Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 7 - Apam Foforɔ


Israel nnipa mpemha aduanan nnan he

1 Yei akyi he, mehuu abɔfoɔ nnan sɛ, begyinagyina asaase ntweasoɔ nnan he so a, bɛɛtwe mframa nnan a ɔya asaase so he ɔɔsane akyi sɛnea ɔbɛyɛ a, mframa biaa ɔmmɔ asaase ne po ne dua biaa so.

2 Na mehuu bɔfoɔ foforɔ a ofiri awia apieɛ ɔɔba a okita Nyankopɔn teasefoɔ he nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ nnan he a na Nyankopɔn ama bɛ tumi sɛ bɛnsɛe asaase ne po he.

3 Bɔfoɔ he kaa sɛ, “Honnsɛe asaase ne po anaa nnua kosi sɛ yɛbɛhyɛ Nyankopɔn nkoa he nso bɛ moma so.”

4 Na bɛkyerɛɛ me bɛ a bɛahyɛ bɛ nsõ he dodoɔ. Na bɛ nyinaa bɛ dodoɔ yɛ mpemha aduannan nnan a, befiri Israel mmusuakuo nyinaa mu.

5 Yuda abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Ruben abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Gad abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu

6 Aser abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Naftali abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Manase abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu.

7 Simeon abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Lewi abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Isakar abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu.

8 Sebulon abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Yosef abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Benyamin abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu.

9 Yei akyi he, mehwɛeɛ, na mehuu nnipakuo a biaa ntumi nkane bɛ dodoɔ a befiri amane ne mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa nyinaa mu a begyinagyina ahennwa he ne Adwamaa he anim a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa kitakita berɛɛ.

10 Bɛteaam dendene sɛ, “Nkwagyeɛ firi yɛ Nyankopɔn a ɔte ahennwa he so ne Adwamaa he hɔ.”

11 Na abɔfoɔ he atwa ahennwa he ne mpanyimfoɔ he ne ateasefoɔ nnan he ho ahyia. Afei bebutubutuu ahennwa he anim, sɔree Nyankopɔn

12 kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔdene yɛ Nyankopɔn dea daa daa! Amen!”


Nkwagyeɛ a ɔnam adwammaa he so ba

13 Afei mpanyimfoɔ he mu baako bisaa me sɛ, “Hefoɔ ne bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa yi, na befiri he?”

14 Mebuaa sɛ “Owura, wo ne wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne bɛ a bɛafiri taa mu, na bɛde Adwamaa he mogyaa ahohoro bɛ ntaadeɛ ama ayɛ fitaa.

15 Na yei nti ne begyina Nyankopɔn ahennwa anim a bɛɛsom awia ne anadwo ne hyiadane mu yi. Nea ɔbɛtena ahennwa he so he bɛbɔ bɛ ho bane.

16 Kɔm ɔnne bɛ bio. Awia anaa ahuhuro biaa ɔnnhye bɛ bio,

17 efiri sɛ, Adwamaa he a ɔya ahennwa he mfinimfini he bɛyɛ bɛ dwanhwɛfoɔ de bɛ akɔ nkwa asuti ho. Na Nyankopɔn bɛpopa bɛ aniwa mu nisuo nyinaa.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan