Adiyisɛm 18 - Apam FoforɔBabel ahweaseɛ 1 Yei akyi he, mehuu bɔfoɔ foforɔ sɛ ofiri soro ɔɔba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na n’animuonyam hyerɛn asaase so nyinaa. 2 Ɔteaam dendenndene sɛ, “Wahwe ase! Babel kɛseɛ ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa nso atenaeɛ. Nnomaa fi a bekyiri bɛ nyinaa te ne mu. 3 Efiri sɛ, amanamane nyinaa anom n’adwamammɔ nsa dendene he bi, na asaase so ahemfo ne no abɔ adwamane, na asaase so adwadifoɔ anya bɛ ho ɔnam n’akɔnnɔbɔne ntrasoɔ nti.” 4 Afei metee nne foforɔ firii soro sɛ, “Me mane, homfiri ne mu, na hoanyɔ ne nneyɔeɛ bɔne he bi, na hoannya ne haw he bi; 5 efiri sɛ, ne nneyɔeɛ bɔne atoatoa abeduru soro, na Nyankopɔn kae n’akwammɔne he. 6 Sɛnea ɔyɔɔ ho he, honyɔ no saa pɛpɛɛpɛ; nea ɔyɔɔ ho biaa he, hontua no so ka mprenu. Nsa a ɔde maa ho he, honhyɛ no bi a ano ɔdene mmɔho mmienu. 7 Homma onhu amane na ne werɛ nho ɔnam animuonyam ne n’ahonya a ɔpɛ maa ne ho he nti, efiri sɛ, daa ɔka sɛ, ‘Mete ha sɛ hemaa. Menyɛ kunafoɔ, me werɛ ɔnho da!’ 8 Esiane yei nti, n’amanehunu bɛba ne so da bi, yadeɛ, awerɛhoɔ ne kɔm, na bɛde gya ahye no; efiri sɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛne he yɛ hoɔdenfoɔ.” 9 Sɛ asaase so ahemfo a bɛne no bɔɔ adwamane, dii dɛ he hu ne hyeɛ wusie a, bebesu, atwa agyaadwoɔ. 10 N’amanehunu he hu a ɔyɛ nti, bebegyina akyirikyiri asu sɛ, “Due! Due! O! kuro kɛseɛ, O Babel, kuro a ɔwɔ tumi. Hwɛ! dɔnhwere baako pɛ mu, na w’atemmuo aba.” 11 Adwadifoɔ a bɛya asaase so nso su no efiri sɛ, biaa ntɔ bɛ nnoɔma bio. 12 Biaa ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔdeneboɔ ne nhwene pa, ne nwera pa ne ntoma afasebiri ne serekye ne ntoma kɔkɔɔ, ne nnua a ohwam nyinaa ne asommɛne adwinnie nyinaa, ne adwinnie a bɛde nnua a ɔwɔ dini ayɔ, ne yaawa ne dadeɛ ne abohemmaa, 13 ne pɛprɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsa ne ngo, ne siam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa bi te sɛ nnwane ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nnipadua ne nnipa akra bio. 14 Na aduaba a wo kra kɔno dɔ he afiri wo nkyɛne, na nnepa ne animuonyanneɛ nyinaa afiri wo ho ayera, na wonhu bio koraa.” 15 Nnoɔma yi ho adwadifoɔ a kuro he nti bɛanya adeɛ he, begyinagyina akyirikyiri n’ayayadeɛ he suro nti, na bɛasu 16 na bɛagyam sɛ, “Due! Due! O! kuro kɛseɛ a ofira nwera pa ne ntoma afasebiri ne ntoma kɔkɔɔ na ɔde sika ne aboɔdenboɔ ne nhwene pa abobɔ mu, 17 efiri sɛ, dɔnhwere pɛ mu, na saa ahonya dodoɔ yi asa.” Nsuomhyɛnkafoɔ, ne hyɛne he mu nnipa, ne hyɛne he mu adwadifoɔ, ne bɛ a bɛka ho a benya bɛ ano aduane firi hyɛne adwumayɔ mu he nyinaa gyinaa akyirikyiri 18 na behuu ne hyeɛ wusie he, bɛteaam sɛ: Abɛ kuro ne te sɛ kuro kɛseɛ yi?” 19 Na bɛde mfuturo guu bɛ atifi, na bɛde sũ ne gyam teaa mu sɛ: Due! Due! Kuro kɛseɛ yi a n’aboɔdenneɛ nti bɛ a bɛya hyɛne mu ya po so nyinaa anyinya bɛ ho ya mu, hwɛ! Dɔnhwere baako pɛ mu na bɛayɛ no pasaa. 20 Soro ne ho ahoteefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, ɔno nti homma ho ani nnye ya ne ho, efiri sɛ Nyankopɔn abu no atɛne ama ho. 21 Afei bɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa boɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ ayuyammoɔ to twenee po mu kaa sɛ, “Saa ahoɔdene yiaa ne bɛde bɛto Babilon kɛse he atwene fam a bennhu no bio. 22 Bɛnnte sankubɔfoɔ ne nwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio mfiri ho mu. Bennhu dwumfoɔ biaa ya wo mu bio. Na bɛnte ayuyammoɔ biaa nka ho mu bio. 23 Kanea hann onhyerɛn ya ho mu bio. Na bɛnnte ayefokunu ne ayeforɔ nne ya ho mu bio. W’adwadifoɔ yɛ wiase mu nnipa titire. Na bɛde wo ntafowayie adaadaa amane nyinaa. 24 Na ɔno mu ne behuu adiyifoɔ ne ahoteefoɔ ne bɛ a bɛaku bɛ asaase so he nyinaa mogyaa.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana