛ a ɔkaa berɛ tentenntene akyi ya David dwom mu sɛ, “Nnɛ”, he; sɛnea bɛaka dada sɛ, “Nnɛ, sɛ hote ne nne a, hommpirim ho akoma.” 8 Na sɛ Yosua maa bɛ ahomegyeɛ a, nka Nyankopɔn ɔɔnka da foforɔ bi ho asɛm. 9 Ne saa nti, homedadie bi da soaa ya hɔ ma Nyankopɔn nkurofoɔ; 10 na bɛ a bɛhyɛne Nyankopɔn ahomegyeɛ mu he home firi bɛ nnwuma ho sɛdeɛ Nyankopɔn nso yɔeɛ he. 11 Nti homma yɛmmɔ mmɔdene nhyɛne saa ahomegyeɛ he mu bi, sɛnea ɔbɛyɛ a biaa ɔnyɔ asoɔdene korɔ heaa bi nhwe ase sɛdeɛ bɛyɔeɛ he. 12 Nɔkwasɛm di, nkwa na ahoɔdene ya Nyankopɔn asɛm mu, ano ɔnam sene sekane anofanu biaa, otumi hwire bibiaa mu koduru sɛ ɔpaepae kra firi honhom ho, akwaa firi kyim ho; na otumi bu adwene ne akoma mu nsusuiɛ atɛne. 13 Na abɔdeɛ biaa ntumi nhinta no, ne nyinaa da adagya na so abie a ɔda deɛ yɛ nyinaa bebu nkonta akyerɛ no he anim pefee. Yesu a ɔyɛ yɛ sɔfopanyini 14 Esiane sɛ yɛwɔ sɔfopanyini kɛseɛ a waforo akɔ soro, Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn Ba he nti, homma yɛnsɔ yɛ gyidie asɛm a yɛpae mu ka he mu, 15 efiri sɛ, sɔfopanyini a yɛwɔ he ɔnyɛ nea onni tema mma yɛ ya yɛ mmerɛyɛ mu, na ɔyɛ nea bɛasɔ no ahwɛ akwane nyinaa mu sɛ yɛ, na ne nyinaa mu he wannyɔ bɔne da. 16 Saa deɛ a homma yɛmfa akokoɔduro mmra adom ahennwa he anim, na yɛanya mmɔborɔhunu ne adom a ɔbɛboa yɛ berɛ a ɔsɛ mu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana