Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Kolosefoɔ nwoma 3 - Apam Foforɔ


Yɛne Kristo baakoyɛ

1 Nti sɛ bɛanyane ho ne Kristo a, honhwehwɛ soro nnoɔma, faako a Kristo ya a ɔte Nyankopɔn nsa nifa so.

2 Homfa ho adwene nsi soro nnoɔma so, ɔnyɛ asaase so nnoɔma,

3 efiri sɛ hoawu, na bɛde ho nkwa ahinta Nyankopɔn mu sɛnea bɛde Kristo nso ahinta ne mu he.

4 Sɛ Kristo a ɔyɛ yɛ nkwa he yi ne ho adi a, bebeyi ho ne no nso adi animuonyam mu.

5 Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.

6 Yeinom nti ne Nyankopɔn abufuo ɔɔba bɛ a bɛyɛ asoɔdene so.

7 Na saa kwane yeinom so ne hofa bɔɔ ho bra mmerɛ bi a atwam.


Su foforɔ

8 Na seesei deɛ, honnyi saa nnoɔma yeinom: abufuo, kokobɔne, bɔnepɛ, nantitwitwa ne kasafi mfiri ho anum koraa.

9 Honntwa atorɔ nkyerɛ ho ho, berɛ a hoayi kane nipadua he ɔne ne nneyɔeɛ agu

10 na hoahyɛ nipasu foforɔ a bɛnam nɔkorɛ nimdeɛ so a ɔɔyɔ no foforɔ sɛnea nea ɔbɔɔ no he subane teɛ.

11 Yei nti Helani ne Yudani, nea bɛatwa no twetia ne nea bentwaa no twetia, pɔtɔni, Skiteni, akoa anaa dehyeɛ nni saa foforɔyɛ he mu, na Kristo ne ade nyinaa, na ɔya bɛ nyinaa bɛ mu.


Ɔsɛ sɛ besua Kristo abrabɔ

12 Ɔnam sɛ, hoyɛ nnipa a Nyankopɔn ayi ho a hoyɛ kronkron na ɔdɔ ho nti, homfa mmɔborɔhunu, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ, dwoɔ ne ntoboaseɛ mmɔ ho bra.

13 Sɛ ho mu bi wɔ asɛm tia ne yɔnko, a honkɔ so nya ho ho aboterɛ, na sɛ bi wɔ asɛm bi tia bi a, homfa nkyekyɛ ho ho sɛnea Awurade de ho bɔne akyɛ ho he, saa ara ne ho nso homfa nkyɛ.

14 Ne titire koraa he, homfa dɔ a ɔka nnoɔma nyinaa bom he mmɔ ho bra.

15 Na homma Kristo asomdwie nni hene ho akoma mu, na ɔno mu ne bɛafrɛ ho aba nipadua baako mu. Na honnyɛ boniayɛfoɔ.


Abrabɔ nnyinasoɔ

16 Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.

17 Na nea hobɛyɔ biaa, kasa mu oo, nneyɔeɛ mu oo, honyɔ bibiaa Awurade Yesu dini mu, na homfa ne so mfa aseda mma Agya Nyankopɔn.


Yerenom, kununom, mma, awofoɔ, nkoa ne awuranom
( Efesofoɔ 5:22—6:9 )

18 Ayerenom, hommrɛ ho ho ase mma ho kununom, Awurade mu; na saa ne Awurade ɔɔhwehwɛ.

19 Kununom, honnɔ ho yerɛnom, na honteetee bɛ.

20 Mmɔfra, honyɔ setie mma ho awofoɔ ade nyinaa mu, na yei ne sɔ Awurade ani.

21 Agyanom, honhyɛ ho mma abufuo na amma bɛ abam ammu.

22 Nkoa, honyɔ setie mma ho asaase so wuranom adeɛ nyinaa mu, ɔnyɛ anisoɔ som mu sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom akoma pa mu a ɔkyerɛ sɛ hosuro Awurade.

23 Sɛnea ho adwuma teɛ biaa, homfiri ho akoma mu nyɔ no sɛ hoyɔ ma Awurade, na mmom nyɛ nnipa.

24 Na honim sɛ Awurade nkyɛne ne hobenya agyapadeɛ sɛ ho akatua; na honhu sɛ Awurade Kristo ne ho som no.

25 Na debɔnyɛni benya ne bɔne so akatua, na Nyankopɔn anim deɛ, ntɛnkyea biaa nni hɔ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan