Adiyisɛm 20 - Apam FoforɔMfie apem he 1 Afei mehuu bɔfoɔ bi sɛ ofiri soro ɔɔba fam a na okita amena donkodonko he ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi. 2 Ɔkyee wɔ kɛseɛ dadaa a ɔno ne Bronsam ne Satan he kyekyeree no maa odii mfie apem. 3 Bɔfoɔ he too no twenee amena donkodonko he mu too mu safoa bram akyire na wantumi annaadaa amane bio kosi sɛ mfie apem he betwam. Nso mfie apem he akyi he bebegyaa no kakra. 4 Afei mehuu nhennwa bi ne bɛ a bɛtete so a na bɛama bɛ tumi sɛ bemmu atɛne. Na mesane huu bɛ a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti betwitwaa bɛ ti he kra, ne bɛ a bɛankoto aboa he anaa ne honyini na bɛannye agyinaeɛ he ammɔ bɛ moma ne bɛ nsa so he. Na benyaa nkwa bio, na bɛne Kristo dii hene mfie apem. 5 (Na awufoɔ nkaeɛ he deɛ, bɛannya nkwa bio kosii sɛ mfie apem he twaa mu.) Yei ne wusɔreɛ a odi kane he. 6 Nhyira ne bɛ a bɛate bɛ ho ama Awurade a benya kyɛfa sɔreeɛ a odi kane he mu. Saa nkurofoɔ he deɛ, wuprenu he nni bɛ so tumi, na mmom bɛbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na bɛne no bedi ahene mfie apem. 7 Mfie apem he akyi he, bebesane Satan afiri afiase hɔ; 8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa amane a bɛya wiase nyinaa, Gog ne Magog, akɔboaboa nnipa a bɛ dodoɔ te sɛ mpoano anwea de bɛ akɔ sa. 9 Betuu sa faa asaase so nyina kotwaa kuro a Nyankopɔn dɔ no he, na n’ahoteefoɔ tete mu he ho hyiaeɛ. Nso gya firi soro bɛhyee bɛ. 10 Na bɛtoo Bronsam a ɔdaadaa bɛ he too gya ne sɔfe tadeɛ a bɛde aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he ato mu he mu. Na bɛbɛyɛ bɛ ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa. Bebuu awufoɔ atɛne 11 Afei mehuu ahennwa kɛseɛ fitaa bi ne nea ɔte ahennwa he so a asaase ne soro dwane firii n’anim, na bɛanya baabiaa amma bɛ. 12 Na mehuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ begyinagyina ahennwa he anim. Bebiebiee nwoma bebree mu, na bebiee nwoma foforɔ bi a ɔyɛ nkwa nwoma he mu. Bebuu awufoɔ he atɛne, sɛnea bɛ nnwuma teɛ, ne sɛnea bɛatwerɛ ya nwoma ahoroɔ he mu he. 13 Afei po nso yii n’awufoɔ maeɛ. Wuo ne Asamando nso yii bɛ awufoɔ maeɛ. Na bebuu bɛ nyinaa atɛne sɛnea bɛ nnwuma teɛ. 14 Na bɛtoo Wuo ne Asamando guu gya tadeɛ he mu. Saa gya tadeɛ yi ne wuprenu he. 15 Na biaa a bɛantwerɛ ne dini nkwa nwoma he mu he, bɛtoo no twenee gya tadeɛ he mu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana