Kolosefoɔ nwoma 2 - Apam FoforɔKolosefoɔ yiedie ho mmɔdemmɔ 1 Na mepɛ sɛ hohu apereapereɛ dendene a medi no ho ho ne bɛ a bɛya Laodikea ne bɛ a benhuu m’anim honam mu nyinaa nso ho. 2 Mepɛ sɛ benya nkuranhyɛ bɛ akoma mu na bɛka bom dɔ mu, na bɛanya nteaseɛ pa nyinaa, na bɛanya Nyankopɔn ahintasɛm ho nimdeɛ a ɔne Kristo he ankasa. 3 Ɔyɛ Kristo mu ne nyansa ne nimdeɛ ho nnepa nyinaa ahinta. 4 Meeka yei na biaa amfa mmradɛtoɔ annaadaa ho. 5 Na ɔyam sɛ menni ho nkyɛne nipadua mu deɛ, nso meka ho, honhom fam, na m’ani gye kwane a hofa so yɔ adeɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ ne tintim a ho gyidie atintim Kristo mu he ho. 6 Sɛdeɛ hoagye Awurade Kristo Yesu he, saa ne hommɔ ho bra sɛ Kristo mu agyidifoɔ 7 a bɛagye ahini, na bɛde bɛ ani asi Kristo so, na bɛayɛ dene gyidie mu, sɛdeɛ bɛkyerɛɛ ho heaa, na ho aseda adɔɔso. Kristo nyameyɛ 8 Honhwɛ yie na biaa amfa nipa nyansa ne nnaadaa hunu a ɔnam nnipa nhyehyɛeɛ so, ne wiase ahonhom so ammɛfa ho nommum, efiri sɛ saa nnoɔma yi nyinaa mfiri Kristo, 9 na Kristo mu ne nyame su nyinaa da adi nipadua mu, 10 na hoayɛ ma ya ne mu: Ɔno ne yɛ mpanyinnie ne tumidie nyinaa ti. 11 Ne mu ne bɛatwa ho twetia a bɛamfa nsa ne twaeɛ, na deɛ ɔya honam nipadua mu a beyi gu hɔ he, bɛayi no Kristo twetiatwa mu. 12 Besiee ho ne no asubɔ mu he, ho ne no nso sɔreeɛ gyidie mu, Nyankopɔn a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he tumi mu. Kristo mpatadwuma 13 Na berɛ a na hoawu ya ho mfomsoɔ ne honam ne twetiatwa mu he, Nyankopɔn maa ho ne no baa nkwa mu bio. Nyankopɔn nam adom so de yɛ mfomsoɔ nyinaa kyɛɛ yɛ, 14 na ɔpepaa nsa ano atwerɛeɛ a ɔya ahyɛdeɛ he mu a otia yɛ he, na oyi firii hɔ de ne nyinaa bɔɔ asennua he mu. 15 Na watutu mpanyinnie ne tumidie nyinaa agu, ayi bɛ adi akyerɛ pefee ya badwam, nam asennua he so adi bɛ so nkunim. Ntamgyinafoɔ foforɔ biaa nni hɔ 16 Nti hommma bi mmu ho atɛne aduane anaa anonneɛ anaa nnapɔnna anaa bosome foforɔ afahyɛ anaa home nna fam. 17 Yeinom yɛ nea ɔbɛba he ho mfonyini kɛkɛ, na deɛ odi mu he ankasa ne Kristo. 18 Hommma bi mfa kramane ahobrɛaseɛ ne abɔfosom so mma nkunimboɔ he mmɔ ho, nea ɔnam anisoadehunu kwa ne honam nsusuiɛ hunu so yɛ ahomasoɔ. 19 Saa nipa he nkita asafo he Ti a ɔma nipadua he nyinaa aduane, na ɔnam ntoatoamu ne ahoma so ma no ka bom gyina, na onyini nyini a ofiri Nyankopɔn mu he. 20 Nti sɛ ho ne Kristo anya awu afiri wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, mmɛ nti ne hode ahyɛdeɛ to ho ho so sɛdeɛ hoda so yɛ wiasefoɔ, 21 na ho ka sɛ, “Nsɔ mu, nka nhwɛ, mfa wo nsa nka?” 22 Saa nnoɔma yei nyinaa yɛ nnoɔma hunu, nnipa ahyɛdeɛ ne nkyerɛkyerɛ kwa. 23 Saa nnoɔma he nyinaa yɛ bɛ ankasa bɛ som mu adeɛ a nnipa anim he, ayɛ sɛ nea nyansa yam nso ɔyɛ kramane ahobrɛaseɛ a ɔma bɛ ankasa bɛ nipadua mpo, bedi no nya; nso tumi biaa nnim a obetumi ako atia honam akɔnnɔ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana