Adiyisɛm 21 - Apam FoforɔSoro foforɔ ne asaase foforɔ 1 Afei mehuu soro foforɔ ne asaase foforɔ, na kane soro ne kane asaase he nni hɔ bio, na po nso nni hɔ bio. 2 Na mehuu Kuro Kronkron a ɔyɛ Yerusalem foforɔ sɛ osiane afiri soro afiri Nyankopɔn nkyɛne ɔɔba fam, a bɛasiesie ne ho sɛ ayeforɔ a bɛahyehyɛ no ama ne kunu. 3 Na metee nne dendene bi firi ahennwa he so sɛ: “Hwɛ! Nyankopɔn ntomadane ya nnipa mu. Ɔne bɛ bɛtena na bɛayɛ ne mane. Na Nyankopɔn he ankasa ne bɛ bɛtena 4 Na ɔbɛpepa bɛ aniwa mu nisuo nyinaa. Na wuo nni hɔ bio; na awerɛhoɔ ne su ne yeyaa biaa nni hɔ bio, efiri sɛ, kane nnoɔma he atwam.” 5 Afei nea ɔte ahennwa he so he kaa sɛ, “Hwɛ! Meeyɔ nnoɔma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, efiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ, na wobetumi de wo ho ato so.” 6 Na ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Bɛawie! Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ, kyerɛ sɛ, mfitiaseɛ ne awieeɛ he. Biaa a sukɔm de no he, mɛma no nsuo a ofiri nkwa asuti mu anom kwa. 7 Biaa a obedi nkunim he benya yei afiri me nkyɛne. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. 8 Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.” Yerusalem foforɔ he 9 Abɔfoɔ nson a bekitakita nkuruwaa nson a haw nson a otwa toɔ he ahyɛ no ma he mu baako baa me nkyɛne bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Dwammaa he yerɛ he.” 10 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ofiri soro, Nyankopɔn hɔ ɔɔba fam, 11 a ɔɔhyerɛn Nyankopɔn animuonyam mu. Na kuro he hyerɛn sɛ aboɔdenboɔ, sɛ ahwehwɛboɔ a mu te sɛ ahwehwɛ. 12 Na ne fasuo he wɔ ahoɔdene na ɔware yie, na ɔwɔ pono dummienu gu ano a, abɔfoɔ dummienu na bɛhwɛ apono he so. Apono he so ne bɛatwerɛ Israel mmusuakuo dummienu he mu nnipa dini. 13 Na apono mmeɛnsa ya apieɛ; mmeɛnsa ya anafoɔ; mmeɛnsa ya atifi na mmeɛnsa nso ya atɔeɛ. 14 Besii kuro he afasuo sii aboɔ dummienu a bɛatwerɛ Dwammaa he asomafoɔ dummienu he dini ya so he so. 15 Bɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me he wɔ sikakɔkɔɔ poma susudua a bɛde besusu kuro he, n’apono ne ne fasuo. 16 Na kuro he yɛ ahinanan, ne tentene ne ne tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Bɔfoɔ he de ne susudua he susu kuro he. Na ne tentene yɛ nkwansini apem ahanum na ne tɛtrɛtɛ, ne tentene ne sorokɔ nyinaa yɛ pɛ. 17 Bɔfoɔ he susuu afasuo he nso a na ne sorokɔ yɛ basafa ha aduannan nnan sɛnea na saa berɛ he nsusuiɛ a bɔfoɔ he nam so kaeɛ he teɛ. 18 Ahwehwɛboɔ ne ɔde too afasuo he. Na kuro he deɛ, sikakɔkɔɔ mapa a ɔyɛ hyerɛnn te sɛ ahwehwɛ na bɛde toeɛ. 19 Bɛde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɔfɛ ne hyehyɛɛ kuro he fapem. Fapem a odi kane he yɛ ahwehwɛboɔ. Fapem a ɔto so mmienu he yɛ hoaboɔ. Fapem a ɔto so mmeɛnsa he yɛ mununkumboɔ. 20 Fapem a ɔto so nnan he yɛ ahabamonoboɔ. Fapem a ɔto so num he yɛ tɔnboɔ. Fapem a ɔto so nsia he yɛ bogyanamboɔ. Fapem a ɔto so nson he yɛ sikabereboɔ. Fapem a ɔto so nwɔtwe he yɛ apopobibireboɔ. Fapem a ɔto so nkron he yɛ akrateboɔ. Fapem a ɔto so du he yɛ dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɔto so dubaako he yɛ wusieboɔ. Fapem a ɔto so dummienu he yɛ beredumboɔ. 21 Na bɛde nhwene pa dummienu ne yɔɔ apono dummienu he. Apono he mu biaa, bɛde ahwene pa baako ne yɔeɛ. Na kuro he abɔntene kɛseɛ yɛ sika mapa, kronkron a ɔte sɛ ahwehwɛ. 22 Na manhu asɔredane ya kuro he mu baabiaa, efiri sɛ, na Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, ne Adwammaa he ne yɛ n’asɔredane. 23 Na kuro he nhia awia anaa bosome hann, efiri sɛ, na Nyankopɔn animuonyam hyerɛn mu, na kuro he kanea ne Dwammaa he. 24 Ne hann he bɛhyerɛn asaase so amane nyinaa so, na asaase so amane sodifoɔ de bɛ animuonyam bɛba mu. 25 Bɛntoto kuro he apono mu koraa awia, efiri sɛ adeɛ nsa hɔ da. 26 Bɛde amane he animuonyam ne anidie bɛba kuro he mu. 27 Nso bibiaa a ho nte nkɔ kuro he mu. Saa ara ne bi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa odi atorɔ nkɔ mu. Bɛ a bɛatwerɛ bɛ dini ahyɛ Dwammaa he nkwa nwoma he mu he nkoaa na bɛbɛkɔ kuro he mu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana