Adiyisɛm 5 - Apam FoforɔNwoma he ne Adwammaa he 1 Na mehuu nwoma bi ya deɛ ɔte ahennwa so he nsa nifa mu. Na bɛatwerɛ mu ne akyire nyinaa a na bɛde nsɔano nson asosɔ ano. 2 Na mehuu bɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Hwane ne fata sɛ ɔte nsɔano he ano na obie nwoma he mu?” 3 Na bɛannya biaa a ɔya soro anaa asaase so, anaa asaase ase a otumi biee nwoma he mu na ohwɛɛ mu. 4 Mesuu paa efiri sɛ, bɛannya biaa a ɔfata sɛ obie nwoma he mu na ɔhwɛ mu. 5 Afei mpanyimfoɔ he mu baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Yuda abusuakuo mu Gyata a ɔyɛ Dawid aseni he adi nkunim, na ɔno ne betumi ate nsɔano nson he ano na wabie nwoma he mu.” 6 Afei mehuu adwamaa bi sɛ ogyina ahennwa he mfimfini a ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ he atwa ne ho ahyia. Wohwɛ a, na ɔte sɛ nea bɛaku no. Na ɔwɔ mmɛne nson ne ani nson a ogyina hɔ ma Nyankopɔn ahonhom nson a bɛasoma bɛ aba wiase he. 7 Adwamaa he kɔgyee nwoma he firii nea ɔte ahennwa so he nsa nifa mu. 8 Ɔyɔɔ saa he, ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutuu adwamaa he anim. Na bɛ mu biaa kita sankuo ne sika ayowa a aduhwam, a ɔyɛ ahoteefoɔ mpaebɔ, ahyɛ no ma. 9 Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn. 10 Woama bɛayɛ ahemmane ne asɔfoɔ ama yɛ Nyankopɔn, na bebedi asaase so ahene.” 11 Bio mehwɛeɛ, na metee abɔfoɔ mpempem buburugyaa nka. Na bɛatwa ahennwa he ne ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ he ho ahyia 12 a na bɛɛto nnwom dendene sɛ, “Adwamaa a bekuu no he fata sɛ ɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔdene ne anidie ne animuonyam ne nhyira!” 13 Na metee sɛ abɔdeɛ a ɔya soro, asaase so, asaase ase, po mu ne dea ɔya wiase nyinaa ɔɔto nnwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka nea ɔte ahennwa he so ne adwamaa he daa daa!” 14 Ateasefoɔ nnan he gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanyimfoɔ he butubutuiɛ, na bɛkoto sɔreeɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana