Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifoɔ 11 - Apam Foforɔ


Gyidie asekyerɛ

1 Na afei, gyidie ne nnoɔma a yɛ ani da so ho awerɛhyemu a osi pi, ne nnoɔma a yenhu ho adansegyeɛ.

2 Ɔnam yei so ne maa bedii tetefoɔ he ho adanseɛ.

3 Gyidie ne ma yɛ te aseɛ sɛ Nyankopɔn nam n’asɛm so ne bɔɔ nnoɔma nyinaa, na nnoɔma yehu yi firi deɛ onni hɔ mu ne baeɛ.


Habel, Henok ne Noah ho nhwɛsoɔ

4 Gyidie ne Habel de bɔɔ afɔreɛ maa Nyankopɔn a na ɔsɔ ani kyɛnee Kain deɛ he. Ɔnam yei so maa bebuu Habel sɛ ɔtene, na Nyankopɔn dii n’afɔreɛ he ho adanseɛ. Ɔyam sɛ Habel awu deɛ, nso ɔnam ne gyidie he so da so kasa kyerɛ yɛ.

5 Gyidie nti ne Nyankopɔn faa Henok kɔeɛ a wanhu wuo; na “bɛanhu no bio, efiri sɛ Nyankopɔn faa no kɔeɛ.” Na ansa na ɔɔbɛfa no akɔ he, bedii ne ho adanseɛ sɛ “ɔsɔ Nyankopɔn ani.”

6 Na sɛ gyidie nni hɔ a, biaa ntumi nsɔ Nyankopɔn ani, efiri sɛ ɔsɛ sɛ deɛ ɔba ne nkyɛne biaa gye di sɛ ɔya hɔ na ɔyɛ bɛ a bɛhwehwɛ n’akyi kwane he katuafoɔ.

7 Gyidie so ne Noah, mmerɛ a Nyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ faa nnoɔma a obesi ho he, ɔde anidie gyee kɔkɔbɔ he too mu na ɔyɔɔ adaka de gyee ne fiefoɔ nkwa; Noah nam saa so buu wiase fɔ, na ɔnam ne gyidie so bɛyɛɛ tenenee adedifoɔ.


Abraham gyidie

8 Gyidie nti ne bɛfrɛɛ Abraham sɛ ontu nkɔ baabi a daakye bɛde bɛ ma no sɛ n’agyapadeɛ he, ɔyɔɔ setie kɔeɛ berɛ a na onnim baabi a na ɔɔkɔ he.

9 Abraham nam gyidie so tenaa asaase a bɛahyɛ no ho bɔ he so sɛ hɔhoɔ, tenaa ntomadane mu, sɛdeɛ Isak ne Yakob nso yɔeɛ he, a bɛ nso bɛka ne ho sɛ bɔhyɛ korɔ heaa ho adedifoɔ.

10 Na ɔɔtwɛne kuro a ɔwɔ fapem a ne kyekyerefoɔ ne ne yɔfoɔ ne Nyankopɔn.


Sara

11 Gyidie nti Sara tumi nyinsɛneeɛ, mpo berɛ a na n’awoɔ atwam, efiri sɛ obuu deɛ na wahyɛ no awoɔ ho bɔ he nɔkwafoɔ.

12 Nti ɔnam nipa baako a na ɔte sɛ deɛ waawu he so ne maa nipa, “na bɛdɔɔso sɛ soro nsoromma ne mpoano anwea a bentumi nkane mpo” baeɛ.

13 Yeinom nyinaa wuu gyidie mu a bɛ nsa anka bɔhyɛ he, na mmom behuu no akyirikyiri gye tomm, kaa sɛ, bɛyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ asaase yi so,

14 efiri sɛ bɛ a bɛkaa saa he daa no adi pefee sɛ bɛ ani da bɛ ankasa bɛ mane so.

15 Sɛ na bɛ akoma da kuro a befirii mu baeɛ he so a, nka bɛwɔ akwannya sɛ bɛbɛsane akɔ hɔ.

16 Na afei, bɛ ani gyinaa mane papa bi, mekyerɛ, soro mane he. Ne saa nti ɔnyɛ Nyankopɔn aniwuo sɛ bɛbɛfrɛ no bɛ Nyankopɔn; nɔkwasɛm ne sɛ, wasiesie kuro bi ama bɛ.

17 Gyidie nti ne Abraham, mmerɛ a bɛsɔɔ no hwɛeɛ he, ɔde Isak maeɛ. Ɔno a onyaa bɔhyɛ he yɔɔ krado sɛ ɔde ne ba koro he bɛbɔ afɔreɛ,

18 ɔno ho ne bɛkaa sɛ, “Ɔnam Isak so ne wobenya w’asefoɔ.”

19 Osusuu sɛ Nyankopɔn betumi anyane no afiri awufoɔ mu mpo. Nɔkwasɛm ne sɛ, sɛ wofa nea osiiɛ he kasabebuom a, wobetumi aka sɛ, ne nsa kaa Isak bio firii wuom.


Isak, Yakob ne Yosef

20 Gyidie nti ne Isak hyiraa Yakob ne Esau ya nnoɔma a ɔbɛba daakye ho.

21 Afei ɔnam gyidie so ne Yakob, mmerɛ a na ɔda awusu mpo he, ohyiraa Yosef mmammeema he mu biaa. Yakob de ne ho tweree ne poma, na ɔkoto sɔree Nyankopɔn.

22 Bio nso, ɔnam gyidie nti, ne Yosef, mmerɛ a ne nna ɔɔba awieeɛ he, ɔkaa nkorɔeɛ a Israelfoɔ betu akɔ he ho asɛm, na ɔhyɛɛ ne nnompe sie ho nsamanseɛ nso.


Mose gyidie

23 Afei gyidie nti ne bɛwoo Mose he n’awofoɔ de no siee bosome mmeɛnsa n’awoɔ akyi, efiri sɛ, behuu sɛ abɔfra he ho ɔfɛ; na bɛansuro mmara a na hene he ahyɛ he.

24 Gyidie nti ne Mose nyiniiɛ he, wampɛ sɛ bɛbɛfrɛ no Farao babaa ba, na mmom

25 ɔpɛɛ sɛ ɔne Nyankopɔn mane behu amaneɛ kyɛne sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛ mmerɛ tiaa bi.

26 Obuu amaneɛ a Kristo nti obehu he kyɛnee Misraim ahonyadeɛ, efiri sɛ na ɔɔhwɛ akatua a ɔda n’anim he kwane.

27 Gyidie nti ne ofirii Misraim he wansuro hene he abufuo, na omiaa n’ani te sɛ deɛ wahu Nyankopɔn a benhu no he.

28 Gyidie nti ne odii Twam ne mogya-peteɛ afahyɛ he, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a deɛ ɔsɛe mmakane he ɔmfa ne nsa nka Israel mmakane he.


Israel akofofoɔ binom nso gyidie

29 Gyidie nti ne mane he faa Mmɛwa Po he mu te sɛ bɛnam asaase pɛsɛɛ so, nso Misraimfoɔ he yɔɔ sɛ bɛɛfa mu he, Po he faa bɛ nyinaa.

30 Gyidie nti ne Yeriko afasuo he bubu guu fam mmerɛ a Israelfoɔ twaa ho hyiaa nna nson he.

31 Ɔnam dwamanfoɔ Rahab gyidie so ne maa no gyee akwansrafoɔ he asomdwie mu a ne saa nti bɛ anku, na mmom bekuu asoɔdenfoɔ he.

32 Na mmɛ ne menka bio? Efiri sɛ mmerɛ ɔmma kwane mma me nka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ he ho asɛm—

33 yeinom ne nam gyidie so dii ahennie so nkunim, hwɛɛ sɛ atɛntenenee bɛyɔ adwuma, bɛ nsa kaa bɔhyɛ, mmua gyata ano,

34 dum gya a ɔɔdɛre, dwane sekane ano, nyaa ahoɔdene berɛ a bɛyɛɛ mmerɛ mu, yɛɛ nam kõ mu, kaa amanfrafoɔ dɔm guiɛ.

35 Nnanom nsa kaa bɛ awufoɔ a bɛasɔre. Bɛyɛɛ bebree ayakayakadeɛ, nso bɛampene sɛ bɛbɛgye bɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bebenya wusɔreɛ a odi mu.

36 Bedii binom ho fɛw na bɛbɔɔ bɛ mmaa, na mpo bɛde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu binom de bɛ too afiase.

37 Besii bɛ aboɔ kuu bɛ, bɛde asradaa paee bɛ mu mmienu, bɛde sekane kuu bɛ; na bɛakɔneabadie nyinaa mu he, ntaadeɛ a na bɛhyɛ nyinaa yɛ nnwane ne mmirekyie nwoma, ohiaa bɛ, bɛ ho hiahia bɛ na bedii bɛ ani.

38 Na bɛyɛɛ sɛ nnipa a na wiase so nni mfasoɔ mma bɛ. Nti bekyinkyinnii serɛ ne mmepɔ so, ne abodane mu asaase mu monku mu.

39 Nso yei nyinaa mu he, ɔyam sɛ bɛ gyidie nyaa adanse-pa deɛ, nso bɛ nsa anka bɔhyɛ he,

40 esiane sɛ na Nyankopɔn asiesie bibi a ɔyɛ kyɛne so asie amma yɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛnkwati yɛ nyɛ bɛ pɛ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan