Efesofoɔ 4 - Apam FoforɔBaakoyɛ a ɔya Kristo nipadua mu 1 Nti afei me, Awurade mu deduani, mesrɛ ho sɛ hommɔ ho bra sɛnea ɔfata frɛ a bɛafrɛ ho he, 2 ahobrɛaseɛ, dwoɔ, aboterɛ ne abodwokyɛre nyinaa mu, na honnodɔ ho ho ho ho. 3 Hommɔ mmɔdene sɛ hobekura Honhom baakoyɛ mu, asomdwie mu. 4 Nipadua baako ne Honhom baako ne ya hɔ, sɛnea bɛafrɛ ho aba anidasoɔ baako mu he, 5 Awurade baako, gyidie baako, asubɔ baako, 6 Nyankopɔn baako a ɔyɛ yɛ nyinaa yɛ Agya, a odi yɛ nyinaa so, na ɔfa yɛ nyinaa mu, na ɔte yɛ nyinaa mu. 7 Nso ɔmaa yɛ mu biaa adom sɛnea Kristo akyɛdeɛ a woasusu teɛ. 8 Nti ɔkaa sɛ: “Berɛ a ɔforo kɔɔ soro he ɔde bɛ a na bɛafa bɛ nommum a ɔmaa bɛdee bɛ ho he kɔeɛ; na ɔde akyɛdeɛ maa nnipa.” 9 (Sɛ ɔka sɛ, “Ɔforo kɔɔ soro” a, na ɔkyerɛ sɛ odii kane siane kɔɔ asaase ase ansa. 10 Nea ɔsianeeɛ heaa ne foro kɔɔ sorosoro, sɛnea ɔbɛyɔ a ɔbɛma nnoɔma nyinaa awie pɛyɛ.) 11 Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ, 12 sɛ obesiesie ahoteefoɔ ama som nnwuma, na ama Kristo nipadua he anyini, 13 kosi sɛ yɛ nyinaa beduru Nyankopɔn Ba he ho gyidie baakoyɛ ne nimdeɛ mu, na yɛbɛwie nyini honhom mu, adi mu sɛnea Kristo a ɔyɛ susudua a ɔyɛ pɛ he teɛ; 14 sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ. 15 Na mmom, homma yenni nɔkorɛ, dɔ mu, na yɛnyini akwane nyinaa mu, Kristo a ɔno ne asafo he ti he mu, 16 ne mu ne nipadua he nyinaa akeka atoatoa mu pɛpɛɛpɛ na ɔyɔ adwuma bom ma ɔde nea ohia ma sɛnea akwaa biaa dwumadie teɛ, na ama nipadua he anyini ayɛ dene dɔ mu. Abrabɔ dadaa ne foforɔ 17 Na afei nea meeka na madi ho adanseɛ Awurade mu ne sɛ ɔnsɛ sɛ hobɔ ho bra bio sɛ amanamane mufoɔ a bɛaka a bɛnante bɛ adwene hunu mu he. 18 Bɛ adwene aduru sum, bɛmmɛne Nyankopɔn nkwa he ho, efiri sɛ, benni ho nimdeɛ ɔnam bɛ akoma pirim nti; 19 osiane sɛ bɛ ani nwu adeɛ bio nti, bɛde bɛ ho ama ahohwie, na bɛyɔ afideɛ nyinaa anibereɛ mu. 20 Na ho deɛ nyɛ saa ne hosua firii Kristo hɔ! 21 Nɔkorem, hoate ne ho asɛm na bɛakyerɛkyerɛ ho ne mu, sɛnea Yesu mu nɔkorɛ teɛ he. 22 Ɔne sɛ, ho kane abrabɔ fam deɛ, honto nipa dada a ɔɔsɛe nnaadaa akɔnnɔ mu he ntwene, 23 na honyɔ foforɔ ho adwene honhom mu, 24 na homfa nipasu foforɔ nhyɛ, tenenee ne kronkronyɛ mapa mu sɛ nnipa a Nyankopɔn abɔ bɛ sɛ ne nsɛso. Nkwa Foforɔ he ho nhyehyɛeɛ 25 Ne saa nti, honnyi atorɔ mfiri ho akwane mu, homma yɛ nyinaa ni nɔkorɛ mma yɛ yɔnkonom, efiri sɛ yɛyɛ yɛ ho yɛ ho akwaa. 26 Sɛ ho bo fu a, hommma ɔmfa ho nkɔ bɔne mu; hommma awia nkɔtɔ ho abufuo so, 27 na hoamma bronsam kwane. 28 Korɔmfoɔ nyae korɔno bɔ; na mmom ɔmmɔ mmɔdene mfa ne nsa nyɔ adwuma pa, na woanya bibi de ama ahiafoɔ. 29 Hommma nsɛmmɔne biaa mfiri ho anum mma, na mmom asɛm a ohia a obetumi ama bi anya nkɔsoɔ nkoaa ne honka, na ama bɛ a bɛte ho nsɛm he anya adom. 30 Na honnho Nyankopɔn Honhom Kronkron he werɛ, nea bɛde no ahyɛ ho nso ama gyeɛ da he. 31 Honto yeyaadie ne kokobɔne ne abufuo ne apereapereɛ ne nnaadaa, ɔne adebɔne biaa ngu, 32 na honyɔ ayamyɛ mma ho ho ho ho, honya ahummɔborɔ, homfa afoforɔ bɔne nkyɛ bɛ, sɛnea Nyankopɔn nam Kristo so de ho bɔne akyɛ ho he. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana