Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Galatifoɔ 6 - Apam Foforɔ


Hommoaboa ho ho ho ho

1 Anuanom, sɛ hohu sɛ bi afom a, ho a hoyɛ honhom mufoɔ he mfa akoma a ɔdwo mfa saa nipa he nsi yie. Honhwɛ ho ho yie sɛ ho nso bɛnnsɔ ho nhwɛ.

2 Hommoaboa ho ho ho ho mma biaa ntumi nsoa ne nnesoa, na honam saa kwane he so awie Kristo mmara he so di.

3 Na sɛ bɛ a benni mu bu bɛ ho sɛ bedi mu a, bɛdaada bɛ ho.

4 Ɔsɛ sɛ biaa sɔ n’ankasa n’adwuma hwɛ. Na adwuma a biaa ayɔ he ne ɔde bɛhoahoa ne ho, na ɔnyɛ deɛ bi foforɔ ayɔ,

5 efiri sɛ ɔsɛ sɛ biaa soa n’ankasa ne nnesoa.

6 Ɔsɛ sɛ bɛ a bɛakyerɛkyerɛ bɛ asɛm he, bɛ ne bɛ akyerɛkyerɛfoɔ he kyɛ nnepa nyinaa.

7 Honnnaadaa ho ho, Nyankopɔn bensi no atwetwe, efiri sɛ, nea hobedua heaa ne hobɛtwa.

8 Sɛ hodua ma honam a, hobefiri honam mu atwa porɔeɛ; nso sɛ hodua no Honhom mu a, honam Honhom he so betwa daa nkwa.

9 Nti hommma yɛmmerɛ papayɔ mu, na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.

10 Ne saa nti, akwannya biaa a yebenya he, homma yɛnyɔ nnipa nyinaa papa, ne titire bɛ a bɛka agyidifoɔ abusua ho he.


Afutuo a otwatoɔ ne nhyira

11 Hoahu ntwerɛeɛ akɛseɛ a meaa mede me nsa atwerɛ yi!

12 Ɔyɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛ anim bɛba nyam honam mu he ne bɛhyɛ ho sɛ hontwa twetia, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛnntaa bɛ Kristo asennua he ho.

13 Twetiatwafoɔ he mpo nni mmara he so, nso bɛpɛ sɛ hotwa twetia na bɛagyina so ahoahoa bɛ ho.

14 Menhoahoa me ho bibiaa ho ka yɛ Awurade Yesu Kristo asennua a ɔnam so abɔ wiase asennua mu ama me, na me nso bɛabɔ me asennua mu ama wiase.

15 Ɔnyɛ twetia a bɛatwa bi, anaa twetia a bentwa bi ne hia, na mmom sɛ bi bɛyɛ abɔdeɛ foforɔ ne hia!

16 Na bɛ a bɛbɛfa saa nhyehyɛeɛ yi so he, asomdwie, ne mmɔborɔhunu, mmra bɛ ne Nyankopɔn mane Israel so.

17 Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, mma biaa nhyɛ me brɛ; efiri sɛ mewɔ Yesu ahyɛnsodeɛ me nipadua mu.

18 Anuanom, yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho honhom. Amen.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan