Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Galatifoɔ 4 - Apam Foforɔ


Yɛnam Kristo mu gyidie so yɛ Nyankopɔn mma

1 M’asɛm ne sɛ: mmerɛ tentene a adedifoɔ he yɛ abɔfra he, ewom sɛ agyapadeɛ he nyinaa yɛ ne dea, nso nsonsonoeɛ biaa nna ɔne akoa ntam;

2 nso ɔbɛkɔ so ahyɛ wɛmfoɔ ne hwɛsofoɔ ase kosi da a ne papa he ahyɛ ato hɔ sɛ abɔfra he ɔntena wɛmfoɔ ne hwɛsofoɔ he nane ase bio.

3 Saa ara ne yɛ nso yɛteɛ; berɛ a na yɛyɛ mmɔfra he, ahonhom a bɛyɛ wiase mfitiasedeɛ he faa yɛ nkoa.

4 Nso berɛ a bɛahyɛ ato hɔ he soeɛ he, Nyankopɔn somaa ne Ba a baa woo no, na bɛwoo no mmara he ase,

5 sɛ ɔbɛyɛ a ɔbɛgye bɛ a na bɛya mmara ase, na ama wafa yɛ ayɛ Nyankopɔn mma.

6 Na esiane sɛ hoyɛ mma nti, Nyankopɔn asoma ne Ba Honhom aba ho akomam a ɔteaam sɛ, “Abba, a ɔkyerɛ sɛ Agya!”

7 Nti honyɛ nkoa bio na mmom hoyɛ mma, na sɛ hoyɛ mma a, honam Nyankopɔn so yɛ adedifoɔ.


Paulo twii Galatifoɔ he anim

8 Kane he a na honnim Nyankopɔn he, hosomm ahonhom a bɛnyɛ Nyame kann he sɛ nkoa.

9 Na afei a hoahu Nyankopɔn yi anaa Nyankopɔn ahu ho yi, ɔbɛyɛ dɛ ne hoasane akɔ mfitiasedeɛ a benni tumi biaa, na benni hwee nso de ma he nkyɛne bio?

10 Hodi nna ne bosome, mmerɛ ne mfie ho nhyehyɛeɛ so dendenndene.

11 Mesuro ma ho sɛ ebia adwuma a mayɔ ama ho he ayɛ kwa.

12 Anuanom, honyɛ sɛ me, efiri sɛ me nso maayɛ sɛ ho. Honnyɔɔ me bɔne biaa.

13 Honim sɛ da a medii kane kaa asɛmpa he kyerɛɛ ho he, na meyare;

14 ewom sɛ me tebea he yɛ nsɔhwɛ ma ho deɛ, nso hoammu me animtia, na hoampo me, na mmom hogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, sɛ nea hogyee Kristo Yesu ankasa he.

15 Ho anigyeɛ a honyaeɛ he faa he? Na medi adanseɛ sɛ, sɛ na hobetumi mpo a, nka hotutuu ho ani maa me.

16 Ɔnam nɔkorɛ a meka kyerɛɛ ho nti mabɛyɛ ho tamfoɔ?

17 Ɔnyɛ adwenepa ne anuanom atorɔfoɔ he de yɔɔ adwuma-dene ya ho mu; na mmom bɛpɛ sɛ bɛtete me ne ho ntam, na hoapere ahwehwɛ bɛ mmom.

18 Sɛ ɔyɛ bibi pa ntia, ɔyɛ sɛ hobɔ ho ho mmɔdene berɛ nyinaa, na mmom ɔnyɛ sɛ ebia meya ho nkyɛne nkoaa ne hobɔ ho ho mmɔdene.

19 Me mma nkumaa a meko ho awoɔ bio sɛ ɔbɛyɛ a Kristo su bewie pɛyɛ ho mu,

20 mepɛ sɛ nka saa mmerɛ yi meya ho nkyɛne na metumi fa kwane foforɔ so ne ho kasa, efiri sɛ, ho asɛm he ha me paa.


Hagar ne Sara mfantoho

21 Honyi me ano, ho a hopɛ sɛ hode ho ho hyɛ mmara ase he, honte nea mmara he ka?

22 Na bɛatwerɛ sɛ Abraham woo mmeema mmienu, baako yɛ afenaa ba na baako he nso yɛ dehyeɛ ba.

23 Nea na ɔyɛ afenaa ba he, ɔnam honam kwane so ne bɛwoo no; na nea ɔka ho he deɛ, dehyeɛ ba he, ɔnam bɔhyɛ so ne bɛwoo no.

24 Afei yei yɛ mfantoho: saa mmaa mmienu yi gyina hɔ ma apam mmienu. Nɔkwasɛm, baa he mu baako a ɔno ne Hagar a ofiri Sinai Bepɔ so, woo mma guu nkoasom mu.

25 Afei Hagar gyina hɔ ma Sinai Bepɔ a ɔya Arabia; na ɔno ne asaase yi so Yerusalem nsɛso, na ɔne ne mma ya nkoasom mu.

26 Nso Yerusalem a ɔya soro he deɛ, ɔde ne ho, na ɔno ne yɛ na,

27 efiri sɛ, bɛatwerɛ sɛ, “Di ahurusie, wo bonyini a wonni ba, wo a wanwo mma, to nnwom na teateam, wo a woanko awoɔ na onnibie mma bɛdɔɔso akyɛne nea waware mma.”

28 Afei anuanom, hoyɛ bɔhyɛ he mma, te sɛ Isak.

29 Na sɛnea saa berɛ he abɔfra a bɛnam honam kwane so woo no he sɔre tiaa abɔfra a bɛnam Honhom so woo no he, saa ne ɔteɛ nnɛ nso.

30 Nso mmɛ ne twerɛsɛm he ka? “Pamo afenaa he ne ne ba he; na afenaa ba he ne dehyeɛ ba he nkyɛ agyapadeɛ.”

31 Ne saa nti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma, na mmom yɛyɛ dehyeɛ mma.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan