Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 22 - Apam Foforɔ


Nkwa asubɔntene ne nkwa dua hee

1 Afei bɔfoɔ he kyerɛɛ me nkwa asubɔntene a ani te krɔgyee sɛ ahwehwɛ a ofiri Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa so

2 a, ɔtene fa kuro he abɔntene mfinimfini. Na nkwa dua a ɔsõ aba ahodoɔ dummienu sisi Asubɔntene he afanu nyinaa, na ɔsoso n’aba bosome biaa. Na dua he ahahane ne bɛde sa amane yadeɛ.

3 Bibiaa a ɔhyɛ Nyankopɔn nnome ase he nkɔ kuro he mu. Bebehu Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa ya kuro he mu na ne nkoa bɛsom no.

4 Bebehu n’anim na bɛbɛtwerɛ ne dini agu bɛ moma so.

5 Adeɛ ɔnnsa hɔ bio na nkanea anaa awia ho nhia, efiri sɛ, Awurade Nyankopɔn bɛyɛ bɛ hann na bebedi ahene daa daa.

6 Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ a wode wo ho to so a, ɔyɛ. Na Awurade Nyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so kasaeɛ he somaa ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɔbɛba nnansa yiaa he.

7 Hwɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba.” Nhyira nka bɛ a betie adiyisɛm a ɔya saa nwoma yi mu he!

8 Na me, Yohane, mene mehuu nnoɔma yi na meteeɛ. Na meteeɛ na mehuiɛ he, mehwee ase sɛ meekoto asɔre bɔfoɔ a ɔkyerɛɛ me nnoɔma yi.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyɔ saa, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne bɛ a bedi nwoma yi mu nsɛm mu he soaa pɛ. Nyankopɔn nkoaa ne koto no sɔre no!

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nsɔ nwoma yi mu adiyisɛm he ano, efiri sɛ berɛ he abɛne sɛ nea bɛtwerɛ ya mu nyinaa ba mu.

11 Ee! Deɛ ɔyɔ bɔne he nkɔso nyɔ bɔne ara, na nea ɔyɔ fi he nyɔ fi ara. Na deɛ ɔtene he nkɔso ntene ara, na deɛ ɔyɛ kronkron he nkɔso nyɛ kronkron ara.”

12 “Hwɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba! Na mekita m’akatua sɛ mede bra biaa sɛnea n’adwuma teɛ.

13 Mene Alpha ne Omega, kannifoɔ ne kyidifoɔ, mfitiaseɛ ne awieeɛ he.”

14 Nhyira nka bɛ a bɛahoro bɛ ntaadeɛ na afiri, na bɛ a bɛwɔ ho kwane sɛ bedi nkwa dua he aba na bɛfa kuro he pono he mu.

15 Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.

16 “Me, Yesu, ne masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ ho saa nwoma yi nyinaa ho amanneɛ ya asafo mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, mene anɔpa nsoromma a ɔhyerɛn he.”

17 Honhom he ne ayeforɔ he dɛ, “Bra!” Na biaa a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, “Bra!” Na deɛ sukɔm de no he mmra; na nea ɔpɛ he nso mmɛgye nkwa nsuo he kwa.


Awieeɛ

18 Me, Yohane, mebɔ biaa a ɔte saa adiyisɛm a ɔya nwoma yi mu kɔkɔ sɛ: Sɛ bi de bi ka ho a, Nyankopɔn de asotwe bɛka haw a bɛatwerɛ no saa nwoma yi mu he ho de ama no.

19 Na sɛ bi nso yi bi firi adiyisɛm a ɔya saa nwoma yi mu he mu a, Nyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya afiri nkwa dua he aba he ne kuro Kronkron a bɛakyerɛkyerɛ mu nwoma yi mu he.

20 Nea odi nwoma yi ho adanseɛ he ka sɛ, “Nɔkorɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba!” Ɔmmra mu saa. Awurade Yesu, bra!

21 Yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho nyinaa. Amen.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan