Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Galatifoɔ 2 - Apam Foforɔ


Paulo ne asomafoɔ a bɛaka he

1 Na mfie dunan akyi he, mekɔɔ Yerusalem bio a na Barnaba ne Tito ka me ho.

2 Ɔnam adiyie bi so nti ne mekɔeɛ. Na mede asɛmpa a meka no Amanamane mufoɔ mu he too bɛ anim (mmom ɔyɛ mpanyimfoɔ a bɛagye bɛ atom he ne me ne bɛ yɔɔ kokoam nhyiamu), sɛnea ɔbɛyɛ a mirika a meetu, anaa nea metuiɛ he, ɔnyɛ kwa.

3 Nso bɛanhyɛ Tito mpo a na ɔka me ho a ɔyɛ Helani he sɛ ontwa twetia.

4 Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti

5 yɛ deɛ, yɛampene so amma bɛ koraa, sɛnea ɔbɛyɛ a asɛmpa he bɛkɔ so atena ho mu.

6 Na bɛ a nnipa bu bɛ sɛ akannifoɔ he (sɛnea bɛteɛ biaa nyɛ hwee mma me; Nyankopɔn nyɛ nyiyimu), mefam deɛ saa akannifoɔ he amfa bibi foforɔ biaa amma;

7 na mmom, berɛ a behuu sɛ bɛde bɛ a bentwaa bɛ twetia mu asɛmpa-ka ahyɛ me nsa, sɛnea Petro nso bɛde twetiatwafoɔ mu asɛmpa ka ahyɛ ne nsa he

8 (na nea ɔde Petro yɔɔ adwuma sɛ somafoɔ maa twetiatwafoɔ he, ɔno ankasa nso ne yɔɔ me mu adwuma sɛ ɔɔsoma me Amanamane mufoɔ mu),

9 na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.

10 Adeɛ baako pɛ ne bɛsrɛeɛ, sɛ yɛbɛkae ahiafoɔ, adeɛ a na ɔda m’akoma so sɛ mɛyɔ.


Paulo kaa Petro (Kefa) anim Antiokia

11 Nso berɛ a Kefa baa Antiokia he, mekaa n’anim, efiri sɛ, na ɔno ankasa abu ne ho fɔ dada.

12 Ɔne sɛ, na ɔne Amanamane mufoɔ to nsa didi kosi berɛ a binom firi Yakobo nkyɛne baeɛ. Na afei bɛbaeɛ he, ɔtwee ne ho firii Amanamane mufoɔ he ho, efiri sɛ, na osuro bɛ a befiri twetiatwafoɔ mu baeɛ he.

13 Na Yudafoɔ a bɛaka he nso faa saa nyaatwom kwane he so yɔɔ saa, ɔnam saa so maa bɛde saa nyaatwom he twee Barnaba mpo kɔɔ bɛ afa.

14 Nso berɛ a mehuu sɛ bɛ adwene nsi bɛ pi sɛnea asɛmpa he nɔkorɛ teɛ he, meka kyerɛɛ Kefa bɛ nyinaa bɛ anim sɛ, “Sɛ wo a, mpo woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ Amanamane muni na ɔnyɛ sɛ Yudani a, mmɛ nti ne wopɛ sɛ wohyɛ Amanamane mufoɔ sɛ bɛmmɔ bɛ bra sɛ Yudafoɔ?”


Gyidie ne bɛde bɛgye Yudafoɔ ne Amanamane mufoɔ

15 Yɛ ankasa yefiri yɛ awusuo mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ Amanamane mufoɔ nnebɔnyɛfoɔ;

16 nso yenim sɛ ɔnyɛ mmara nnwuma so ne bɛbɛfa abu bi bem, na mmom ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so. Na yɛabɛgye Kristo Yesu adi, sɛnea ɔbɛyɔ a bɛnam Kristo mu gyidie so bebu yɛ bem, na mmom ɔnnam mmara nnwuma a yɛbɛyɔ so, efiri sɛ, biaa nni hɔ a bɛnam mmara nnwuma he so bebu no bem.

17 Nso sɛ berɛ a yɛbɔ mmɔdene sɛ bebebu yɛ bem Kristo mu he, sɛ behu nso sɛ yɛyɛ nnebɔnyɛfoɔ a, na Kristo yɛ bɔne akoa anaa? Daabi da, ɔnte saa koraa!

18 Nso sɛ mesane kɔfa nnoɔma a madwiri agu he ba sɛ afei deɛ ɔyɛ a, hedeɛ na meyɛ me ho sɛ mmaratoni.

19 Na menam mmara he so wu maa mmara he, sɛnea ɔbɛyɛ a mɛtena ase ama Nyankopɔn. Bɛabɔ me ne Kristo asennua mu;

20 na ɔnyɛ me ne mete ase bio, na mmom ɔyɛ Kristo ne te me mu, nɔkwasɛm ne sɛ m’ase a mete no honam mu seesei yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho maa me he mu gyidie mu.

21 Memma Nyankopɔn adom he nyɛ kwa; na sɛ bembuo nam mmara so ne ba a, hedeɛ na Kristo awu kwa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan