Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Galatifoɔ 3 - Apam Foforɔ


Mmara anaa Gyidie

1 O, Galatifoɔ a hoyɛ adwenharefoɔ! Hwane ne adaadaa ho saa. Ho ampa ara a bɛde Yesu Kristo a bɛbɔɔ no asennuam agyina ho anim akyerɛ pefee paa di!

2 Adeɛ baako pɛ ne mepɛ sɛ mehu firi ho hɔ, ɔne sɛ: ɔnam honam mmara nwuma so ne honyaa Honhom he anaa ɔnam asɛm a hoteeɛ na hogye diiɛ so?

3 Nti honnwene koraa saa? Hode Honhom hyɛɛ aseɛ, afei deɛ hode honam ne oowie?

4 Nti hohuu saa amaneɛ yi kwa anaa? Mennye nni sɛ ɔte saa.

5 Hedeɛ ɔnam mmara nnwuma a hoyɔeɛ so ne Nyankopɔn maa ho Honhom he na ɔyɔɔ nsɛnkyerɛnne ho mu, anaa ɔnam asɛm a hoteeɛ na hogye diiɛ so?

6 Sɛnea Abraham “gyee Nyankopɔn diiɛ, na obuu ne gyidie he sɛ tenenee maa no he,”

7 saa ara nso ne ɔsɛ sɛ hohu sɛ bɛ a bɛgye di he bɛ mmom ne bɛyɛ Abraham asefoɔ.

8 Na ɔnam sɛ twerɛsɛm he hu sieeɛ sɛ ɔnam gyidie so ne Nyankopɔn bebu Amanamane mufoɔ bem nti, ɔkaa asɛmpa he ho asɛm kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo mu ne bebehyira Amanamane mufoɔ nyinaa,” ansa na asɛmpa he ɔɔba.

9 Ne saa nti, ohyira bɛ a bɛgye di nyinaa, sɛnea ohyiraa Abraham he.

10 Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”

11 Afei ɔda adi pefee sɛ biaa nni hɔ a ɔnam mmara he so bedi bem Nyankopɔn anim; efiri sɛ, “Nea ɔtene he nam gyidie so ne benya nkwa.”

12 Nso mmara he mfiri gyidie mu; na mmom, “Biaa a ɔyɔ mmara nnwuma he nam mmara he so ne bɔ ne bra.”

13 Kristo bɛyɛɛ abusudeɛ maa yɛ, na ɔnam saa so gyee yɛ firii mmara nnomee he ase, efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Bɛadome biaa a ɔsɛne dua so”,

14 sɛnea ɔbɛyɛ a Abraham nhyira bɛba Amanamane mufoɔ so Kristo Yesu mu, nti yɛnam gyidie so benya Honhom a bɛde ahyɛ yɛ bɔ he.


Bɔ a bɛhyɛɛ Abraham he

15 Anuanom, mfantoho a ɔfa daa asetena ho ne mepɛ sɛ mede ma ho sɛ: Nipa nsamannseɛ a bɛde nsa ahyɛ aseɛ mpo, biaa ntumi nsesa no, na biaa ntumi mfa bi nka ho nso.

16 Na bɛde bɔhyɛ he maa Abraham ne n’aseni; twerɛsɛm he nka sɛ, “Ɔne n’asefoɔ,” te sɛ nea bɛyɛ bebree; na mmom ɔka sɛ, “Ɔne w’aseni,” nti, n’aseni he yɛ nipa baako, na ɔno ne Kristo.

17 M’asɛm a meeka ne sɛ: Mmara a ɔbaa mfie ahannan-aduasa, bɔhyɛ he akyi he, ntumi nsɛe apam a na Nyankopɔn ahyehyɛ ato hɔ dadaada a odi mu he, mma bɔhyɛ he nyɛ kwa.

18 Na sɛ agyapadeɛ firi mmara he mu a, na omfiri bɔhyɛ mu bio; nso Nyankopɔn nam bɔhyɛ so ne de agyapadeɛ he maa Abraham.


Mmara he botaeɛ

19 Hedeɛ na mmara he botaeɛ ne sɛ? Mmaratoɔ nti ne bɛde mmara he kaa apam he ho, kosi mmerɛ a Abraham aseni a na bɛahyɛ ne ho bɔ he bɛba; na abɔfoɔ nam ntamgyinafoɔ bi so hyɛɛ mu kena.

20 Afei ɔnam sɛ Nyankopɔn yɛ baako nti, na onhia ntamgyinafoɔ biaa, efiri sɛ ntamgyinafoɔ gyina mu ma afa mmienu.

21 Nti mmara he ko tia Nyankopɔn bɔhyɛ he anaa? Daabi da! Na sɛ bɛde mmara bi ama a otumi ma nkwa a, hedeɛ nka tenenee befiri mmara mu ne bɛba.

22 Nso twerɛsɛm he da no adi sɛ nnoɔma nyinaa hyɛ bɔne tumi ase, na ama bɔ a bɛnam Yesu Kristo mu gyidie so ahyɛ he aba bɛ a bɛgye di he so.

23 Afei ansa na gyidie ɔɔbɛba he, mmara he de yɛ too afiase wɛnee yɛ kosii sɛ beyii gyidie adi.

24 Nti mmara he bɛyɛɛ kwankyerɛfoɔ kosii sɛ Kristo baeɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛnam gyidie so bebu yɛ bem.

25 Na afei a Kristo mu gyidie mmara aba yi, yɛnhyɛ kwankyerɛfoɔ he ase bio,

26 efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.

27 Na ho mu dodoɔ a bɛbɔɔ ho asu kɔɔ Kristo mu he, hoahyɛ Kristo (te sɛ ataadeɛ).

28 Nsonsonoeɛ nni Yudani anaa Helani, akoa anaa dehyeɛ, baa anaa beema ntam bio, efiri sɛ, ho nyinaa yɛ baako Kristo mu.

29 Sɛ hoya Kristo afa a, hedeɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, honam bɔhyɛ so yɛ adedifoɔ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan