Hebrifoɔ 10 - Apam FoforɔKristo afɔreprɛko a ɔbɔ maa biaa 1 Na esiane sɛ mmara he kura nnoɔma pa a ɔɔba he nsɛsoɔ na mmom onni nnoɔma he ankasa nti, ontumi mfa saa daa daa afɔreɛ a bɛbɔ no afe biaa he so mma bɛ a bɛde bɛ ho to so he nwie pɛyɛ. 2 Sɛ asɔrefoɔ he afɔreɛ a bɛbɔeɛ he tumi popaa bɛ bɔne na ɔtee bɛ ahonim ho ampa, nti nka bɛannyae afɔrebɔ anaa? 3 Nso saa afɔrebɔ henom ma bɛkae bɔne afe biaa, 4 efiri sɛ, anantwie ne mmirekyie mogyaa ntumi nyi bɔne hɔ. 5 Nti, berɛ a Kristo baa wiase he, ɔkaa sɛ, “Woampɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, na mmom nipadua ne woasiesie ama me; 6 hyeɛ afɔreɛ ne bɔne afɔreɛ ansɔ w’ani 7 Na afei mekaa sɛ, ‘Nyankopɔn, hwɛ, maaba sɛ meebɛyɔ deɛ wopɛ, O me Nyankopɔn’ (sɛdeɛ bɛatwerɛ me ho asɛm nwoma mmobɔeɛ he mu).” 8 Mmerɛ a odii kane kaa sɛ, “Afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ anaa hyeɛ afɔreɛ ne bɔne afɔreɛ ansɔ w’ani he” (ɔnam mmara he so na bɛde yeinom ma), 9 na ɔka kaa ho sɛ, “Hwɛ, maaba sɛ meebɛyɔ deɛ wopɛ.” Oyii deɛ odi kane he hɔ, na ɔde deɛ ɔtɔ so mmienu he besii hɔ. 10 Na ɔnam Nyankopɔn pɛ so ne yɛ ho ate ɔnam Yesu Kristo nipadua a ɔde bɔɔ afɔre-prɛko he nti. 11 Na sɔfo biaa gyina hɔ sɛ ɔyɔ ne som adwuma da biaa, na ɔtaa bɔ afɔreɛ korɔ heaa a ontumi nyi bɔne hɔ. 12 Nso mmerɛ a Kristo bɔɔ afɔreɛ baako maa bɔne afebɔɔ he, “ɔtenaa Nyankopɔn nifa so,” 13 na ɔɔtwɛne “kosi sɛ bɛde n’atamfoɔ bɛyɛ ne nane ase ntiasoɔ.” 14 Na ɔnam afɔreɛ baako pɛ so ama bɛ a bɛate bɛ ho nyinaa awie pɛyɛ afebɔɔ. 15 Na Honhom Kronkron so di adanseɛ Twerɛsɛm he mu sɛ, 16 “Yei ne apam a me ne bɛ bɛpam he Awurade dɛ: nna he akyi he Mede me mmara bɛhyɛ bɛ akomam, na mɛtwerɛ no bɛ adwenem,” 17 na ɔsane ka kaa ho sɛ, “Menkae bɛ bɔne ne bɛ mmarato bio.” 18 Baabiaa a yeinom ho fakyɛ ya he, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio. Nyankopɔn anim korɔ kwane 19 Nti, me nuanom, esiane sɛ yɛnam Yesu mogyaa so anya awerɛhyɛmu a yɛde bɛhyɛne kronkronbea hɔ, 20 na ɔnam kwane foforɔ a nkwa yam so abie ntomadane he ama yɛ yi (mekyerɛ ɔnam ne honam so), 21 na yɛwɔ Nyankopɔn fie so sɔfopanyini yi nti, 22 homma yɛmfa akoma a mu yɛ fann a gyidie mu ahotɔsoɔ ahyɛ no ma, akoma a bɛapete ho ate ho afiri ahonim bɔne ho ne yɛ nipadua a bɛde nsuo a ho te adware he ntwe mmɛne no. 23 Homma yɛnhimhim na mmom yenkura yɛ anidasoɔ asɛm a yɛka he mu dene, efiri sɛ deɛ waahyɛ bɔ he yɛ nɔkwafoɔ. 24 Na homma yɛnhwɛ sɛ yɛbɛkanyane yɛ ho yɛ ho na yɛadodɔ yɛ ho yɛ ho; na yɛmfa nnwuma pa nsom yɛ ho yɛ ho, 25 hommma yennyae yɛ ho yɛ ho nhyiamu, sɛdeɛ binom agyae bɛ ho bɛ ho nhyiamu he, na mmom homma yɛnhyehyɛ yɛ ho yɛ ho nkurane, ne titire mmerɛ a yehu sɛ Da he abɛne. 26 Na sɛ yɛboapa kɔ so yɔ bɔne mmerɛ a yɛanya nɔkorɛ he ho nimdeɛ a, bɔne ho afɔrebɔ foforɔ biaa nni hɔ bio, 27 na mmom atemmuo a ohu akwanhwɛ, ne abufuo gya a ɔbɛhye Nyankopɔn atamfoɔ pasaa he ne ya hɔ ma yɛ. 28 Nipa biaa a ɔto Mose mmara he gyina adansefoɔ mmienu anaa mmeɛnsa adanseɛ wu berɛ a onnya mmɔborɔhunu biaa. 29 Mmɛ asotwe koraa ne ɔboro so a hosusu sɛ ɔfata sɛ bɛde bɛtwe bɛ a bɛde Nyankopɔn Ba he anim atwitwi fam na bɛabu apam mogyaa a bɛde tee bɛ ho he animtia, na bɛasopa adom Honhom he? 30 Na yenim deɛ ɔkaa sɛ “Mene metɔ werɛ, metua ka.” Na ɔkaa bio sɛ, “Awurade bebu ne mane atɛne.” 31 Nti ohu ma bi sɛ ɔbɛtɔ Nyankopɔn teasefoɔ he abufuom. 32 Nso honkae kane nna he a hohuu hann he, sɛ hode animia gyinaeɛ, kõ dendene amanehunu mu, 33 maa bɛbɔɔ ho adapaa na bɛtaa ho badwam, na da bi nso ho ne bɛ a bɛfaa saa tebea he mu he nyaa ayɔnkofa. 34 Na honyaa tema maa nneduafoɔ, na hode anigyeɛ penee so maa bɛfom ho agyapadeɛ, efiri sɛ honim sɛ ho ankasa howɔ agyapadeɛ a odi mu, na ɔbɛtena hɔ daa. 35 Nti honnto ho nnamyɛ a ɔma akatua kɛseɛ he ntwene; 36 efiri sɛ ho hia boasetɔ, sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ hoyɔ deɛ Nyankopɔn pɛ wie a, ho nsa bɛka deɛ wahyɛ ho bɔ he. 37 Na “aka kakraa bi, deɛ ɔɔba he bɛba, na ɔnkyɛre koraa; 38 Na deɛ ɔtene he firi gyidie mu benya nkwa, na me kra ani nsɔ deɛ ɔtwe ne ho sane akyi he.” 39 Nso yɛ deɛ, yɛnnka bɛ a bɛtwe bɛ ho sane akyi na bɛayera he ho, na mmom yɛka bɛ a bɛwɔ gyidie na bɛanya nkwa he ho. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana