Hebrifoɔ 3 - Apam FoforɔKristo sene Mose 1 Nti, me nuanom ahoteefoɔ a ho nso hoanya soro frɛ he, honhu sɛ Yesu ne yɛ yɛ gyidie he mu Somafoɔ ne Sɔfo panyini. 2 Odii nɔkorɛ maa deɛ ɔfrɛɛ no he, sɛdeɛ Mose nso “dii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa mu he.” 3 Nso Yesu wɔ animuonyam pii sene Mose, sɛdeɛ nipa a osi fie he wɔ anidie bebree sene fie he. 4 (Efiri sɛ, fie biaa, nipa ne si, na deɛ ɔyɔ ade nyinaa ne Nyankopɔn). 5 Na Mose deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ somfo, na odii adanseɛ faa nsɛm a Nyankopɔn bɛka no akyire he ho. 6 Nso Kristo deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ ba, na sɛ yɛsɔ nnamyɛ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he mu pintinn kosi awieeɛ a, ɔno ne ma yɛyɛ ne fiefoɔ. Annyeannie ho kɔkɔbɔ 7 Nti sɛnea Honhom Kronkron ka he, “Nnɛ, sɛ hote ne nne a, 8 hommpirim ho akoma sɛ atuateɛ mmerɛ he, sɛ nsɔhwɛ mmerɛ he mu serɛ he so, 9 baabi a ho nananom sɔɔ mehwɛeɛ he, na behuu me nnwuma mfie aduannan. 10 Yei maa me bo fuu saa awoɔntoatoasoɔ he, na mekaa sɛ, ‘Bɛfom bɛ akomam daa, nso bɛ deɛ, na benhuu m’akwane.’ 11 Sɛdeɛ m’abufuo mu mekaa ntam sɛ ‘Bɛnnhyɛne me home mu da.’ ” 12 Anuanom, honhwɛ yie, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɔne ne annyeannie akoma ɔntwe ho mfiri teasefoɔ Nyankopɔn he nkyɛne. 13 Nso hontutu ho ho fo, da biaa a bɛ bɔ dini sɛ “Nnɛ,” na bɔne a ɔyɛ nnaadaa biaa amma ho mu na amma biaa ampirim n’akoma. 14 Nso gye sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yedii kane nyaeɛ he mu pintinn kosi awieeɛ, ansa na yɛanya kyɛfa Yesu mu ankasa. 15 Sɛdeɛ bɛkaa sɛ, “Nnɛ, sɛ hote ne nne a, hommpirim ho akoma sɛ berɛ a bɛhyɛɛ me abufuo he.” 16 Na hefoɔ ne bɛtee asɛm he nso bɛhyɛɛ no abufuo he? Ɔnyɛ bɛ a Mose dii bɛ anim de bɛfirii Misraim he nyinaa? 17 Bio nso, hefoɔ ne ne bofuu bɛ mfie aduannan he? Ɔnyɛ bɛ a bɛyɔɔ bɔne, na bɛ afunu totɔɔ serɛ he so he anaa? 18 Na ɔnyɛ asoɔdenfoɔ he ho ne ɔkaa ntam sɛ bɛnhyɛne n’ahomegyeɛ mu he? 19 Nti yɛahu sɛ annyeannie nti ne bɛantumi anhyɛne n’ahomegyeɛ mu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana