Adiyisɛm 4 - Apam FoforɔSoro pono a Bɛabie 1 Yei akyi he, mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu soro pono sɛ abie. Na nne bi teaam sɛ totorobɛnto a mate sɛ bi akasa akyerɛ me pɛn he; na ɔkaa sɛ, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo nea ɔbɛba yei akyi.” 2 Prɛko pɛ! Na meya honhom mu. Na hwɛ, na bɛde ahennwa bi asi soro a bi te so. 3 Na nea ɔte he anim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ. Na nyankontɔno a ɔte sɛ ahabamonoboɔ atwa ahennwa he ho ahyia. 4 Na ahennwa aduonu nnan atwa ahennwa he ho ahyia a mpanyimfoɔ aduonu nnan tete so a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa na sikakɔkɔɔ abotire bobɔ bɛ ti. 5 Na anyinam ne nne ahodoɔ ne apranaa boboom firi ahennwa he mu. Na nkanea nson a bɛasosɔ a ɔɔdɛre ya ahennwa he anim. Na yeinom ne Nyankopɔn ahonhom nson. 6 Na bibi te sɛ ahwehwɛ po a ɔyɛ krɔgyee sɛ ahwehwɛ da ahennwa he anim. Na ateasefoɔ nnan a ani tuatua bɛ anim ne bɛ akyi atwa ahennwa he ho ahyia. 7 Na teasefoɔ a odi kane he te sɛ gyata; nea ɔtɔ so mmienu he te sɛ nantwie ba; nea ɔtɔ so mmeɛnsa he anim te sɛ nipa; na nea ɔtɔ so nnan he te sɛ kɔdeɛ a ootu. 8 Na ateasefoɔ nnan he mu biaa wɔ ntabane nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa bɛto nnwom sɛ, “Kronkron, Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a na ɔya hɔ tetentredee, na seesei nso ɔya hɔ, na ɔya hɔ daa.” 9 Saa ateasefoɔ nnan he to nnwom de hyɛ nea ɔte ahennwa he so a ɔte hɔ daa daa he animuonyam de ma no anidie da no ase. 10 Sɛ bɛyɔ saa a, mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutu nea ɔte ahennwa he so he anim sɔre nea ɔte hɔ daa daa he. Betu bɛ ahenkyɛ gu ahennwa he anim ka sɛ, 11 “Yɛ Awurade ne Nyankopɔn; wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, efiri sɛ, wo ne wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ mu nti na bɛya hɔ, ne bɛbɔeɛ.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana