Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Filemon 1 - Apam Foforɔ


Nkyea

1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne yɛ nua Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma yɛ dɔfoɔ ne yɛ yɔnko dwumayɔni Filemon,

2 ne yɛ nuabaa Afia, ne Arkipus a ɔyɛ yɛ yɔnko sraani, ne asafo a ohyia wo fie he:

3 Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Filemon dɔ ne ne gyidie

4 Berɛ biaa a mɛkae wo me mpaebɔ mu he, meda me Nyankopɔn ase daa,

5 efiri sɛ, mete wo dɔ a wode dɔ ahoteefoɔ he nyinaa ne wo gyidie a wo wɔ no Awurade Yesu mu he.

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ wo gyidie mu ayɔnkofa he bɛma nnoɔma pa a ɔsɛ sɛ yɛyɔ no Kristo mu nyinaa ho nimdeɛ a mu dɔ ada adi.

7 Nɔkwasɛm di, me nua, ɔnam wo dɔ so ama manya anigye ne awerɛkyekyerɛ, efiri sɛ, woama ahoteefoɔ he, bɛ akoma atɔ bɛ yam.


Paulo di maa Onesimo

8 Yei nti, owom sɛ mewɔ akokoɔduro Kristo mu sɛ metumi ahyɛ wo ama woayɔ nea ɔsɛ sɛ woyɔ deɛ,

9 nso dɔ nti, me Paulo ankasa a meyɛ asafopanyini, na seeseiaa mesane yɛ Kristo Yesu deduani he, srɛ wo—

10 ama m’abɔfra Onesimo a mabɛyɛ n’agya m’afiase mpokyerɛ yi mu.

11 (Mmerɛ bi a atwam he na ne so nni mfasoɔ ma wo, nso seesei deɛ, nɔkorɛ di, ne so aba mfasoɔ ama wo ɔne me).

12 Meesoma no ama no asane aba wo nkyɛne bio, ɔyɛ nipa a ɔda m’akoma so paa.

13 Na nka mepɛ sɛ ɔtena me nkyɛne, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a nka obesi w’anane mu asom me saa berɛ yi a ɔnam asɛmpa he nti, meya mpokyerɛ mu.

14 Nso mempɛ sɛ mefiri wo akyi yɔ bibiaa na anyɛ sɛ wo papayɔ he firi hyɛ mu, na mmom afiri woankasa wo pɛ mu.

15 Ebia yei nti ne ɔtwee ne ho firii wo nkyɛne mmerɛ kakra yi, na ɔnam so ama wanya no bio afebɔɔ.

16 Wonya no sɛ akoa bio na mmom deɛ ɔsene saa; sɛ ɔmmɛyɛ nua dɔfo, titire ya me fam, nso ɔbɛyɔ ne ɔboro so saa ama wo honam fam, na afei Awurade mu nso.

17 Nti sɛ wobu me sɛ wo yɔnko dwumayɔni deɛ a, gye no fɛ so sɛdeɛ nka wobɛgye me he.

18 Sɛ waafom wo kwane bi so a, anaa sɛ ɔde wo ka bi a, bu gu me so, na me ankasa metua.

19 Meaa Paulo ne mede me nsa ɔɔtwerɛ saa krataa yi sɛ metua ka biaa. Onhia mpo sɛ mɛkae wo sɛ wode me ka, mpo wo nipadua ho ka.

20 Oo me nua, ampa, ma menya mfasoɔ mfiri wo hɔ Awurade mu! Ma m’akoma ntɔ me yam Kristo mu.

21 Meetwerɛ saa krataa yi abra wo yi, mewɔ ahotɔsoɔ sɛ wobetie, na menim sɛ wobɛyɔ akyɛne nea meesrɛ wo yi mpo.

22 Na yei akyi he siesie ahɔhodane ma me, efiri sɛ mewɔ anidasoɔ sɛ ho mpaebɔ nti ho nsa bɛka me bio.


Nkradie ne nhyira

23 Me yɔnko deduani Kristo mu, Epafra,

24 ɔne Marko, Aristarkus, Demas ne Luka a bɛyɛ me yɔnko adwumayɔfoɔ kyea wo.

25 Awurade Yesu Kristo adom nka ho honhom ho.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan