Adiyisɛm 2 - Apam FoforɔKrataa a ɔtwerɛ kɔmaa Efeso asafo 1 “Twerɛ krataa kɔma Efeso asafo mu bɔfoɔ he, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ofiri nea a okita nsoromma nson ne nsa nifa mu a, ɔnante sika nkaneadua nson he ntam he nkyɛne. 2 “Menim wo nnwuma. Menim nsiyɛ a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔnyɛfoɔ, na afei woasɔ bɛ a bɛfrɛ bɛ ho asomafoɔ nso bɛnyɛ bi he ahwɛ, na woahu sɛ bɛyɛ atorɔfoɔ. 3 Wowɔ boasetɔ na me dini nti, woahu amane bebree, na ne nyinaa mu he, wompaa aba. 4 Nso mewɔ nsɛm bi tia wo: Wonnɔ me sɛnea kane he na wodɔ me he. 5 Kae baabi a wofiri hwee ase. Sakra w’adwene firi bɔne ho na yɔ sɛnea kane he na woyɔ he. Sɛ woansakra amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛne abeyi wo kaneadua he afiri ne sibrɛ. 6 “Nso adepa a mahu ne wo ho ne sɛ, wokyiri Nikolaifoɔ nwuma he, na saa ne me nso mekyiri. 7 Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. Bɛ a bɛadi nkunim he, mɛma bɛ akwanya na bɛadi nkwa dua a ɔya Nyankopɔn turo he mu aba he.’ Krataa a ɔtwerɛ kɔmaa Smirna asafo he 8 “Twerɛ krataa yi kɔma Smirna asafo mu bɔfoɔ he sɛ: ‘Saa asɛm yi firi kannifoɔ ne kyidifoɔ he nkyɛne. Ɔno ne wuiɛ, na ɔte ase bio he. 9 “Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ. 10 Nsuro haw a ɔɔbɛto wo he. Tie, bɛde ho mu bi bɛto afiase na Bronsam nam so asɔ ho ahwɛ. Na ho haw he bedi dadu. Di nɔkorɛ ma me kosi wuo mu mpo, na mɛma wo nkwa abotire. 11 “Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo he. Deɛ odi nkunim he, wuprenu he ɔnka no da.’ Krataa a ɔtwerɛ kɔmaa Pergamo asafo he 12 “Twerɛ krataa yi kɔma bɔfoɔ a ɔya Pergamo asafo mu sɛ: Saa krataa yi firi nea ɔwɔ nkrantɛ anofanu a ɔnam he nkyɛne. 13 “Menim sɛ faako a wote he, hɔ ne Satan ahennwa si, nso wokuraa me dini mu, na woampa me gyidie, nna a bekuu me danseni nɔkwafoɔ Antipa a na ɔne ho ya hɔ, deɛ a Satan te he. 14 Nso nsɛm kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi ya wo mu a bedi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi. Saa Bileam he ne kyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ bɛ adwamammɔ, nam so ma bɛyɔɔ bɔne he. 15 Saa ara nso ne wowɔ nnipa bi ka wo ho a bedi Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ akyi. 16 “Sakra w’adwene firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɔɔnkyɛre biaa mɛba wo nkyɛne de nkrantɛ a ofiri m’anum he abɛko atia saa nnipa he. 17 “Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. “Na nea odi nkunim he, mɛma no mana a ahinta he bi. Afei mɛma no boɔ fitaa a bɛatwerɛ dini foforɔ so a biaa nnim, gye nipa a bɛde bɛma no he nko.” Krataa a ɔtwerɛ kɔmaa Tiatira asafo he 18 “Twerɛ krataa kɔma bɔfoɔ a ɔya Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ofiri Nyankopɔn Ba a n’ani dɛre sɛ gyaframa a ne nane ase hyerɛn sɛ yaawa he nkyɛne. 19 “Menim wo nnwuma. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne wo boasetɔ. Menim sɛ wooyɔ adwuma sene kane he. 20 Nso nea mewɔ nsɛm bi tia wo: Wososɔɔ baa bi a ne dini de Isebel, a ɔfrɛ ne ho diyifoɔ he so. Saa baa yi kyerɛkyerɛ, na odi m’asomfoɔ anim ma bɛbɔ adwamane di abosom-nnuane. 21 Memaa no berɛ sɛ ɔnsakra mfiri ne bɔne mu nso wansakra amfiri n’adwamammɔ mu. 22 Yei nti, mede no bɛto ahohiahia mpa so na ɔne bɛ a bɛsɛe awareɛ he ahu amane a ano ɔdene yie, gye sɛ ebia bɛsesa firi ne nnwuma he ho. 23 Afei, meku n’akyidifoɔ he, na asafo he nyinaa behu sɛ mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu. Metua ho mu biaa ka sɛnea ne nwuma teɛ. 24 Nso ho a hoya Tiatira a honni saa nkyerɛkyerɛ bɔne he akyi he, na honnsua nea afoforɔ frɛ no Satan asumansɛm he deɛ, meeka makyerɛ ho sɛ, memmfa adesoa biaa nto ho so. 25 Na honsɔ nea howɔ he mu dene nkosi sɛ mɛba. 26 “Deɛ odi nkunim na ɔkɔ so yɔ nea mepɛ kosi awieeɛ he, mɛma no amane so tumi, 27 na ɔde dadeɛ poma paa ne bɛyɛne bɛ, na wabobɔ bɛ sɛ nwomfoɔ nkukuo, te sɛ tumi korɔ heaa a menya firi m’Agya hɔ he. 28 Afei mede adekyeeɛ nsoromma bɛma no. 29 Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana