Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Efesofoɔ 2 - Apam Foforɔ


Hoafiri wuom kɔ nkwa mu

1 Na Nyankopɔn maa ho a na hoawu mfomsoɔ ne bɔne a

2 na hote mu he mu, na hodii wiase yi su akyi, tumidie ne mpanyinnie a ɔya wiem, honhom a nnɛ ɔyɔ adwuma asoɔdenfoɔ mu, he nkwa.

3 Saa ara ne mmerɛ bi a atwam he yɛ nyinaa nso yɛbɔɔ yɛ bra sɛnea yɛ honam akɔnnɔ teɛ, yedii honam ne n’akɔnnɔ akyi, na yɛbɛyɛɛ abufuo mma, yɛ awosuo mu, sɛnea nnipa a aka nyinaa teɛ.

4 Nso Nyankopɔn a, ne mmɔborɔhunu dɔɔso he, firi ne dɔ kɛseɛ a ɔde dɔɔ yɛ he mu,

5 ama yɛ a na yɛawu mfomsoɔ mu he ne Kristo nkwa. Ɔnam adom so ne Nyankopɔn agye ho nkwa,

6 na wanyane yɛ ne Kristo na ɔde yɛ atena soro hɔ Kristo Yesu mu,

7 sɛnea ɔbɛyɔ a mmerɛ a ɔɔba he mu ɔnam n’ayamyɛ so bɛda n’adom mmorosoɔ a mu nni hwehwɛbea he adi akyerɛ yɛ Kristo Yesu mu.

8 Na adom ne ama bɛnam gyidie so agye ho nkwa, na omfiri ho ankasa; ɔyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ a

9 omfiri nnwuma mu, sɛ ɔbɛyɛ a bi ntumi mfa nhoahoa ne ho.

10 Nti seesei yɛabɛyɛ abɔdeɛ a Nyankopɔn bɔɔ yɛ Kristo mu maa nnwuma pa a wasiesie ato hɔ dadaada sɛ yɛmma yɛ abrabɔ nyɛ saa he.


Kristo mu baakoyɛ

11 Ne saa nti, ho a na ho awosuo mu he, na hoyɛ amanamane mufoɔ he, honkae sɛ, na “bɛ a bɛatwa bɛ twetia,” honam fam twetiatwa a bɛde nsa atwa, he frɛ ho sɛ “ho a bentwaa ho twetia,”

12 honkae sɛ saa mmerɛ he na honnim Kristo, na hoyɛ amanfrafoɔ na honnyɛ Israel mane mma, na hoyɛ ahɔhoɔ apam he bɔhyɛ he ho, na honni anidasoɔ biaa, afei nso na honnim Nyankopɔn ho wiase abrabɔ mu.

13 Nso afei deɛ Kristo Yesu mu, ho a nka na hoya akyirikyiri he, bɛnam Kristo mogyaa so atwe ho abɛne Nyankopɔn.

14 Na ɔyɛ yɛ asomdwie; ɔnam ne honam so aka nnipakuo mmienu he abom ayɛ yɛ baako na wabubu nitane a ɔte sɛ afasuo he afiri hɔ.

15 Kristo Yesu guu mmara he ne n’ahyɛdeɛ he ne ne nsusuansoɔ nyinaa, sɛ ɔnam ne nipadua so bɛbɔ nipadua foforɔ baako asi mmienu he anane mu, na ɔde asomdwie aba,

16 na ɔnam asennua he so aka mmienu he abom ayɔ no nipadua baako ama Nyankopɔn, na waayi nitane a na ɔya hɔ he afiri hɔ.

17 Nti ɔbaa sɛ ɔɔbɛka asomdwie ho asɛm akyerɛ ho a na hoya akyirikyiri ne ho a hobɛne Nyankopɔn;

18 na ɔnam ne so ne yɛ nyinaa nam Honhom baako a ɔde yɛ kɔ Agya he hɔ.

19 Nti afei honyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom hoyɛ yɔnko-mane-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ, ho ne ahoteefoɔ nyinaa,

20 bɛde ho ato fapem a asomafoɔ ne adiyifoɔ he toeɛ he so a Kristo Yesu he ankasa ne tweasotiboɔ he.

21 Ne mu ne nea bɛasi he nyinaa akeka atoa mu na ɔɔpagya akɔyɛ Nyankopɔn asɔredane kronkron;

22 ne mu ne ho nso bɛde ho abom asi hɔ sɛ Nyankopɔn tenabea, honhom mu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan