Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Efesofoɔ 1 - Apam Foforɔ


Nkyea

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ; twerɛ krataa yi de kɔma ahoteefoɔ a bɛya Efeso na bɛyɛ Kristo Yesu mu agyidifoɔ nyinaa:

2 Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Honhom mu nhyira a ɔya Kristo mu

3 Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo Agya, nea ɔde honhom mu nhyira a ɔya soro nyinaa ahyira yɛ Kristo mu,

4 sɛnea oyii yɛ Kristo mu ansa na bɛtoo wiase fapem sɛ yɛbɛyɛ kronkron, na yɛ ho ɔmma asɛm n’anim.

5 Nyankopɔn nam Yesu Kristo so yii yɛ sii hɔ sɛ ne mma, sɛnea ɔpɛ na ɔsɔ n’ani,

6 na ayɛ ayeyie ama animuonyam adom a ɔde nam ne Dɔba he so akyɛ yɛ kwa.

7 Ne mu ne yɛnam ne mogyaa so anya gyeɛ, a ɔne yɛ mfomsoɔ ho fakyɛ, sɛnea n’adom mmorosoɔ teɛ

8 a wahwie agu yɛ so.

9 Na waama yɛahu nyansa nyinaa ne nhunumu ahintasɛm a ɔpɛ he, sɛnea osiesiee no Kristo mu he.

10 Yei ne nhyehyɛeɛ a ɔda hɔ sɛ berɛ pa mu he, ɔbɛka nnoɔma a ɔya soro ne nea ɔya asaase so nyinaa abom ne mu.

11 Kristo heaa mu ne wayɔ yɛ adedifoɔ nso, sɛnea nnoɔma nyinaa ne ne pɛ agyinatuo teɛ, bɔɔ ne tim pɔ hyehyɛ too hɔ he,

12 sɛnea ɔbɛyɛ a yɛ a yedii kane nyaa Kristo mu anidasoɔ he, yɛbɛtena ase ama n’ayeyie animuonyam.

13 Na ho nso, berɛ a hotee nɔkorɛ asɛm he, ho nkwagyeɛ ho asɛmpa he, honyaa ne mu anidasoɔ. Ne muaa nso ne berɛ a hogyediiɛ he, bɛde Honhom Kronkron a bɛhyɛɛ ne ho bɔ he hyɛɛ ho nso;

14 yei ne yɛ agyapadeɛ he nyinasoɔ kosi sɛ yɛ nsa bɛka ama yɛayi Nyankopɔn ayɛ animuonyam mu.


Paulo mpaebɔ

15 Maate ho gyidie a howɔ ne Awurade Yesu mu ne ho dɔ a hodɔ ahoteefoɔ he nyinaa, ne saa nti,

16 mennyae ho ho aseda a ɔsɛ sɛ meda no me mpaebɔ mu.

17 Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya he, bɛma ho nyansa ne adiyie honhom berɛ a hoahu no yi,

18 na ama hoanya nteaseɛ, na hoahu anidasoɔ a ɔfrɛɛ ho baa mu he, nnoɔma a ɔyɛ ma n’animuonyam agyapadeɛ ahonyadeɛ ahoteefoɔ he mu,

19 ne ne tumi a mu nni hwehwɛbea ma yɛ a yɛgyedi, sɛnea ne tumi a ɔsõ a ɔyɔ adwuma he teɛ.

20 Ɔyɛ saa tumi yi ne Nyankopɔn de dii dwuma berɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nsa nifa so ya soro hɔ,

21 boroo mpanyinnie ne tumidie ne ahoɔdene ne nommumfa nyinaa, ne dini biaa a bɛbɔ, nyɛ wiase yi mu nkoaa na mmom wiase a ɔbɛba he mu nso.

22 Na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nane ase na waayɔ no nnoɔma nyinaa ti ama asafo a

23 ɔyɛ Kristo nipadua, a nea ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma he hyɛ no ma.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan