Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Kolosefoɔ nwoma 4 - Apam Foforɔ

1 Awuranom, ho ne ho nkoa nni no yie sɛnea ɔsɛ, efiri sɛ honim sɛ ho nso howɔ Wura bi ya soro.


Mpaebɔ ho mmɔdemmɔ

2 Honkura mpaebɔ mu, na homfa aseda nwɛne mpaebɔ mu.

3 Na hommɔ mpaebɔ mma yɛ nso, sɛ Nyankopɔn bebie pono ama n’asɛm, sɛ yɛbɛka Kristo ho ahintasɛm a ɔno nti meda afiase he,

4 na maayi no adi pefee akyerɛ sɛdeɛ ɔsɛ sɛ meyɔ.

5 Na akwannya biaa hobenya he hommɔ ho bra nyansa mu mma wiasefoɔ nhu.

6 Homma ho kasa ho mmara nyam daa a nkyene ya mu, na hoahu sɛdeɛ ɔsɛ sɛ hobua biaa.


Nkyea a otwa toɔ

7 Tihiko bɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ ho; ɔyɛ nua dɔfoɔ, somfo nɔkwafoɔ ne yɔnko akoa Awurade mu.

8 Yei nti ne maasoma no ho nkyɛne na hoahu sɛdeɛ yɛ ho teɛ, na wahyɛ ho akoma dene;

9 ɔne Onesimo, nɔkwafoɔ ne nua dɔfoɔ a ɔyɛ ho honam-nipa, ne ɔɔba. Bɛbɛka ha asɛm nyinaa akyerɛ ho.

10 Aristarko, me yɔnko deduani kyea ho, saa nso ne Marko a ɔyɛ Barnaba nua nso kyea ho, nea mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ ho sɛ, sɛ ɔba ho nkyɛne a, wonnye no fɛ so he.

11 Na Yesu a bɛfrɛ no Yusto he nso kyea ho. Bɛne befiri bɛ a bɛatwa bɛ twetia he mu. Yeinom nkoaa ne me mfɛfoɔ ya Nyankopɔn ahennie he fam, na bɛabɛyɛ aboafoɔ a bɛahyɛ me dene.


Epafra, Luka ne Dema

12 Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.

13 Na medi ne ho adanseɛ sɛ waayɔ adwuma dene ama ho ne bɛ a bɛya Laodikea ne Hierapoli.

14 Luka, duyɛfoɔ dɔfoɔ he ne Dema kyea ho.


Laodikea asafo

15 Honkyea anuanom a bɛya Laodikea ne Nimfa ne asafo a behyia ne fie he.

16 Na sɛ hokenkane krataa yi kyerɛ ho ho wie a, homma bɛnkenkane no Laodikeafoɔ asafo he nso mu; na honhwɛ sɛ ho nso hobɛkenkane me krataa a ɔya Laodikea asafo he mu nso.

17 Na honnka nkyerɛ Arkipo sɛ, “Hwɛ sɛ wobewie som adwuma a wo nsa aka ya Awurade mu he.”


Awieeɛ

18 Me Paulo, mede meaa me nsa ne ɔɔtwerɛ nkyea yi. Honnkae me nkɔnsɔnkɔnsɔn. Adom nka ho.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan