Efesofoɔ 3 - Apam FoforɔPaulo adwuma ya Amanamane mufoɔ mu 1 Yei nti ne me Paulo a meyɛ Kristo Yesu deduani ma ho amanamane mufoɔ, 2 sɛnea hoate no nɔkorem dada, Nyankopɔn adom a ho nti ɔde maa me, som adwuma he 3 ɔne sɛnea ɔnam adiyie so yii ahintasɛm adi kyerɛɛ me, sɛnea m’adi kane atwerɛ no nsɛm tiaa bi mu he; 4 ɔno ne sɛ hokenkane a ɔbɛboa ho ama hoahu nteaseɛ a mewɔ no Kristo ho ahintasɛm mu. 5 Mmerɛ bi a atwa mu he woanyi saa ahintasɛm yi adi ankyerɛ nipa biaa, sɛnea nnɛ ɔnam Honhom he so abɛda no adi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron he: 6 ɔne sɛ, Amanamane mufoɔ he abɛyɛ adedifoɔ te sɛ yɛ, nipadua korɔ heaa ho akwaa, na bɛnam asɛmpa he so anya bɔhyɛ he mu kyɛfa Kristo Yesu mu. 7 Mabɛyɛ saa asɛmpa yi ho somfoɔ sɛnea Nyankopɔn adom akyɛdeɛ teɛ, nea ɔde maa me sɛnea ne tumi yɔ adwuma he. 8 Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ. 9 Na afei nso, waama nnipa nyinaa ahu nhyehyɛeɛ a bɛahyehyɛ a ɔfa ahintasɛm a bɛde asie tete mmerɛ nyinaa Nyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa he mu; 10 sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔnam asafo he so bɛda Nyankopɔn nyansa ahodoɔ bebree he adi akyerɛ mpanyinnie ne tumidie a bɛya soro, 11 sɛnea Nyankopɔn timpɔ a wadi ho dwuma yɛ Awurade Kristo Yesu mu he teɛ. 12 Ne mu na yɛnam gyidie so anya nnamyɛ ne akwanya, ahotɔsoɔ mu. 13 Yei nti mesrɛ ho sɛ hompa aba m’amanehunu a mehu ma ho he ho; ɔyɛ animuonyam ma ho. Mpaeɛ a ɔbɔ maa akenkanfoɔ 14 Ne saa nti ne mebu nkotodwe Agya he anim, 15 nea befiri ne mu frɛ abusua biaa a ɔya soro ne asaase so he. 16 Mebɔ mpaeɛ sɛ, sɛnea n’ahonya animuonyam teɛ sɛ ɔbɛma ho mu nipadua a ahinta he ase atim tumi a ɔnam ne Honhom so he mu, 17 ɔne sɛ Kristo nam gyidie so bɛtena ho akoma mu, sɛdeɛ hoagye nhini na ho ase atim dɔ mu. 18 Mebɔ mpaeɛ sɛ hobenya tumi a ɔbɛma ho nteaseɛ, ho ne ahoteefoɔ he nyinaa, nea ɔtrɛ na ɔbae na ɔkrɔnn na mu dɔ, 19 na hoahu Kristo dɔ a ɔtra nimdeɛ nyinaa so, sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛyɛ ma Nyankopɔn su nyinaa mu. 20 Afei nea ɔwɔ tumi a ɔyɔ adwuma yɛ mu a ɔboro so kyɛne so sɛnea yebisa anaa yesusu he, 21 ɔno ne animuonyam nka no asafo he mu ne Kristo Yesu mu firi mmerɛsantene so kosi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, daa daa. Amen. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana