Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifoɔ 2 - Apam Foforɔ


Ahwɛyie ho kɔkɔbɔ

1 Yei nti, ɔsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛate he mu dene paa, na yɛamfiri ho da.

2 Na sɛ asɛm a ɔnam abɔfoɔ so baeɛ he dii mu, na mmarato ne asoɔdene biaa nyaa so akatua, sɛnea atɛntenenee teɛ a,

3 sɛ yɛpo nkwagyeɛ kɛseɛ yi a, nti yebetumi adwane afiri atemmuo mu anaa? Saa asɛm yi ne Awurade firii aseɛ kaeɛ he. Na bɛ a bɛteeɛ he hyɛɛ mu kena maa yɛ,

4 berɛ a Nyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛyɔ bebree, ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ he dii ho adanseɛ bi.


Nkwagyeɛ mu dikanfoɔ

5 Na ɔnyɛ abɔfoɔ ne Nyankopɔn de wiase a ɔɔba a yɛɛka ho asɛm he hyɛɛ bɛ ase.

6 Yei nti ne twerɛsɛm he di adanseɛ baabi sɛ, “Nipa ne hwane a wodwene ne ho, anaa dasani ne hwane a w’ani ku ne ho?

7 Woyɔɔ no sɛ bi a aka kakra bi na ɔne abɔfoɔ ayɛ pɛ; wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire,

8 na wode nnoɔma nyinaa nso ahyɛ ne nane ase.” Na afei, ɔde nnoɔma nyinaa ɔɔhyɛ ne nane ase he, Nyankopɔn annyae bibiaa hɔ a wamfa anhyɛ ne tumi ase. Owom sɛ yennya nhuu sɛ ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nane ase deɛ,

9 na mmom, yehu Yesu a, ne tebea baa fam kakra sene abɔfoɔ berɛ tiaa bi mu, na seesei deɛ bɛde animuonyam ne anidie abɔ no abotire he, efiri sɛ ohuu wuo mu amane, na ɔnam Nyankopɔn adom so awu ama nnipa nyinaa.

10 Na ɔsɔɔ Nyankopɔn a nnoɔma nyinaa yɛ ne dea na ɔnam ne so baeɛ he ani sɛ ɔde mma bebree bɛba animuonyam mu, mmerɛ a bɛ nkwagyeɛ safohene he nam amanehunu mu bewie pɛyɛ.

11 Na deɛ ɔte bi ho ne bɛ a bɛate bɛ ho he nyinaa wɔ abɔseɛ korɔ. Ne saa nti Yesu amfɛre sɛ ɔbɛfrɛ bɛ sɛ ne nuanom,

12 nti ɔkaa sɛ, “Mɛpae mu abɔ wo dini akyerɛ me nuanom, asafo mu ne meyi wo ayɛ.”

13 Na bio nso, ɔkaa sɛ, “Mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.” Na afei nso, Hwɛ me di, na mma a Nyankopɔn de bɛ maa me he nso di.”

14 Nti sɛ mma he anya honam ne mogyaa korɔ he bi he, saa ne ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam wuo so betu deɛ ɔwɔ wuo tumi a ɔne Bronsam he agu,

15 na wagye bɛ a bɛte ase a wuo ho hu nti bɛyɛ nkoa he nyinaa.

16 Na ɔyɛ nɔkwasɛm paa sɛ ɔnyɛ abɔfoɔ ne ɔbaa sɛ ɔɔbɛgye bɛ, na mmom Abraham asefoɔ.

17 Nti na ɔsɛ sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne sɔfo panyini trodoo, Nyankopɔn fam nnoɔma mu, na wayɛ mane he bɔne ho mpatadeɛ.

18 Esiane sɛ ɔno ankasa huu amane, na bɛsɔɔ no hwɛeɛ nti, otumi boa bɛ a bɛsɔ bɛ hwɛ nyinaa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan