Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 3 - Apam Foforɔ


Krataa a ɔtwerɛ kɔmaa Sardi asafo he

1 “Twerɛ krataa kɔma Sardi asafo he mu bɔfoɔ sɛ: “Yei ne nsɛm a ofiri nea ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson he nkyɛne. “Menim wo nnwuma; wowɔ dini sɛ wote ase deɛ, nso woawu.

2 Nti nyane na kanyane nea aka wo nkyɛne he na anwu koraa, na menhuu wo nnwuma sɛ ɔyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

3 Kae nea wonyaeɛ na woteeɛ he, di so na sakra w’adwene firi wo bɔne ho. Sɛ woanwɛne a, mɛba wo so te sɛ korɔmfoɔ, na wonhu dɔnhwere korɔ a mɛba wo nkyɛne.

4 “Nso ho mu kakraa bi a bɛya Sardi he mfaa wiase nkekaeɛ nkekaa bɛ ntaadeɛ mu. Na bɛ ne me bɛnante berɛ a bɛhyɛ ntaade fitaa, efiri sɛ, bɛfata sɛ bɛyɔ saa.

5 Na deɛ odi nkunim he bɛbɛhyɛ no ataade-fitaa, na mempopa ne dini mfiri nkwa nwoma he mu. Mɛbɔ ne dini ahyɛ no animuonyam m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.

6 Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he.


Krataa a ɔtwerɛ kɔmaa Filadelfia asafo he

7 “Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.

8 “Menim wo nnwuma. Hwɛ, mede pono bi a mabie a bi ntumi ntom asi w’anim. Menim sɛ wowɔ tumi ketewa bi deɛ, nso woadi me nkyerɛkyerɛ he so na woampa me dini.

9 Hwɛ! Mɛma bɛ a befiri Satan hyiadane mu, a bedi torɔ ka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ bi he abɛkoto wo nane ase, na bɛ nyinaa ahu sɛ medɔ wo.

10 Esiane sɛ woadi m’ahyɛdeɛ so boasetɔ mu nti, sɛ haw a ɔɔba wiase nyinaa abɛsɔ asaase so nnipa nyinaa ahwɛ he ba a, mɛgye wo afiri mu.

11 Ɔnkyɛre biaa mɛba. Sɔ nea wowɔ he mu dene, na bi annye wo nkunim abotire he.

12 Nea obedi nkunim he, mɛma no ayɛ me Nyankopɔn asɔredane he fapem titire, na ommfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Nyankopɔn dini ne me Nyankopɔn kuro dini a ɔyɛ Yerusalem foforɔ a obefiri soro me Nyankopɔn nkyɛne aba he agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me dini foforɔ agu ne ho.

13 Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he.


Krataa a ɔtwerɛ kɔmaa Laodikea asafo he

14 “Twerɛ krataa kɔma Laodikea asafo mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri Amen a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ a ɔyɛ bibiaa a Nyankopɔn bɔeɛ he abɔseɛ nkyɛne.

15 “Menim wo nnwuma. Wo a wonyɛ nwunu, wo nso a wonyɛ hye. Sɛ woyɛ nwunu anaa hye a, nka ɔyɛ!

16 Nso esiane sɛ woyɛ botrobodwo na wonyɛ hye, wo so a wonyɛ nwunu nti, mɛfe wo afiri m’anum.

17 Woka sɛ, ‘Meyɛ defoɔ na maanya me ho, na mewɔ nea ohia me nyinaa.’ Nso wonnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ hiani. Woda adagya, na w’ani nso afira.

18 Nti metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ a bɛabere ho gya mu, firi me nkyɛne sɛnea ɔbɛma woayɛ defoɔ. Afei tɔ ntaadeɛ fitaa hyɛ fa kata w’adagya a ama w’anim agu ase he so. Afei tɔ aniduro sra w’ani so sɛnea wobehu adeɛ.

19 Mekɔ so twe bɛ a medɔ bɛ he nyinaa aso. Nti bɔ mmɔdene na sakra w’adwene.

20 Hwɛ! Megyina pono he akyi ɔɔbɔ mu, sɛ bi te me nne na obie pono he a, mɛba mu na me ne no abedidi na ɔno nso ne me adidi.

21 Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.

22 Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan