Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Galatifoɔ 5 - Apam Foforɔ


Mmara si Kristo mu nkwagyeɛ kwane

1 Adehyedie nti ne Kristo ama yɛade yɛ ho. Nti, honnyina pintinn, hommfa ho ho nhyɛ nkoasom konnua ase bio.


Sɛnea akristofoɔ ahofadie teɛ

2 Hontie! Me, Paulo, ne meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ homa betwa ho twetia a, Kristo ho ɔmma mfasoɔ mma ho.

3 Medi adanseɛ bio sɛ, ɔsɛ sɛ nea ɔma betwa no twetia de hwehwɛ Nyankopɔn anim bembuo he di mmara a aka he nyinaa nso so.

4 Wo a wopɛ sɛ bɛde mmara bu wo bem he woate wo ho afiri Kristo ho; woahwe ase afiri adom ho.

5 Na yɛ deɛ, yɛnam Honhom he so ɔɔtwɛne tenenee anidasoɔ a ogyina gyidie so he dendenndene.

6 Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Kasaa tiaa a odi akyire

7 Na hootu mmirika he yie; na afei deɛ hwane ne sii ho kwane sɛ honntie nɔkorɛ he?

8 Saa adwene-danee he mfiri nea ɔfrɛɛ ho he.

9 Mmɔreka ketewa bi ne sɛe mmɔre mũ he nyinaa.

10 Mewɔ ho mu awerɛhyemu paa Awurade mu sɛ honnwene adwene foforɔ biaa. Nso nea ɔɔma ho adwene ayɔ ho ntanta he benya n’asotwee.

11 Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so ka twetiatwa ho asɛm a nka mmɛ nti ne bɛda so taa me? Sɛ nka meda so ka twetiatwa ho asɛm a, hedeɛ na nka asennua he nto sintidua bio.

12 Ɔkaa me nkoaa a, nka bɛ a bɛmaa ho hweteeɛ he dii bɛ ho awu!


Dɔ si ahofadie ho kwane

13 Na adehyedie mu ne bɛafrɛ ho aba, me nuanom; homma ahofadie he nyɛ akwannya mma honnyɔ bɔne, na mmom ho mfa dɔ so nyɛ nkoa ma ho ho,

14 efiri sɛ, mmara he nyinaa wie pɛyɛ asɛm baako mu sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

15 Na mmom, sɛ ho keka na homemene ho ho a, honhwɛ yie na hoansɛe ho ho.


Honam nnwuma

16 Hontena Honhom mu, nea meeka ne sɛ, honnnyɔ nea honam pɛ.

17 Na nea honam pɛ he ko tia Honhom he, na nea Honhom he nso pɛ he ko tia honam he; efiri sɛ saa nnoɔma he ko tia ne yɔnko, sɛ obesi ho kwane na hoanyɔ nea hopɛ.

18 Na mmom, sɛ Honhom he di ho anim a, honhyɛ mmara ase.

19 Afei honam nnwuma he da adi pefee, yeinom ne: adwamammɔ, fi, akohwie,

20 abosonsom, adutoɔ, tane, akayɔ, ahoɔyeyaa, abufuo, atutupɛ, kunsumkunsum, mpaepaemu,

21 anibereɛ, nsaboro, agobɔne ne nnoɔma a ɔtete saa. Meebɔ ho kɔkɔ, sɛnea madi kane abɔ ho kɔkɔ he; sɛ bɛ a bɛyɔ saa nnoɔma yi, bennya Nyankopɔn ahennie he.


Honhom aba

22 Nso Honhom aba he deɛ, ɔno ne dɔ, anigyeɛ, asomdwie, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɔ, gyidie,

23 dwoɔ, ne anidahɔ. Mmara biaa nni hɔ a otia yeinom.

24 Na bɛ a bɛyɛ Kristo Yesu deɛ he, bɛabɔ honam ne n’akɔnnɔ asennua mu.

25 Sɛ yɛte ase Honhom mu a, homma Honhom he nkyerɛ yɛ kwane.

26 Hommma yɛmpɛ animuonyam hunu, nhyehyɛ yɛ ho yɛ ho abufuo, na hommma yɛ ani mmereberɛ yɛ ho.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan