Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Galatifoɔ 1 - Apam Foforɔ


Nkyea

1 Me Paulo a meyɛ somafoɔ a ɔnyɛ nipa ne yii me, na afei nso bɛamfa amfa nipa bi so ne yii me, na mmom Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he ne yii me,

2 ne anuanom a bɛka me ho nyinaa, twerɛ krataa yi de kɔma asafo ahodoɔ a bɛya Galatia.

3 Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.

4 Yesu Kristo a yɛ bɔne nti ɔde ne ho maeɛ sɛ ɔbɛgye yɛ afiri wiase yi bɔne mu, sɛnea Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Agya pɛ he teɛ,

5 ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


Asɛmpa foforɔ biaa nni hɔ bio

6 Ɔyɛ me ahodwiri sɛ hootwe ho ho ntɛm afiri nea ɔnam Kristo adom so frɛɛ ho he ho na hoodane ho ho akɔfa nea hodwene sɛ ɔyɛ asɛmpa foforɔ,

7 nso asɛmpa foforɔ biaa nni hɔ, na mmom binom ya hɔ a bɛɛsɛe ho adwene, na bɛpɛ sɛ bɛdane Kristo asɛmpa he.

8 Nso sɛ yɛ mpo anaa abɔfoɔ bi firi soro bɛka asɛmpa bi a ɔne nea yɛka kyerɛɛ ho he bɔ abira a, mmusuo nka oniyaa!

9 Sɛnea yɛadi kane aka he, saa ne meeka no bio sɛ, sɛ bi bɛka asɛm bi a ɔne nea hogyeeɛ he bɔ abira a, onii he nnue!

10 Na afei, nnipa ne mepɛ sɛ bɛgye me tom anaa Nyankopɔn? Anaa mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani? Sɛ meda so hwehwɛ sɛ mɛsɔ nnipa ani a, hedeɛ, na menyɛ Kristo akoa.


Paulo asomafoyɛ si pi

11 Anuanom, mepɛ sɛ hohu sɛ, asɛmpa a meka kyerɛɛ ho he mfiri nnipa hɔ ne baeɛ;

12 efiri sɛ, mannya no nnipa nkyɛne, saa ara nso ne ɔnyɛ nea nipa bi ne kyerɛkyerɛɛ me, na mmom ɔnam Yesu Kristo adiyie mu ne me nsa kaeɛ.

13 Menim paa sɛ hoate abrabɔ a medii kane bɔɔ sɛ Yudani he ho asɛm. Metaa Nyankopɔn asafo he maa no traa so, na mebɔɔ mmɔdene sɛ mɛsɛe no koraa.

14 Mekɔɔ nkane Yuda som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree, efiri sɛ meyɛɛ nam nananom atetesɛm mu.

15 Nso ɔsɔɔ Nyankopɔn a oyii me firii me maame yam na ɔnam n’adom so frɛɛ me he ani,

16 sɛ obeyi ne Ba he adi akyerɛ me, sɛnea ɔbɛyɛ a mɛpae mu aka ne ho asɛm Amanamane mufoɔ mu he, me ne nipa biaa antu ho agyina.

17 Saa nso ne mankɔ asomafoɔ a na bɛadi kane ayi bɛ dada he nkyɛne Yerusalem, na mmom mekɔɔ Arabia ntɛm pa so, na akyire he, mesane baa Damasko.

18 Afei mfie mmeɛnsa akyi he, mekɔɔ Yerusalem sɛ meekɔsra Kefa na metenaa ne nkyɛne dadu nnanum;

19 nso manhu asomafoɔ biaa gye sɛ Awurade nua Yakobo nkoaa.

20 Nea meetwerɛ abra ho yi, Nyankopɔn ne me danseni sɛ, menni torɔ!

21 Na afei mekɔɔ Siria ne Kilikia mpɔtamu.

22 Na nnipa bebree a na bɛya Kristo mu Yuda asafo mu he, na benhuu m’anim da;

23 na te nkoaa ne na bɛate sɛ, “Nea na kane ɔtaataa yɛ he, saa berɛ yi deɛ, ɔɔka gyidie a na nka ɔsɛe no he ho asɛm.”

24 Na me nti bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan