Hebrifoɔ 1 - Apam FoforɔNyankopɔn nam ne Ba he so akasa 1 Tete mmerɛ mu he, Nyankopɔn nam mmerɛ ahodoɔ ne akwane ahodoɔ so faa adiyifoɔ he so kasa kyerɛɛ yɛ nananom, 2 na nna a odi akyire yi mu deɛ, ɔnam ne Ba a waayi no asi hɔ sɛ nnoɔma nyinaa so diadeɛ, na ɔnam ne so bɔɔ nnoɔma nyinaa he so, akasa akyerɛ yɛ. 3 Ɔno ankasa ne da Nyankopɔn animuonyam a ɔhyerɛn he adi na ɔyɛ Nyankopɔn su nsɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔnam n’asɛm a tumi yam so kita nnoɔma nyinaa mu. Na odwiraa yɛ bɔne wieeɛ he, ɔkɔtenaa deɛ ɔwɔ tumi boro tumi nyinaa so, na ɔya soro soro he nifa. 4 Ɔno ne korɔn kyɛne abɔfoɔ he, sɛdeɛ ne dini kunyini a wanya he kyɛne bɛ deɛ koraa he. Ba he di mu kyɛne abɔfoɔ 5 Na abɔfoɔ he mu hwane ne Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone me Ba; nnɛ ne mayi wo sononko’”? Anaa bio, “Mɛyɛ n’Agya, na wayɛ me ba”? 6 Afei nso, berɛ a na ɔno ankasa de ne Ba a ɔkyɛne so he ɔɔba wiase he, ɔkaa sɛ, “Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no.” 7 Na abɔfoɔ he deɛ, nea ɔka faa bɛ ho ne sɛ, “Ɔyɔ n’abɔfoɔ sɛ mframa, na n’asomfoɔ he nso sɛ gyaframa.” 8 Na Ba he deɛ, nea ɔka faa ne ho ne sɛ, “O Nyankopɔn, w’ahennie tim hɔ daa, na w’ahennie poma yɛ tenenee poma. 9 Wodɔ tenenee na wotane amumuyɔ; nti Nyankopɔn, wo Nyankopɔn, asra wo ngo ahosane ngo a ɔboro wo mfɛfoɔ deɛ so.” 10 Na afei nso, “Mfitiaseɛ he, Awurade, wotoo asaase fapem, na soro yɛ wo nsa ano adwuma; 11 Yeinom bɛyera, nso wo deɛ wotim hɔ daa; ne nyinaa bɛpa sɛ ataadeɛ; 12 wobɛbobɔ bɛ sɛ ntoma, na bɛbɛsesa. Nso wo deɛ wote sɛ nea woteaa, na wo mfie to ontwa da.” 13 Na abɔfoɔ he mu hwane na waaka akyerɛ no da sɛ, “Tena me nifa so kosi sɛ mede w’atamfoɔ bɛyɛ wo nane ase ntiasoɔ”? 14 Nti abɔfoɔ nyinaa nyɛ honhom a bɛsom Nyankopɔn a wasoma bɛ sɛ bɛnsom nkwagyeɛ diadefoɔ anaa? |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana