Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifoɔ 13 - Apam Foforɔ


Som a ɔsɔ Nyankopɔn ani

1 Homma nuadɔ ntena hɔ daa.

2 Hommmu ho ani ngu ahɔhoyɛ so. Na binom nam ahɔhoyɛ so yɔɔ abɔfoɔ papa a na bennim sɛ bɛyɛ abɔfoɔ mpo.

3 Honkae bɛ a bɛda afiase, te sɛ deɛ ho ne bɛ ne da hɔ ɔne bɛ a bɛyɔ bɛ ayakayakadeɛ te sɛ deɛ ho ne bɛ ne ohu amaneɛ.

4 Homma nnipa nyinaa nni awareɛ nni, na honngu awareɛ mpa ho fi; efiri sɛ Nyankopɔn bebu adwamammɔfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛne.

5 Hommma sikaniberɛ mmma ho abrabɔ mu, na homma ho ani nsɔ deɛ ho wɔ; efiri sɛ waaka sɛ, “Mennyae ho na mempo ho.”

6 Ne saa nti, yebetumi de akokoɔduro aka sɛ, “Nyankopɔn ne me boafoɔ; Mensuro. Ɛɛne ne nipa betumi de ayɔ me?”

7 Honkae ho mpayimfoɔ, bɛ a bɛkaa Nyankopɔn asɛm he kyerɛɛ ho; honhwɛ sɛdeɛ bɛ abrabɔ wieeɛ, na honsua bɛ gyidie.

8 Sɛnea Yesu Kristo teɛ nnora he, ɔte saa nnɛ, na ɔbɛyɛ saa ara daa.

9 Hommma nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nsɛm foforɔ mmfa ho nkyinkyini, na ɔyɛ sɛ bɛ de adom hyɛ akoma dene, na ɔnyɛ nnuane a bɛ a bediiɛ he nni ho mfasoɔ biaa.

10 Yɛwɔ afɔrebokyia bi a bɛ a bɛyɔ som adwuma ntomadane he mu he nni ho kwane sɛ bedi so bibi.

11 Na mmoa a sɔfo panyini he de bɛ mogyaa bɔɔ bɔne ho afɔreɛ he bɛhye bɛ nsrabane he akyi.

12 Saa nti ne Yesu nso huu amane kuro he akyi sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔde ɔno ankasa ne mogyaa bɛte mane he ho.

13 Saa deɛ a, homma yɛnkɔ ne nkyɛne kuro he akyi na yɛasoa n’ahohorabɔ a ohuu mu amaneɛ he;

14 efiri sɛ yenni kuro a ɔtena hɔ daa ya ha yi, na mmom nea ɔɔba he na yɛɛhwɛ no kwane dendene.

15 Nti homma yɛmfa ne so mmɔ aseda afɔreɛ ma Nyankopɔn, ɔne sɛ, aba a ofiri anofafaa a ɔbɔ ne dini mu.

16 Hommmu ho ani ngu papayɔ ne adekyɛ so, efiri sɛ, saa afɔreɛ he sɔ Nyankopɔn ani.

17 Homfa buo ne ahobrɛaseɛ ma ho mpayimfoɔ, efiri sɛ bɛwɛne ho kra sɛ bɛ a bebu ho akonta. Homma bɛmfa anigye nyɔ na ɔnyɛ ahomeguo so, sɛ bɛde ahomeguo a, ɔnyɛ mfasoɔ biaa mma ho.

18 Hommɔ mpaeɛ ma yɛ; efiri sɛ yɛwɔ ahotɔsoɔ sɛ yɛwɔ ahonim a ho te, yɛasiesie yɛ ho sɛ yebedi nɔkorɛ nnoɔma nyinaa mu.

19 Metu ho fo sɛ honyɔ saa adeɛ yi anibereɛ so, na ama bɛde asane abɛka ho ho animuanimu yiaa.


Nhyirasɛm

20 Na asomdwie Nyankopɔn a ɔnam daa apam he mogyaa so, ayi nnwane he hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛ Awurade Yesu afiri awufoɔ mu he,

21 mma ho nni mu nnoɔma nyinaa mu na hoayɔ nea ɔpɛ, deɛ ɔyɔ ho mu adwuma he mfa Yesu Kristo so, sɛdeɛ ɔsɔ n’ani. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


Afotusɛm a otwatoɔ ne nkyea

22 Anuanom, metu ho fo sɛ honkura m’afotusɛm he mu, efiri sɛ m’atwerɛ no tiaa bi ne abra ho.

23 Mepɛ sɛ hohu sɛ bɛagyae yenua Timoteo; na sɛ ɔba mmerɛ pa mu a me ne no bɛba abehu ho.

24 Honkyea ho mpayimfoɔ ne ahoteefoɔ he nyinaa ma me. Bɛ a befiri Italia he kyea ho.

25 Adom nka ho nyinaa. Amen.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan