Efesofoɔ 5 - Apam FoforɔHonnɔ ho ho ho ho sɛ ho soro Agya dɔ ho he 1 Nti honsua Nyankopɔn, sɛ mma adɔfo, 2 na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti. Honngu abosonsom 3 Nso Adwammammɔ, fi, anaa anibereɛ deɛ, ɔnsɛ sɛ bɛka bata ho dini ho koraa, saa ne fata ahoteefoɔ. 4 Na hommma aniwudeɛ, nsɛnhunu ɔne nsɛnkwaa a kasafi yam mfiri ho anum na mmom, homma nea ofiri ho anum nyɛ aseda. 5 Honhu sɛ, adwamammɔfoɔ anaa nea ɔyɔ nnoɔma a ho nte biaa, anaa aniberefoɔ (meekyerɛ bosomsonni) biaa, nya kyɛfa biaa Kristo ne Nyankopɔn ahennie mu. 6 Hommma nnipa biaa mfa nsɛnhunu nnaadaa ho, efiri sɛ saa nnoɔma yi ne de Nyankopɔn abufuo ba asoɔdenfoɔ so. 7 Nti hommmfa ho ho mmɔ bɛ. 8 Na kane he na hoyɛ sum, nso afei deɛ hoyɛ hann Awurade mu, nti hommɔ ho bra sɛ hann mma— 9 na hann aba da adi papa ne tenenee ne nea ɔyɛ nɔkorɛ nyinaa mu. 10 Hommɔ mmɔdene nhwehwɛ nea ɔsɔ Awurade ani. 11 Hommmfa ho ho mmfra sum nnwuma a ɔnso aba biaa mu, na mmom hompa yeinom ho ntoma. 12 Na nnoɔma a behinta yɔ he yɛ aniwuo sɛ bɛbɛbɔ dini mpo; 13 nso hann he pa bibiaa ho ntoma ma no da adi, na nea ɔda ne ho adi biaa yɛ hann. 14 Nti ne Twerɛ he ka sɛ, “Wo a wada, nyane! Sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo bɛhyerɛn ama wo.” 15 Honhwɛ sɛnea hobɛbɔ ho bra, honnnyɔ sɛ bɛ a bennim nyansa, na mmom honnyɔ sɛ anyansafoɔ, 16 honhwɛ ho mmerɛ so yie, efiri sɛ saa mmerɛ yi yɛ nna bɔne. 17 Nti honnyɛ ho ho sɛ bɛ a bennim nyansa, na mmom honte Awurade pɛ ase. 18 Hommoro nsa, efiri sɛ ɔde basabasa ba; na mmom honhyɛ ma Honhom mu, 19 na homfa sankuo so nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ ho ho ho ho, honto nnwom na hommɔ sankuo ho akoma mu mma Awurade, 20 na homfa aseda mma Agya Nyankopɔn daa adeɛ nyinaa mu, yɛ Awurade Yesu Kristo dini mu. Kristofoɔ afisɛm 21 Hommrɛbrɛ ho ho ase mma ho ho, ɔnam anidie a howɔ ma Kristo nti. 22 Ayerenom, hommerɛ ho ho ase mma ho kununom sɛnea hoyɔ ma Awurade. 23 Na kunu yɛ yere ti sɛnea Kristo nso yɛ asafo he ti he, asafo a ɔyɛ ne nipadua na ɔno ankasa nso yɛ asafo he Agyenkwa. 24 Sɛnea asafo he brɛ ne ho ase hyɛ Kristo ase he, saa nso ne ɔsɛ sɛ yerɛnom yɔ, adeɛ nyinaa mu, ma bɛ kununom. 25 Kununom, honnɔ ho yerɛnom, sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo he na ɔde ne ho too hɔ maa asafo he, 26 sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho asɛm he mu, ayɛ no kronkron, 27 na ɔde no asi hɔ ama ne ho animuonyam mu a dɛmdie, nkekaeɛ, anaa bibiaa a ɔte saa nni ne ho, na mmom ayɛ kronkron a onni dɛm biaa. 28 Saa kwane he soaa ne ɔsɛ sɛ kununom dɔ bɛ yerɛnom sɛ bɛaa bɛ ho. Beema a ɔdɔ ne yerɛ he dɔ ne ho. 29 Na biaa nni hɔ a ɔtane ɔno ankasa ne nipadua, na mmom biaa yɛne ne nipadua na ɔhwɛ so yie, sɛnea Kristo yɔ maa asafo he, 30 efiri sɛ yɛyɛ ne nipadua akwaa. 31 “Saa nti ne beema begya ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata ne yerɛ, na bɛ mmienu abɛyɛ honam baako.” 32 Yei yɛ ahintasɛm kɛseɛ a mede ɔɔtoto Kristo ne asafo he ho. 33 Nti ho mu biaa nnɔ ne yerɛ sɛ ɔno ankasa ne ho, na yerɛ nya buo kɛseɛ ma ne kunu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana