Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Efesofoɔ 6 - Apam Foforɔ


Mma ne awofoɔ

1 Mma, honyɔ setie mma ho awofoɔ, Awurade mu na yei ne tene.

2 “Homfa anidie mma ho agya ne ho na” (yei ne mmaransɛm a odi kane a bɔhyɛ bata ho)

3 “na asi ho yie na hoanyini akyɛre asaase yi so.”

4 Na, agyanom, honnhyɛ ho mma abufuo, na mmom hontete bɛ Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.


Nkoa ne awuranom

5 Nkoa, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ setie mma ho wuranom a bɛya asaase yi so, homfiri akoma pa mu, sɛnea hoyɔ setie ma Kristo he;

6 nyɛ ani so som mu, te sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a hoayi ho yam ɔɔyɔ nea Nyankopɔn pɛ.

7 Homfa pɛ pa nsom, sɛ hooyɔ ama Awurade, na mmom ɔnyɛ sɛ hooyɔ ama nnipa.

8 Na honim sɛ papa biaa a yɛyɔ he, nkoa oo, adehyeɛ oo, yebenya ho akatua afiri Awurade hɔ.

9 Saa ne awuranom nso honyɔ mma ho nkoa. Honnyae bɛ ahunahuna, na honhu sɛ ho nyinaa howɔ Wura baako ya soro; na nyiyimu biaa nni ne mu.


Nyankopɔn akodeɛ nyinaa

10 Ne korakora ne sɛ, honyɛ dene Awurade ne n’ahoɔdene tumi mu.

11 Honhyɛ Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na ama hoatumi agyina Bronsam nnaadaa ano;

12 efiri sɛ ɔnyɛ nnipa ne yɛ ne bɛ oodi asie, na mmom yɛ ne mpanyinnie, tumidie, wiase yi sum mu atumfoɔ, ahohommɔne a bɛya soro meamea ne oodi asie.

13 Nti homfa Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na hoatumi agyina mmerɛ bɔne he mu, na hoko wie a, hoagyina pintinn.

14 Ne saa nti honnyina hɔ, na homfa nɔkorɛ mmɔ ho asene sɛ abɔsoɔ, na honhyɛ tenenee sɛ nkataboɔ.

15 Na homfa asomdwie he ho asɛmpa nhyehyɛ ho nane sɛ mpaboa.

16 Na mmerɛ nyinaa ne adeɛ nyinaa mu he, homfa gyidie kyɛm a hobetumi de adum bɔnefoɔ he pea a ɔdɛre he biaa.

17 Homfa nkwagyeɛ kyɛ, na homfa Honhom mu sekane a ɔyɛ Nyankopɔn asɛm nkita.

18 Homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa Honhom mu. Afei nso, homma ho ani nna hɔ na honkɔ so nsrɛ mma ahoteefoɔ nyinaa.

19 Hommɔ mpaeɛ mma me nso, na sɛ mebie m’ano a, manya akokoɔduro a mede bɛpae mu aka asɛmpa he ho ahintasɛm,

20 na ɔno ho somafoɔ ne meyɛ ya nkɔnsɔnkɔnsɔn mu yi. Hommɔ mpaeɛ sɛ mede akokoɔduro bɛpae mu aka asɛm biaa a ɔsɛ sɛ meka.


Asetena mu nsɛm ne nhyira

21 Sɛ ɔbɛyɔ na ho nso hobehu sɛnea me ho teɛ ne nea meeyɔ nti, Tihiko bɛka bibiaa akyerɛ ho. Ɔyɛ nua dɔfo pa ne Awurade somfoɔ nɔkwafoɔ.

22 Yeiaa nti ne meesoma no aba ho nkyɛne, na woama hoahu sɛnea yɛ ho teɛ, na woama ho akoma atɔ ho yam.

23 Asomdwie ne dɔ a gyidie ka ho a ofiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom nyinaa.

24 Adom nka bɛ a bɛde dɔ a ɔnsa da dɔ yɛ Awurade Yesu Kristo nyinaa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan