Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifoɔ 12 - Apam Foforɔ


Yesu nhwɛsoɔ

1 Saa nti yɛ nso, esiane sɛ adansefoɔ bebree atwa yɛ ho ahyia yi, homma yɛnto adesoa ne bɔne biaa a ɔkyekyere yɛ na ɔtwe yɛ he ngu, na yɛmfa animia ntu akansie a ɔda yɛ anim he mu mmirika,

2 nhwɛ, Yesu a ɔyɛ yɛ gyidie farebae na ɔno nso ne ma no wie pɛyɛ, ɔno ne hwɛɛ anigyeɛ a ɔda n’anim he na ɔde boasetɔ huu asennua he ho amaneɛ, na obuu n’ani guu ho aniwuo so. Ne saa nti, waagye n’adwa Nyankopɔn ahennie he nifa.

3 Na honhwɛ deɛ ɔde boasetɔ faa nnebɔnyɛfoɔ nitane a bɛde tiaa no he mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hoommerɛ anaa hoompa aba, ho akomam.

4 Ampa, apereapereɛ a ho ne bɔne oodi yi, onnya nkoduru sɛ hode ho mogyaa betwa so koraa.

5 Na ho werɛ afiri afutusɛm a bɛde maa ho ɔnam sɛ ho yɛ mma nti he anaa? Ɔne sɛ, “Me ba, mmu wo ani ngu Awurade asotwe so, anaa ɔtwe w’aso a mma waba mu mmu;

6 efiri sɛ bɛ a Awurade dɔ bɛ he ne ɔtwe bɛ aso, na ɔtea ne ba biaa a ɔgye no.”

7 Honya atenetene a bɛtenetene ho he mu boasetɔ, efiri sɛ Nyankopɔn yɛ ho sɛ mma. Na ba deɛ ɔya he ne n’agya ntenetene no?

8 Sɛ hoanya atenetene a mma nyinaa fa mu he bi a, hedeɛ na honnyɛ mma mmara kwane so sɛ ɔno ankasa ne mma nɔkorem.

9 Afei nso, yɛwɔ honam fam awofoɔ a bɛtenetene yɛ, na yɛde buo ma bɛ. Sɛ saa deɛ a, nti ɔnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛ ho ase mpo kyɛne saa hyɛ honhom nyinaa Agya he ase na yɛanya nkwa anaa?

10 Na yɛ honam fam awofoɔ he deɛ, bɛtenetene yɛ mmerɛ tiaa bi mu sɛnea ɔsɔ bɛ ani, nso ɔno deɛ, yɛ yiedie nti ne ɔtenetene yɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a yɛbɛ yɛ kronkron sɛdeɛ ɔno nso yɛ kronkron he.

11 Na seeseiaa deɛ atenetene biaa nyɛ anigyeɛ, na mmom ɔyɛ haw, nso akyire yi ɔsõ asomdwie aba a ɔyɛ tenenee ma bɛ a bɛfa saa nteteɛ he mu.

12 Nti homma ho nsa a mu ago he so na honhyɛ ho nkotodwe a ayɛ mmerɛ he mu dene,

13 na homma ho akwane ntene, na adeɛ biaa a abubu he amfiri ne nyinasoɔ so, na mmom anya ayaresa.


Kɔkɔbɔ a otia bɛ a bɛpo Nyankopɔn adom

14 Honhwehwɛ asomdwie ho ne nnipa nyinaa ntam, ɔne kronkronyɛ a deɛ ɔkwati biaa ntumi nhu Awurade he.

15 Honhwɛ yie na Nyankopɔn adom he ammɔ biaa; na nhini biaa a nwonwono yam amfifiri ho mu na ammɛyɛ haw amma ho, na angu nnipa bebree ho fi.

16 Honhwɛ yie sɛ ho mu bi ɔnnyɛ sɛ Esau, dwamamfoɔ ne huhuni a aduane baako nti ɔtɔnoo ne mpanyinnie.

17 Honnim sɛ akyire yi, ɔyam sɛ ɔde nisuo hwehwɛɛ nhyira he deɛ, nso bɛpoo no, efiri sɛ wanhwehwɛ adwensakra akyi kwane.

18 Na ɔnyɛ mmepɔ a bɛde nsa ka he ho, ne gya a ɔɔhye ne mununkum kusuu ne sum ne mframa a ɔɔbɔ huu,

19 ne mmɛne nnyegyeɛ ne nsɛm nne a bɛ a bɛteeɛ he srɛɛ sɛ ɔmmfa asɛm bi nka bɛ ho bio he ho ne hoaba;

20 efiri sɛ, ahyɛdeɛ a bɛde maa bɛ he mu yɛɛ duru maa bɛ, ɔne sɛ, “Sɛ aboa mpo ho kɔka mmepɔ he a, bensi no aboɔ ma onwu.”

21 Nɔkwasɛm ne sɛ, ɔnam sɛ na ohu paa he nti, Mose kaa sɛ, “Mebɔ hu na me ho popo.”

22 Na mmom, ho deɛ hoaba Sion Bepɔ so ne Nyankopɔn teasefoɔ he kuro, soro Yerusalem, ne abɔfoɔ bebree nhyiamu,

23 ne mmakane a bɛatwerɛ bɛ dini soro ahennie mu nhyiamu ase ne Nyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temufoɔ, ne ahoteefoɔ ahonhom a bɛayɛ no pɛ,

24 na ho aba Yesu hɔ, apam foforɔ he ho ntamgyinafoɔ, ne mogyaa a bɛapete a ɔkasa yie kyɛne Habel mogyaa he.

25 Honhwɛ yie na hoampo deɛ ɔɔkasa he; na sɛ bɛ a bɛpoo kɔkɔbɔ a bɛte firii asaase yi so he antumi annwane a, ɔbɛyɛ dɛ ne yɛ a yɛate kɔkɔbɔ a ofiri soro he betumi adwane?

26 Saa mmerɛ he ne nne wosoo asaase; nso afei deɛ waahyɛ bɔ sɛ, “Mesane awoso asaase bio, ɔnyɛ asaase nkoaa na mmom soro nso ka ho.”

27 Saa asɛm a ɔka sɛ, “Mɛwoso no bio”, he kyerɛ sɛ obeyi nnoɔma a ɔwosoeɛ he afiri hɔ, ɔne sɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a deɛ bentumi nwoso he bɛtena hɔ daa.

28 Nti esiane sɛ yɛanya ahennie a ɔnwoso yi, homma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Nyankopɔn sɛdeɛ ɔsɔ n’ani anidie ne ahodasoɔ mu,

29 efiri sɛ, yɛ Nyankopɔn te sɛ gya a ɔdɛre.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan